Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkyerɛkyerɛ Samariani Bea Bi

Ɔkyerɛkyerɛ Samariani Bea Bi

Ti 19

Ɔkyerɛkyerɛ Samariani Bea Bi

YESU ne n’asuafo no fi Yudea rekɔ Galilea no, wɔkɔfa Samaria mantam mu. Esiane sɛ akwantu no ama wɔabrɛ nti, bɛyɛ sɛ awiabere mu no wɔsoɛ wɔ abura bi a ɛbɛn Sikar kurow ho na wɔhome. Yakob na otuu abura yi mfehaha pii a atwam no mu, na ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ mpo wɔ beae bi a ɛbɛn nnɛyi Nablus kurow.

Bere a Yesu home wɔ ha no, n’asuafo no kɔ kurow no mu kɔtɔ aduan. Bere a Samariani bea bi bɛsaw nsu no, ɔsrɛ no sɛ: “Ma me bi mennom!”

Yudafo ne Samariafo nka esiane adwene a ɛnteɛ bi a emu yɛ den nti. Enti ɔbea no de ahodwiriw bisa sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wo a woyɛ Yudani bisa me a meyɛ Samariani bea hɔ nsu anom?”

Yesu bua sɛ: “Sɛ wunim Onyankopɔn akyɛde ne nea ose wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wubebisa no, na wama wo nkwa nsu.”

Obua sɛ: “Owura, wunni ade a wɔde tow, na abura no mu nso dɔ, enti ɛhe na wunya nkwa nsu no fi? So woyɛ kɛse sen yɛn agya Yakob a ɔmaa yɛn abura yi a ɔno ankasa ne ne mma ne ne mmoa nom bi no?”

Yesu ka sɛ: “Obiara a ɔnom nsu yi bi no, osukɔm bɛde no bio. Na nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu.”

Ɔbea no bua sɛ: “Owura, ma me saa nsu yi bi ɛ, na osukɔm anne me, na mamma ha mammɛtow nsu.”

Afei Yesu ka sɛ: “Kɔfrɛ wo kunu bra ha!”

Obua sɛ: “Minni kunu.”

Yesu si n’asɛm no so dua. “Woaka no yiye sɛ wuse: Minni kunu; na woaware kununom baanum, na nea woware no nnɛ yi de, ɔnyɛ wo kunu.”

Ɔbea no de ahodwiriw ka sɛ: “Owura, mahu sɛ woyɛ odiyifo.” Ɔreda no adi sɛ n’ani gye honhom mu nneɛma ho no, ɔka sɛ Samariafo “sɔree bepɔw [Gerisim a ɛbɛn hɔ] yi so; na mo [Yudafo] de, moka sɛ Yerusalem ne faako a ɛsɛ sɛ wɔsɔre.”

Nanso Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnyɛ beae a wɔsom no na ɛho hia. Ɔka sɛ: “Bere no reba, na adu, sɛ nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ. Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.”

Ɛka ɔbea no koma yiye. Ɔka sɛ: “Minim sɛ Mesia a wɔfrɛ no Kristo no reba; na sɛ ɔba a, ɔno na ɔbɛkyerɛ yɛn ne nyinaa.”

Yesu ka sɛ: “Me a me ne wo rekasa yi, mene no.” Susuw ho hwɛ! Ɛyɛ nwonwa sɛ ɔbea yi a ɔbaa awia rebɛsaw nsu, ebia sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhyia kurom hɔ mmea a esiane n’abrabɔ nti wobu no animtiaa no anya Yesu anim dom. Ɔka nea ɔnka nkyerɛɛ obi foforo biara da no kyerɛ no pefee. Dɛn na efi mu ba?

Samariafo Pii Gye Di

Bere a asuafo no de aduan no fi Sikar bae no, ná Yesu wɔ Yakob abura a wogyaw no wɔ ho no ho na ɔne Samariani bea bi rekasa. Bere a asuafo no du hɔ no, ofi hɔ, ogyaw n’asuhina na ɔkɔ kurow no mu.

Esiane anigye pii a wanya wɔ nea Yesu aka akyerɛ no no ho nti, ɔka kyerɛ kurom hɔfo sɛ: “Mommra mmɛhwɛ onipa bi a waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me.” Na obisa sɛ: “Ɛnyɛ oyi ne Kristo no anaa?” de kanyan wɔn adwene. Asemmisa no di n’atirimpɔw no ho dwuma—mmarima no ankasa kɔhwɛ.

Saa bere yi mu no, asuafo no frɛ Yesu sɛ ommedi aduan a wɔde fi kurow no mu aba no. Nanso obua sɛ: “Mewɔ aduan midi a munnim.”

Asuafo no bisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ: “Obi abrɛ no biribi adi anaa?” Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma. Ɛyɛ a, monka sɛ aka asram anan na twa bere adu?” Nanso, Yesu twe adwene si honhom mu otwa no so na ɔka sɛ: “Momma mo ani so na monhwɛ mfuw mu sɛ anya ahoa ama otwa. Na nea otwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu, na nea ogui ne nea otwae ani gye prɛko.”

Ebia ná Yesu tumi hu ade kɛse a ebefi ɔne Samariani bea no nkɔmmɔbɔ no mu aba no dedaw—sɛ esiane n’adanse no nti, nnipa pii agye no adi. Odi kurom hɔfo adanse sɛ: “Waka nea mayɛ nyinaa akyerɛ me.” Enti bere a Sikarfo no ba ne nkyɛn wɔ abura no ho no, wɔka kyerɛ no sɛ ɔntra wɔn nkyɛn na ɔnka pii nkyerɛ wɔn. Yesu pene ɔfrɛ no so na ɔtra hɔ nnanu.

Bere a Samariafo no tie Yesu no, afoforo pii gye di. Afei wɔka kyerɛ ɔbea no sɛ: “Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yegye di, na yɛn ankasa ate na yɛahu sɛ oyi ne wiase agyenkwa no ampa.” Nokwarem no Samariani bea no yɛ sɛnea yebetumi adi Kristo ho adanse denam atiefo adwene a yɛbɛkanyan na wɔatie pii so no ho nhwɛso fɛfɛ ma yɛn!

Kae sɛ aka asram anan ansa na twa bere adu—ɛda adi sɛ ɛyɛ atoko twa bere a wɔ Palestina no, ɛba wɔ asusow bere mu no. Enti ebia saa bere yi yɛ November anaa December mu. Eyi kyerɛ sɛ wɔ afe 30 Y.B. mu Twam no akyi no, Yesu ne n’asuafo no di asram awotwe anaa nea ɛte saa wɔ Yudea de yɛ ɔkyerɛkyerɛ ne asubɔ. Afei wofi ha kɔ wɔn kurom wɔ Galilea. Dɛn na wobehyia wɔ hɔ? Yohane 4:3–43.

▪ Dɛn nti na Samariani bea no ho dwiriw no sɛ Yesu ne no akasa?

▪ Dɛn na Yesu kyerɛ no fa nkwa nsu ne beae a ɛsɛ sɛ wɔsom ho?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu da no adi kyerɛ no sɛ ɔne Mesia no, na dɛn nti na eyi yɛ nwonwa?

▪ Adanse bɛn na Samariani bea no di na dɛn na efi mu ba?

▪ Yesu aduan fa twa bere no ho dɛn?

▪ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahu Yesu som adwuma wɔ afe 30 Y.B. mu Twam no akyi wɔ Yudea no bere no tenten?