Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔwɔ Betania wɔ Simon Fi

Ɔwɔ Betania wɔ Simon Fi

Ti 101

Ɔwɔ Betania wɔ Simon Fi

BERE a Yesu fi Yeriko no, ɔde n’ani kyerɛ Betania. Akwantu no gye da no mu bere fã kɛse, efisɛ ɛbɛyɛ sɛ akwansin 12 a wɔde foro bepɔw tenten bi. Yeriko da bepɔw a ɛkɔ soro sen po bɛyɛ anammɔn 820 so; na Betania da beae a ɛwɔ fam sen po bɛyɛ anammɔn 2500. Sɛ wobɛkae a, Betania na Lasaro ne ne nuabeanom no fi wɔ. Efi Yerusalem kɔ akuraa ketewaa yi ase bɛyɛ akwansin abien, na ɛda Ngo Bepɔw no ase wɔ apuei fam.

Nnipa a wokodi Twam no mu pii adu Yerusalem dedaw. Wɔaba ntɛm rebedwira wɔn ho. Ebia na wɔaso owufo mu anaasɛ wɔyɛ biribi foforo ama wɔn ho agu fĩ. Enti wodi ahodwira akwankyerɛ ahorow no akyi na wɔatumi adi Twam no ma asɔ ani. Bere a adikanfo yi hyia wɔ asɔrefi hɔ no, wɔn mu pii susuw sɛ Yesu remma Twam no bi.

Wogye Yesu ho akyinnye pii wɔ Yerusalem. Obiara nim sɛ nyamesom akannifo no hwehwɛ no akum no. Nokwarem no, wɔahyɛ sɛ sɛ wɔte faako a ɔwɔ a, wɔmmɔ wɔn amanneɛ. Mprɛnsa wɔ asram kakraa a atwam mu—wɔ Asese Afahyɛ, Ahosohyira Afahyɛ no ase ne wɔ Lasaro a onyanee no akyi—no, ná akannifo yi abɔ mmɔden sɛ wobekum no. Enti ná nnipa no bisa sɛ so Yesu bɛda ne ho adi wɔ baguam bio anaa? Wobisabisa wɔn ho sɛ: “Dɛn na mususuw.”

Saa bere yi mu no, Yesu du Betania nnansia ansa na Twam a wodi no Nisan 14 sɛnea Yudafo mmerebu pon kyerɛ no bere adu. Yesu du Betania bɛyɛ Fida anwummere a ɛyɛ Nisan 8 mfiase. Na ontumi ntwa Betania kwan no Memeneda efisɛ Yudafo mmara mma Memeneda akwantu—efi bere a owia akɔtɔ Fida kosi Memeneda bere a owia akɔtɔ—no ho kwan. Ɛda adi sɛ Yesu kɔ Lasaro fi, sɛnea wayɛ pɛn no, na ɔda hɔ Fida no.

Nanso, Betaniani foforo bi frɛ ɔne n’ahokafo adidi Memeneda anwummere. Wɔfrɛ ɔbarima no Simon, ná anka ɔyɛ ɔkwatani a ebia Yesu asa no yare bere bi a atwam. Marta a ɔyɛ ɔdeyɛfo no som ahɔho no. Maria a ɔyɛ sɛ ɔreboa no no som Yesu saa bere yi wɔ ɔkwan bi so ma asɛm sɔre.

Maria tu alabasta toaa, anaasɛ toaa ketewaa bi a ngo bɛyɛ nkaribo biako wom ano, ɛyɛ “ngo huamhuam.” Ne bo yɛ den yiye. Nokwarem no, ne bo bɛyɛ sɛ afe biako akatua! Bere a Maria hwie ngo no gu Yesu atifi ne ne nan ase na ɔde ne nhwi popa no, ne hua gyina fie hɔ nyinaa.

Asuafo no bo fuw na wobisa sɛ: “Adesɛe yi ase ne dɛn?” Afei Yuda Iskariot ka sɛ: “Adɛn nti na wɔantɔn ngo huamhuam yi annye denare ahasa, na wɔamfa amma ahiafo?” Nanso ɛnyɛ ahiafo ho asɛm na ehia Yuda, na esiane sɛ owiawia sika adaka a asuafo no kurae no mu sika no nti.

Yesu gyina Maria akyi. Ɔka sɛ: “Munnyaa no! Adɛn na morehaw no? Wayɛ me ho adwuma pa. Na mowɔ ahiafo mo nkyɛn daa, na da biara a mopɛ no, mutumi yɛ wɔn yiye; na me de, munni me daa. Wayɛ nea obetumi; wadi kan asra me nipadua ama me sie da. Nokware mise mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, nea ɔbea yi ayɛ nso wɔbɛka de ayɛ no nkae.”

Afei Yesu atra Betania bɛboro nnɔnhwerew 24, na ne ho asɛm atrɛw wɔ hɔ nyinaa. Enti, nnipa pii ba Simon fi bɛhwɛ Yesu, na wɔbɛhwɛ Lasaro a ɔwɔ hɔ bi no nso. Enti ɛnyɛ Yesu nko na asɔfo mpanyin no hwehwɛ sɛ wokum no, na mmom Lasaro nso. Esiane sɛ nnipa pii gye Yesu di efisɛ wohu nea wanyan no afi awufo mu no nti! Nokwarem no, abɔnefo bɛn ara na nyamesom akannifo no yɛ sɛɛ yi! Yohane 11:55–12:11; Mateo 26:6–13; Marko 14:3–9; Asomafo no Nnwuma 1:12.

▪ Nkɔmmɔbɔ bɛn na ɛkɔ so wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ, na dɛn ntia?

▪ Dɛn nti na ebia Yesu duu Betania Fida mmom na ɛnyɛ Memeneda?

▪ Bere a Yesu du Betania no, ɛda adi sɛ ɛhe na odi homeda no?

▪ Dɛn na Maria yɛ a ɛma asɛm sɔre, na ɔkwan bɛn so na Yesu gyina n’akyi?

▪ Dɛn na edi abɔnefo a asɔfo mpanyin no yɛ no ho adanse?