Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔne Farisini Bi Adidi

Ɔne Farisini Bi Adidi

Ti 76

Ɔne Farisini Bi Adidi

BERE a Yesu bua wɔn a wɔkasa tia tumi a ɔde sa ɔbarima a ɔyɛ mum yare no fibea no, Farisini bi frɛ no adidi. Farisifo amane ne sɛ wɔhohoro wɔn nsa kodu wɔn batwɛw ansa na wɔadidi. Wɔyɛ eyi ansa na wɔadidi ne adidi akyi ne bere a wofi aduan foforo di so kɔ foforo so no. Ɛwom sɛ amane yi mmu Onyankopɔn mmara so de, nanso ɛboro nea Onyankopɔn hwehwɛ wɔ ahotew ho amane mu no so.

Bere a Yesu anyɛ amane yi no, ne fiewura no ho dwiriw no. Ɛwom mpo sɛ wanka n’ahodwiriw no ho asɛm de, nanso Yesu hu na ɔka sɛ: “Afei mo Farisifo de, mohohoro kuruwa ne taforobɔtɔ mu; na mo mu de, amim ne nnebɔne ahyɛ mu ma. Nkwasea, ɛnyɛ nea ɔyɛɛ akyiri no na ɔyɛɛ emu nso?”

Enti Yesu pa Farisifo a wɔhohoro wɔn nsa wɔ amane kwan so nanso wɔnhohoro nnebɔne mfi wɔn komam no nyaatwom no ho ntama. Ɔde afotu ma sɛ: “Na hwɛ nea ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔe; ɛno na ne nyinaa ho befi ama mo.” Ɛsɛ sɛ wɔn adekyɛ yɛ nea efi koma a ɔdɔ wom mu na ɛnyɛ nea ɛtwe afoforo adwene ba wɔn so sɛ wɔyɛ treneefo.

Yesu toa so sɛ: “Mo Farisifo munnue sɛ moma ɛme ne onunum ne fan nyinaa so ntotoso du du, na mugyaw atemmu ne Nyankopɔn dɔ. Eyi na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nea ɛka ho no.” Onyankopɔn mmara a ɔde maa Israel no hwehwɛ sɛ wotua ntotoso du du anaasɛ afuw mu nnɔbae biara mu nea ɛto so du. Ɛme ne onunum yɛ afifide nketenkete anaasɛ wura bi a wotumi de to aduan mu. Farisifo no bɔ mmɔden tua wura a ɛho nhia yi mpo so ntotoso du du, nanso Yesu kasa tia wɔn esiane sɛ wobu wɔn ani gu nea ɛho hia titiriw a ɛne ɔdɔ, ayamye ne ahobrɛase a ɛsɛ sɛ wɔda no adi no so nti.

Yesu kɔ so kasa tia wɔn sɛ: “Mo Farisifo munnue, sɛ mopɛ mpanyin trabere hyia adan mu ne gua so nkyia. Munnue sɛ mote sɛ ada a ɛnna adi, na nnipa a wɔnam so no nhu.”

Wɔn ho a ɛntew no nna adi. Farisifo som no yɛ aniso de nanso emu de enye! Egyina nyaatwom so.

Mmarakyerɛfo bi a onim Onyankopɔn mmara yiye a ɔretie ɔkasatia no bi no ka sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, woka saa a, na wobɔ yɛn nso adapaa.”

Yesu de mmarakyerɛfo yi nso ka ho na ɔka sɛ: “Mo mmarakyerɛfo nso, munnue sɛ mode nnosoa a ne soa yɛ yaw soa nnipa, na mo ankasa de, momfa mo nsateaa mu biako mpo nka nnosoa no. Munnue sɛ moto adiyifo ada so, na mo agyanom na ekum wɔn.”

Nnosoa a Yesu ka ho asɛm no ne amane ahorow a ano na wɔde ka, nanso mmarakyerɛfo yi nyi mu ahyɛde ketewaa biako mpo na ama ayɛ mmerɛw ama nnipa no. Yesu da no adi sɛ wɔpene adiyifo a wokunkum wɔn no so mpo, na ɔbɔ kɔkɔ sɛ: “[Wɔbɛhwehwɛ] adiyifo nyinaa mogya a wohwie gui fi wiase asehyɛ so wɔ nnɛ mma yi nsam, efi Habel mogya so de kosi Sakaria a ɔtɔe wɔ afɔremuka ne asɔredan ntam no mogya so. Yiw, mise mo sɛ, wɔbɛhwehwɛ wɔ nnɛ mma yi nsam.”

Adesamma a wobetumi agye wɔn wiase no nyaa ne mfiase fi bere a Adam ne Hawa woe no, enti Habel traa ase wɔ “wiase asehyɛ” bere so. Wɔ Sakaria a wokum no no akyi no, Siriafo dɔm fow Yuda. Nanso Yesu hyɛ adefow a ɛkyɛn so a ɛbɛba n’ankasa awo ntoatoaso no so esiane sɛ n’amumɔyɛ sõ nti no ho nkɔm. Adefow yi ba wɔ bɛyɛ ɛno akyi mfe 38, wɔ 70 Y.B. mu.

Yesu toa ne kasatia no so sɛ: “Mo mmarakyerɛfo, munnue sɛ moafa nimdeɛ safe; mo ankasa mo nkɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso, musiw wɔn kwan.” Ɛyɛ mmarakyerɛfo no asɛyɛde sɛ wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no mu kyerɛ nkurɔfo no, ɛsɛ sɛ wɔma wɔte ase. Wontumi nyɛ eyi na hokwan a nkurɔfo no de bɛte ase no mpo wɔafa.

Farisifo no ne mmarakyerɛfo no bo fuw Yesu esiane sɛ ɔpaa wɔn ho ntama nti. Bere a ofi fie hɔ no, wofi ase sɔretia no denneennen na wobisa no nsɛm pii. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobesum no afiri na waka biribi a wobegyina so akyere no. Luka 11:37–54; Deuteronomium 14:22; Mika 6:8; 2 Beresosɛm 24:20–25.

▪ Dɛn nti na Yesu kasa tia Farisifo ne Mmarakyerɛfo no?

▪ Nnosoa bɛn na mmarakyerɛfo no de to nnipa no so no?

▪ Dɛn ne “wiase asehyɛ” no?