Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔsraani Panyin Bi Gyidi Kɛse

Ɔsraani Panyin Bi Gyidi Kɛse

Ti 36

Ɔsraani Panyin Bi Gyidi Kɛse

BERE a Yesu wie ne Bepɔw so Asɛnka no, na ɔreyɛ adu ne baguam ɔsom adwuma no mfinimfini. Eyi kyerɛ sɛ aka no bɛyɛ afe ne asram akron pɛ na wawie n’adwuma wɔ asase so.

Afei Yesu hyɛn Kapernaum a ɛhɔ ayɛ sɛ ne fi wɔ ne dwumadi ahorow no mu no. Ɛha no Yudafo mpanyimfo srɛ no biribi. Roma sraani panyin bi a ɔyɛ amanaman muni, obi a ɔnyɛ Yudani na wasoma wɔn.

Ɔyare a emu yɛ den bi rekum ɔsraani panyin no akoa a ɔdɔ no, na ɔpɛ sɛ Yesu sa no yare. Yudafo no srɛ dennen ma ɔpanyin no na wɔka sɛ: “Ɔsɛ sɛ wobɛyɛ saa ade yi ama no; efisɛ ɔdɔ yɛn man, na wasi hyiadan ama yɛn.”

Yesu antwentwɛn ne nan ase, na ɔne mmarima no kɔ. Nanso bere a aka kakra ma wadu no, ɔsraani panyin no soma nnamfo ma wɔbɛka sɛ: “Owura, nhaw wo ho, na mensɛ sɛ wobɛhyɛn me suhyɛ ase; enti nso na mammu me ho sɛ mesɛ sɛ meba wo nkyɛn.”

Ahobrɛase kasa bɛn ara na eyi yɛ ma ɔpanyin a ɔde ahyɛde ma afoforo sɛɛ yi! Nanso ebia na odwen Yesu ho, efisɛ onim sɛ mmara mma Yudani kwan sɛ ɔne obi a ɔnyɛ Yudani bɔ. Petro kae mpo sɛ: “Mo ara munim sɛnea Yudani nni hokwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn.”

Ebia esiane sɛ ɔpanyin no mpɛ sɛ Yesu hu amane a ebia ebefi amammerɛ yi a ɔbɛsɛe no no mu aba no nti, ɔsoma ne nnamfo sɛ wɔnka sɛ: “Ka asɛm nko na m’abofra no ho nyɛ no den. Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na sɛ mise oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo sɛ: Bra! a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi! a, ɔyɛ.”

Wiɛ, bere a Yesu te eyi no, ne ho dwiriw no. Ɔka sɛ: “Mise mo sɛ, Israel mu po minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ ɛ.” Bere a Yesu sa ɔpanyin no akoa no yare wie no, ɔde hokwan no ka sɛnea gyidifo a wɔnyɛ Yudafo benya ɔdom na wɔapow Yudafo a wonni gyidi no ho asɛm.

Yesu ka sɛ: “Nnipa pii befi apuei ne atɔe aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtra adidii ɔsoro ahenni mu; na ahenni mma no de, wɔbɛtow wɔn akogu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.”

“Ahenni mma . . . [a] wɔbɛtow wɔn agu akyirikyiri sum no mu” no ne Yudafo a wɔpow hokwan a wodii kan de maa wɔn a ɛne Kristo a wɔne no bedi ade no. Abraham, Isak ne Yakob gyina hɔ ma Onyankopɔn Ahenni nhyehyɛe. Enti Yesu reka sɛ sɛnea yɛbɛka no, wɔbɛma amanaman mufo kwan ma wɔatra ɔsoro adidii pon ho “wɔ ɔsoro ahenni no mu.” Luka 7:1-10; Mateo 8:5-13; Asomafo no Nnwuma 10:28.

▪ Dɛn nti na Yudafo srɛ ma Amanaman muni ɔsraani panyin no?

▪ Ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na ɔpanyin no amma Yesu amma ne fi no?

▪ Yesu nsɛm a ɔka de wie no kyerɛ dɛn?