Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔsan Kɔ Fie Bio wɔ Kapernaum

Ɔsan Kɔ Fie Bio wɔ Kapernaum

Ti 26

Ɔsan Kɔ Fie Bio wɔ Kapernaum

EBESI saa bere yi de, Yesu ho asɛm atrɛw akɔ akyiri, na nnipa pii tu kwan kɔ mmeae a ɔtra. Nanso, nna bi akyi no, ɔfa Galilea Po so san kɔ Kapernaum. Ne ho asɛm trɛw ntɛm ara sɛ wasan aba fie, na nnipa pii ba ofi a ɔte mu no mu. Farisifo ne mmarakyerɛfo fi Yerusalem tɔnn ba.

Nnipa no dɔɔso araa ma wɔkyere so wɔ ɔkwan no ano, na obiara nnya ɔkwan nkɔ mu. Adeyɛ titiriw bi rebesi. Nea esi saa bere yi ho hia yiye, efisɛ ɛboa yɛn ma yehu sɛ Yesu wɔ tumi a ɔde beyi ɔdesani haw fibea afi hɔ na ɔde akwahosan ama wɔn a ɔpɛ nyinaa.

Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ nkurɔfokuw no, mmarima baanan de obubuafo a ɔda kɛtɛ so ba fie hɔ. Wɔpɛ sɛ Yesu sa wɔn adamfo no yare, nanso esiane nkurɔfokuw no nti, wontumi mma mu. Hwɛ sɛnea eyi yɛ abasamtu! Nanso wɔmpa abaw. Wɔforo ɔdan no koyi so na wogyaa kɛtɛ a obubuafo no da so no si Yesu nkyɛn pɛɛ.

So Yesu bo fuw esiane nea wɔde atwa ne kasa no mu no nti? Dabida! Mmom no, wɔn gyidi no ka ne koma kɛse. Ɔka kyerɛ obubuafo no sɛ: “Wɔde wo bɔne afiri wo.” Nanso so Yesu betumi de bɔne afiri ankasa? Kyerɛwfo ne Farisifo no nnye eyi nni. Wɔka wɔ wɔn komam sɛ: “Adɛn nti na oyi kasa saa? Ɔka abususɛm. Hena na obetumi de bɔne afiri sɛ Onyankopɔn nko?”

Yesu nim wɔn adwene nti, ɔka sɛ: “Adɛn nti na modwennwen eyinom mo koma mu? Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wobese obubuafo no sɛ: Wɔde wo bɔne afiri wo, anaasɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew”?

Afei, Yesu ma nkurɔfokuw a n’akasatiafo no ka ho no hu ɔyɛkyerɛ titiriw a ɛbɛma wɔahu sɛ ɔwɔ tumi sɛ ɔde bɔne firi wɔ asase so, ne sɛ ɔne onipa kɛse a ɔsen biara a watra ase pɛn wɔ asase so. Ɔdan n’ani kyerɛ obubuafo no na ɔka sɛ: “Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi!” Na amonom hɔ ara ɔyɛ saa, ɔfa ne kɛtɛ na ɔnantew wɔ wɔn nyinaa anim! Nnipa no fi ahodwiriw mu hyɛ Onyankopɔn anuonyam na wɔteɛm sɛ: “Yenhuu saa bi da”!

So wohyɛɛ no nsow sɛ Yesu de bɔne bataa yare ho ne sɛ bɔne fafiri fa ɔhonam mu akwahosan a wobenya ho? Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ yɛn ɔwofo a odi kan, Adam, yɛɛ bɔne na yɛn nyinaa anya nea efi saa bɔne no mu aba a ɛne ɔyare ne owu no afi awo mu. Nanso wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no, Yesu de wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn na wɔsom No nyinaa bɔne befiri wɔn, na afei wɔayi nyarewa nyinaa afi hɔ. Hwɛ ade pa ara a ɛno bɛyɛ! Marko 2:1–12; Luka 5:17–26; Mateo 9:1–8; Romafo 5:12, 17–19.

▪ Tebea bɛn mu na adeyɛ bi a ɛyɛ nwonwa sii?

▪ Ɔkwan bɛn so na obubuafo no duu Yesu nkyɛn?

▪ Dɛn nti na yɛn nyinaa yɛ abɔnefo, nanso ɔkwan bɛn so na Yesu de anidaso ma sɛ wobetumi de yɛn bɔne afiri yɛn na yɛanya akwahosan a edi mũ?