Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔsa Abarimaa a Honhom Fĩ Wɔ Ne So No Yare

Ɔsa Abarimaa a Honhom Fĩ Wɔ Ne So No Yare

Ti 61

Ɔsa Abarimaa a Honhom Fĩ Wɔ Ne So No Yare

BERE a Yesu, Petro, Yakobo ne Yohane kɔ, akyinnye biara nni ho sɛ Bepɔw Hermon fã bi so no, asuafo a aka no hyia asɛnnennen. Yesu san bae no, amonom hɔ ara ohu sɛ biribi atoto. Nkurɔfokuw atwa n’asuafo no ho ahyia, na kyerɛwfo ne wɔn gye akyinnye. Bere a nkurɔfo no hu Yesu no wɔn ho dwiriw wɔn na wotu mmirika kokyia no. Obisa sɛ, “Dɛn asɛm na mo ne wɔn rebisabisa mo ho?”

Ɔbarima bi fi nkurɔfokuw no mu bɛkotow Yesu anim na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, mede me babarima a ɔwɔ honhom mum mebrɛɛ wo; na baabiara a eso no mu no, esinsen no, na n’ano po ahuru, na ɔtwɛre ne se, na ɔfɔn. Na meka mekyerɛɛ w’asuafo sɛ wontu no, na wɔantumi.”

Ɛda adi sɛ kyerɛwfo no ka sɛnea asuafo no antumi ansa abarimaa no yare no ho asɛm, ebia wɔredi wɔn mmɔdenbɔ ahorow no ho fɛw. Ahokyere bere yi ara mu no, Yesu bedu hɔ. Ɔka sɛ, “O nnɛ mma a munni gyidi! Mentra mo nkyɛn nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mo ho nkosi da bɛn?”

Ɛte sɛ nea Yesu ka asɛm yi kyerɛ obiara a ɔwɔ hɔ, nanso akyinnye biara nni ho sɛ ɔka akyerɛ kyerɛwfo a ná wɔrehaw n’asuafo no titiriw. Ɛno akyi no, Yesu ka wɔ abarimaa no ho sɛ: “Momfa no mmrɛ me!” Nanso bere a abarimaa no ba Yesu nkyɛn no, honhom fi a ɛwɔ no so no yi no hwe fam na abiribiriw a emu yɛ den ba no so. Abarimaa no pere wɔ fam na n’ano po ahuru.

Yesu bisa sɛ: “Nna ahe ni a eyi yɛɛ no?”

N’agya bua sɛ, “efi ne mmofraase; na [honhom fi no] ɛtaa ka no to ogya ne nsu mu sɛ ebekum no.” Afei agya no srɛ sɛ: “Sɛ wubetumi ayɛ biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn!”

Ebia agya no de mfe pii ahwehwɛ mmoa. Na afei a Yesu asuafo no antumi yi n’abasamtu no ayɛ kɛse. Yesu gyina ɔbarima no adesrɛ no so hyɛ ne nkuran sɛ: “Wuse: Sɛ wubetumi a! Nneɛma nyinaa betumi ayɛ ama nea ogye di.”

Amonom hɔ ara agya no ka sɛ, “Migye midi.” Nanso ɔsrɛ sɛ: “Boa me gye a minnye minni no!”

Bere a Yesu hu sɛ nkurɔfokuw no de mmirika ba wɔn so no, ɔteɛteɛ honhom fi no sɛ: “Wo honhom mum ne sotifo, mehyɛ wo sɛ, fi no mu, na nsan nkɔ no mu bio!” Bere a honhom fi no refi adi no, ɛma abarimaa no teɛm na abiribiriw ba no so. Afei abarimaa no da fam a ɔnkeka ne ho, enti nnipa no mu pii ka sɛ: “Wawu.” Nanso Yesu so abarimaa no nsam na ɔsɔre.

Ansa na eyi reba no, bere a Yesu somaa asuafo no sɛ wɔnkɔka asɛm no, wotuu ahonhom fi. Enti afei bere a wɔrehyɛn ofi bi mu no, wobisa Yesu wɔ nkyɛn sɛ: “Adɛn nti na yɛn de yɛantumi antu no?”

Yesu kyerɛ sɛ wonni gyidi na obua sɛ: “Saa ade yi de, n’ade ban, wontumi mfa biribiara so ntu no, gye mpaebɔ.” Ɛda adi sɛ ná ahosiesie ho hia na wɔatumi atu adaemone a ɔwɔ tumi yi. Ná gyidi a emu yɛ den ne mpaebɔ a wɔde srɛ Onyankopɔn mmoa a ɛma ahoɔden ho hia.

Na afei Yesu de ka ho sɛ: “Nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Twiw fi ha kɔ nohɔ, na ebetwiw, na biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.” Hwɛ sɛnea gyidi betumi ayɛ den!

Akwanside ne nsɛnnennen a esiw nkɔso kwan wɔ Yehowa som mu no betumi ayɛ sɛnea ɛkorɔn te sɛ mmepɔw ankasa. Nanso, Yesu kyerɛ sɛ sɛ yenya gyidi wɔ yɛn koma mu, gugu so nsu na yɛhyɛ no nkuran na enyin a, ɛbɛtrɛw na akokwaw na ɛbɛma yɛadi akwanside ahorow a ɛte sɛ mmepɔw ne nsɛnnennen so nkonim. Marko 9:14–29; Mateo 17:19, 20; Luka 9:37–43.

▪ Tebea bɛn na Yesu hyia bere a ofi Bepɔw Hermon so ba no?

▪ Nkuranhyɛ bɛn na Yesu de ma abarimaa a honhom fi wɔ no so no agya?

▪ Dɛn nti na asuafo no antumi antu honhom fi no?

▪ Yesu kyerɛ sɛ gyidi mu betumi ayɛ den dɛn?