Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔyɛ Nnwuma Pa Homeda

Ɔyɛ Nnwuma Pa Homeda

Ti 29

Ɔyɛ Nnwuma Pa Homeda

ƐYƐ asusow bere mu wɔ afe 31 Y.B. mu. Asram kakraa bi atwam fi bere a Yesu ne Samariani ɔbea bi kasae bere a ofi Yudea rekɔ Galilea no.

Bere a Yesu aka asɛm pii wɔ Galilea nyinaa awie no, ɔsan kɔ Yudea bio na ɔkɔka asɛm wɔ hyiadan mu wɔ hɔ. Sɛ wɔde nea Bible ka wɔ Yesu Galilea som adwuma ho no toto ho a, ɛnde ná ɛnka ne Yudea dwumadi ahorow wɔ nsrahwɛ yi mu ne wɔ asram a odii Twam no wɔ ha wɔ kan Twam akyi no ho asɛm pii. Ɛda adi sɛ wɔantie no wɔ ne som adwuma no mu wɔ Yudea te sɛ nea wɔyɛe wɔ Galilea no.

Ankyɛ, Yesu kɔ Yudafo kuropɔn Yerusalem mu kodi afe 31 Y.B. mu Twam Afahyɛ no. Ɛha no, wɔ beae a ɛbɛn kurowpon no Nguanten Ponkɛse no, ɔtare bi da hɔ a wɔfrɛ no Betesda a ayarefo, anifuraefo ne mpakye pii ba ho. Wogye di sɛ sɛ nnipa totɔ nsu no mu bere a nsu no wosow a wobenya ayaresa.

Ɛyɛ homeda, na Yesu hu ɔbarima bi a wayare mfe 38 wɔ ɔtare no ho. Yesu nim mfe dodow a ɔbarima no de ayare nti, obisa sɛ: “Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?”

Obua Yesu sɛ: “Owura, minni onipa bi a sɛ nsu no fono a, ɔde me kɔto ɔtare no mu; na sɛ merekɔ a, na obi adi me kan akɔ mu.”

Yesu ka kyerɛ no sɛ: “Sɔre, yi wo kɛtɛ, na nantew!” Amonom hɔ ara ɔbarima no nya apɔwmuden, oyi ne kɛtɛ, na ofi ase nantew!

Nanso bere a Yudafo no hu ɔbarima no, wɔka sɛ: “Ɛnnɛ yɛ homeda; wunni hokwan sɛ wosoa wo kɛtɛ.”

Ɔbarima no bua wɔn sɛ: “Nea ɔmaa me ho yɛɛ me den no, ɔno ara na osee me sɛ: Yi wo kɛtɛ, na nantew!”

Wobisa sɛ: “Hena ne onipa a osee wo sɛ: Yi wo kɛtɛ na nantew no?” Ná Yesu atwe ne ho afi hɔ esiane nkurɔfokuw no nti, na nea wɔsaa no yare no nnim Yesu din. Nanso akyiri yi, Yesu ne ɔbarima no hyia wɔ asɔrefi hɔ, na ɔbarima no hu nea ɔsaa no yare no.

Enti ɔbarima a wɔsaa no yare no hu Yudafo no na ɔka kyerɛ wɔn sɛ Yesu na ɔsaa no yare. Bere a Yudafo no te eyi no, wɔkɔ Yesu nkyɛn. Dɛn ntia? Wokobisa nea enti a otumi yɛ anwonwade ahorow yi anaa? Dabi. Mmom no, wɔpɛ sɛ wɔbɔ no sobo efisɛ ɔyɛɛ nneɛma pa yi homeda. Na wofi ase taa no mpo! Luka 4:44; Yohane 5:1–16.

▪ Bɛyɛ bere tenten bɛn ni a Yesu kɔɔ Yudea?

▪ Dɛn nti Betesda tare no agye din pii saa?

▪ Anwonwade bɛn na Yesu yɛ wɔ ɔtare no ho, na dɛn na Yudafo no yɛ?