Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔyem Nanso Ɔnwaree

Ɔyem Nanso Ɔnwaree

Ti 4

Ɔyem Nanso Ɔnwaree

MARIA yem asram abiɛsa. Wobɛkae sɛ ɔde ne nyinsɛn bere no mfiase kɔsraa Elisabet, nanso afei de wasan aba ne kurom wɔ Nasaret. Ɛrenkyɛ na obiara ate ne tebea no ho asɛm wɔ ne kurom hɔ. Nokwarem no, ɔwɔ ahokyere mu!

Nea ɛma asɛm no mu yɛ den koraa ne sɛ wɔasi Maria asiwa sɛ ɔbɛyɛ Yosef a ɔyɛ duadwumfo no yere. Na onim sɛ wɔ Onyankopɔn mmara a ɔde maa Israel no ase no, sɛ ɔbea a wɔasi no asiwa ama ɔbarima bi fi ne pɛ mu ne ɔbarima foforo da a, ɛsɛ sɛ wosiw no abo kum no. Ɔbɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ ne nyinsɛn no mu akyerɛ Yosef?

Esiane sɛ na Maria atu kwan asram abiɛsa nti, yebetumi agye atom sɛ na Yosef ho pere no sɛ obehu no. Bere a wohyia no, ɛda adi sɛ Maria ka asɛm no kyerɛ no. Ebia ɔbɛbɔ mmɔden biara akyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnam Onyankopɔn honhom kronkron so na ɔyem. Nanso, sɛnea wubetumi ahu no, ɛyɛ den ma Yosef sɛ obegye adi.

Yosef nim din pa a Maria wɔ no. Na ɛda adi sɛ ɔdɔ no kɛse. Nanso, ɛmfa ho sɛ dɛn na ebia ɔbɛka no, ɛte sɛ nea ɔne ɔbarima bi na ɛyem ankasa. Sɛ ɛte saa mpo a, Yosef mpɛ sɛ wobesiw Maria abo akum no anaasɛ wobegu n’anim ase baguam. Enti ɔyɛ n’adwene sɛ obegyaa no kokoam. Saa bere no mu no, na wobu wɔn a wɔasi wɔn asiwa sɛ awarefo, na na awaregyae na ɛde nhyehyɛe bi a ɛte saa ba awiei.

Akyiri yi, bere a Yosef da so ara resusuw asɛm yi ho no, nna fa no. Yehowa bɔfo yi ne ho adi kyerɛɛ no wɔ ɔdae mu na ose: “Nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na nea ɔyem no fi honhom kronkron mu. Na ɔbɛwo babanin, na woato ne din Yesu, efisɛ ɔno na obegye ne man afi wɔn bɔne mu.”

Bere a Yosef nyan no, hwɛ anigye ara a onya! Ɔyɛ nea ɔbɔfo no kyerɛɛ no no ntɛm ara. Ɔfa Maria kɔ ne fi. Saa baguam adeyɛ yi kyerɛ sɛ afei Yosef ne Maria aware ankasa. Nanso Yosef ne Maria nna wɔ bere a na ɔyem Yesu no nyinaa mu.

Hwɛ! Maria yem, nanso Yosef de no retra afurum so. Wɔrekɔ he, na dɛn nti na wɔretu kwan bere a aka kakra na Maria awo no? Luka 1:39–41, 56; Mateo 1:18–25; Deuteronomium 22:23, 24.

▪ Bere a Yosef hu sɛ Maria yem no, n’adwene yɛ no dɛn, na dɛn ntia?

▪ Dɛn nti na Yosef betumi agyaa Maria bere a wonnya nwaree no?

▪ Baguam adeyɛ bɛn na ɛkyerɛ sɛ afei de Yosef ne Maria aware ankasa?