Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔman a Ayera, Nanso Ɛnyɛ Ne Nyinaa

Ɔman a Ayera, Nanso Ɛnyɛ Ne Nyinaa

Ti 79

Ɔman a Ayera, Nanso Ɛnyɛ Ne Nyinaa

YESU ne wɔn a ná wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ Farisini no afikyiri nkɔmmɔbɔ akyi bere tiaa no, ebinom ka “Galileafo a Plato [Roma amrado Ponto] de wɔn mogya frafraa wɔn afɔre mu” no kyerɛ no. Ebia Galileafo yi ne wɔn a wokunkum wɔn bere a Yudafo mpempem pii sɔre tiaa Plato sɛ ɔde sika a efi asɔrefi tow mu yɛɛ nsukã a ɛde nsu bɛba Yerusalem no. Ebia wɔn a wɔka asɛm yi kyerɛ Yesu no ka sɛ Galileafo no ankasa amumɔyɛ nti na wohuu amane no.

Nanso Yesu teɛ wɔn adwene, obisa sɛ: “Mususuw sɛ Galileafo yi huu saa amane yi nti na wɔyɛ nnebɔneyɛfo sen Galileafo nyinaa?” Yesu bua sɛ, “Mise mo sɛ: Ɛnte sa.” Afei ɔde nea asi no yɛ kɔkɔbɔ ma Yudafo no sɛ: “Sɛ moansakra mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.”

Yesu toa so na ɔka amanehunu foforo a esii wɔ mpɔtam hɔ ho asɛm, ebia ɛno nso fa nsukã no ara yɛ ho. Obisa sɛ: “Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ekum wɔn no, mususuw sɛ wɔyɛ mmaratofo sen nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa?” Yesu ka sɛ ɛnyɛ saa nnipa no bɔne nti na wowuwui. Mmom no, ‘bere ne asiane’ na ɛtaa ma ɔhaw a ɛte saa ba. Nanso, Yesu de hokwan no bɔ kɔkɔ bio sɛ: “Sɛ moansakra mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.”

Yesu toa so de mfatoho bi a ɛfata ma, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Obi wɔ borɔdɔma a wadua ne bobe turom; na ɔbae bɛhwehwɛɛ so aba, na wannya bi. Na ɔka kyerɛɛ turomhwɛfo no sɛ: Hwɛ mfirihyia abiɛsa ni a maba mabɛhwehwɛ borɔdɔma yi so aba, na mannya bi. Twa kyene! Adɛn nti na agye asase no akɛntɛn so? Na obua see no sɛ: Owura, ma ensi hɔ afe yi nso nkosi sɛ mefumfunu ho, na megu ase sumina. Na ebia ɛbɛsow; na sɛ ansow ansa a, woatwa akyene.”

Yesu de nea ɛboro mfe abiɛsa abɔ mmɔden sɛ Yudaman no mufo benya gyidi. Nanso asuafo ɔha bi pɛ na wobetumi aka sɛ wɔyɛ aba a efi ne brɛ no mu. Afei, wɔ ne som adwuma no mu afe a ɛto so anan yi mu no, omia ne mmɔdenbɔ no mu, wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no otutu Yudafo borɔdɔma dua no ho gugu ase sumina denam asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɔde nsiyɛ yɛ wɔ Yudea ne Perea no so. Nanso ɛnsow aba! Ɔman no pow sɛ ɛbɛsakra n’adwene nti ɛfata ɔsɛe. Ɔman no mu nkaefo ketewaa bi na wotie.

Eyi akyi bere tiaa bi no Yesu kyerɛkyerɛ wɔ hyiadan bi mu Homeda. Ɛhɔ no ohu ɔbea bi a esiane sɛ adaemone haw no nti, ne mu apono mfe 18. Yesu fi ayamhyehye mu ka kyerɛ no sɛ: “Ɔbea wɔasan wo afi wo ahoɔmmerɛw mu.” Enti ɔteɛ ne nsa ka no, amonom hɔ ara ɔteɛ ne mu na ofi ase hyɛ Onyankopɔn anuonyam.

Nanso hyiadan no mu panyin no bo fuw. Ɔka sɛ: “Nnansia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ nnipa yɛ mu adwuma; emu na mommra na wɔnsa mo yare, na ɛnyɛ homeda.” Enti ɔpanyin no gye Yesu tumi a ɔde sa yare no tom nanso ɔkasa tia nnipa no sɛ wɔba homeda ma wɔsa wɔn yare!

Yesu bua sɛ: “Nyaatwomfo! So mo mu biara nsan ne nantwi anaa n’afurum mfi n’adididaka ho mma ɔnkɔnom nsu homeda? Na hwɛ, ɔbea yi a ɔyɛ Abraham babea a Satan akyere no mfirihyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsan no fi ɔkyere yi mu homeda?”

Wiɛ, bere a wɔn a wɔsɔre tia Yesu te eyi no, wɔn anim gu ase. Nanso, nkurɔfokuw no di ahurusi wɔ nneɛma pa a wohu sɛ Yesu yɛ no nyinaa ho. Enti Yesu ti̇̃ Onyankopɔn Ahenni no ho nkɔmhyɛ kwan so mfatoho abien bi a ɔkae bere a na ɔte ɔkorow mu wɔ Galilea Po no so bɛyɛ afe a atwam no mu kã. Luka 13:1–21; Ɔsɛnkafo 9:11; Mateo 13:31–33.

▪ Amanehunu ahorow bɛn na wɔka ho asɛm wɔ ha no, na emu asuade bɛn na Yesu ma ɛda adi?

▪ Wobetumi de borɔdɔma dua a ɛnsow aba no, ne mmɔden a wɔbɔ na asow no atoto dɛn ho?

▪ Ɔkwan bɛn so na ɔpanyin no gye tumi a Yesu de sa yare no tom, nanso ɔkwan bɛn so na Yesu pa ɔbarima no nyaatwom no ho ntama?