Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔma Yesaia Nkɔmhyɛ No Nya Mmamu

Ɔma Yesaia Nkɔmhyɛ No Nya Mmamu

Ti 33

Ɔma Yesaia Nkɔmhyɛ No Nya Mmamu

BERE a Yesu te sɛ Farisifo ne Herode amammui mu akyidifo abɔ pɔw sɛ wobekum no no, ɔne n’asuafo no kɔ Galilea Po no ho. Ɛha no nnipadɔm a wofi Yudea nyinaa, ne wɔn a wofi n’ahye akyi mpo ba ne nkyɛn. Ɔsa pii yare na ɛma wɔn a wɔn yare mu yɛ den pia wɔn ho beso no mu.

Esiane sɛ nnipa no dɔɔso yiye nti, Yesu ka kyerɛ n’asuafo no sɛ wɔnhwehwɛ ahyɛmma mma no. Sɛ ɔtra mu wɔ nsu no so a nkurɔfokuw no ntumi mfuw ne ho. Obetumi afi ahyɛmma no mu akyerɛkyerɛ wɔn anaa obetumi akɔ beae foforo wɔ po no ano akɔboa ɛhɔfo.

Osuani Mateo ka sɛ Yesu dwumadi no ma “nea odiyifo Yesaia kae no” ba mu. Afei Mateo ka nkɔmhyɛ a Yesu ma enya mmamu no:

“Hwɛ, m’abofra a mayi no, nea me dɔ no a me kra ani sɔ no; mede me honhom megu no so, na waka atemmu akyerɛ amanaman. Ɔrenko, na ɔrenteɛteɛm, na obi rente ne nne abɔnten so; demmire a abukaw no, ɔremmu mu, na kanea ntamaa a ayɛ wusiwusi nso, ɔrennum, de akosi sɛ ɔbɛma atemmu adu nkonim mu. Na ne din so na amanaman de wɔn ani bɛto.”

Nokwarem no, na Yesu ne Onyankopɔn abofra a ɔdɔ no no. Yesu ma nea ɛyɛ nokware atɛntrenee a atoro nyamesom atetesɛm kata so no da adi. Esiane sɛ Farisifo de Onyankopɔn mmara no di dwuma ɔkwammɔne so nti, wɔmmoa ɔyarefo mpo homeda! Yesu nam Onyankopɔn atɛntrenee a ɔma ɛda adi no so yi nkurɔfo fi atirimɔden atetesɛm adesoa ase, na eyi nti na nyamesom akannifo no bɔ mmɔden sɛ wobekum no no.

‘Ɔrenko, na ɔrenteɛteɛm na wɔate ne nne abɔnten so’ no kyerɛ dɛn? Sɛ Yesu sa nkurɔfo yare a, ‘ɔbara wɔn ketee sɛ wonnyi no adi.’ Ɔmpɛ sɛ wɔbɔ ne ho dawuru wɔ mmɔnten so na ne ho nsɛm a ɛnyɛ nokware atrɛw.

Afei nso, Yesu ka n’awerɛkyekyesɛm no kyerɛ nnipa a sɛnkyerɛnne kwan so no wɔte sɛ demmire a emu abu a abukaw na wotiatia so. Wɔte sɛ ntamaa a ayɛ wusiwusi a aka kakra na wɔn asetra aba awiei. Yesu nsɛe demmire a abukaw no na onnum kanea wusiwusi a efi wusiw no. Mmom ɛdenam ayamye ne ɔdɔ so no, ɔde nhumu boa ahobrɛasefo. Nokwarem no, Yesu ne nea amanaman no betumi de wɔn ani ato ne so! Mateo 12:15-21; Marko 3:7-12; Yesaia 42:1-4.

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu ma atɛntrenee da adi, ɔnko anaasɛ ɔnteɛteɛm na wɔnte ne nne wɔ abɔnten so?

▪ Henanom na wɔte sɛ demmire a abukaw ne ntamaa wusiwusi no, na Yesu yɛ wɔn dɛn?