Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛyawdi Wɔ Turo No Mu

Ɛyawdi Wɔ Turo No Mu

Ti 117

Ɛyawdi Wɔ Turo No Mu

BERE a Yesu wie mpaebɔ no, ɔne n’asomafo anokwafo 11 no to ayeyi nnwom ma Yehowa. Afei wosian fi abansoro dan no mu, wɔtew si anadwo sum a emu yɛ nwini no mu, na wɔsan fa Kidron Bon no mu de wɔn ani kyerɛ Betania. Nanso ɔkwan mu no, wogyina wɔ baabi a nkurɔfo taa kɔ hɔ, Getsemane turo no mu. Eyi wɔ Ngo Bepɔw no so anaasɛ ɛbɛn ho. Yesu taa ne n’asomafo no hyia wɔ ha wɔ ngo nnua no mu.

Ogyaw asomafo no baawɔtwe—ebia faako a ɛbɛn turo no pon ano—na ɔkyerɛ wɔn sɛ: “Montra ase ha, na menkɔ nohɔ nkɔbɔ mpae ansa.” Afei ɔfa afoforo baasa no—Petro, Yakobo, ne Yohane ka ne ho—na ɔkɔ turo no mu nohɔ. Yesu werɛ how na ne ho yeraw no. Ɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu; montra ha na mo ne me nwɛn.”

Yesu kɔ n’anim kakra na ɔde n’anim butuw fam fi ase bɔ mpae dennen sɛ: “M’agya, sɛ ebetumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ! Nso ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ.” Dɛn na ɔkyerɛ? Dɛn nti na ‘awerɛhow ahyɛ ne kra so de kɔ owu mu’? So ɔresan n’akyi wɔ ne gyinae a wasi sɛ obewu na ɔde agyede no ama no ho?

Ɛnte saa koraa! Yesu nsrɛ sɛ wɔmma owu no mpare no. N’ani nnye nsusuwii a ɛne sɛ obekwati afɔrebɔ wu, sɛnea Petro hyɛɛ ho nyansa bere bi no, mpo ho. Mmom no, ɔredi yaw efisɛ osuro sɛ ɔkwan a ɛrenkyɛ ɔnam so bewu—sɛ ɔbɔnefo a wokyi no no—de ahohorabɔ bɛba n’Agya din so. Ohu sɛ nnɔnhwerew kakraa bi mu no, wɔbɛbɔ no duam sɛ onipa bɔne a ɔsen biara—obi a ɔka abususɛm tia Onyankopɔn! Eyi na ɛma ne ho yeraw no no.

Yesu bɔ mpae araa bere bi akyi no, ɔsan ba na obehu sɛ asomafo baasa no adeda. Ɔrekasa akyerɛ Petro no, ose: “So muntumi ne me nwɛn dɔnhwerew biako? Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu.” Nanso, bere a ohu nhyɛso a wɔaba ase ne sɛnea bere kɔ no, ose: “Honhom pɛ de, na ɔhonam na ɛyɛ mmerɛw.”

Afei Yesu kɔ bio ne mprenu so na okobisa sɛ Onyankopɔn mma “kuruwa yi,” kyerɛ sɛ Yehowa afã, anaasɛ n’apɛde a ɔwɔ ma no no ntwa ne ho nkɔ. Ɔsan bae no, ohu sɛ baasa no adeda bere a anka ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae na wɔankɔ sɔhwɛ mu no. Bere a Yesu kasa kyerɛ wɔn no, wonhu nea wɔmfa mmua no.

Awiei koraa, ne mprɛnsa so no, Yesu kɔ nkyɛn bɛyɛ sɛ nea wɔtow ɔbo a ɛbɛtɔ, na ɔkotow ne nan anim, na ɔde nteɛm a emu yɛ den ne nusu bɔ mpae sɛ: “Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ.” Yesu te ɛyaw ankasa a emu yɛ den nka esiane ahohorabɔ a ne wu sɛ ɔdebɔneyɛfo no de bɛba n’Agya din so no nti. Ɛdɛn, ɛkame ayɛ sɛ ka a wɔbɛka sɛ ɔyɛ obususɛnkafo—obi a ɔdome Onyankopɔn—no dɔɔso dodo sɛ ɔbɛsoa!

Nanso, Yesu kɔ so bɔ mpae sɛ: “Ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ.” Yesu de osetie de ne pɛ hyɛ Onyankopɔn ase. Afei ɔbɔfo bi a ofi soro ba na ɔde nkuranhyɛsɛm bi bɛhyɛ no den. Ɛda adi sɛ ɔbɔfo no ka kyerɛ Yesu sɛ n’Agya pene no so.

Nanso, adesoa bɛn ara na ɛda Yesu mmati so sɛɛ yi! N’ankasa daa nkwa ne adesamma abusua no nyinaa de ho aba asɛm. Nkate mu nhyɛso no sõ. Enti Yesu kɔ so bɔ mpae denneennen, na ne ho fifiri yɛ sɛ mogya atɔwatɔw bere a ɛsosɔ fam no. The Journal of the American Medical Association kyerɛ sɛ: “Ɛwom sɛ eyi nyɛ ade a ɛtaa ba de, nanso fifiri a ɛte sɛ mogya atɔwatɔw . . . betumi aba wɔ nkate tebea a emu yɛ den mu.”

Ɛno akyi no Yesu san ba n’asomafo no nkyɛn ne mprɛnsa so, na bio ohu sɛ wɔadeda. Awerɛhow ama wɔabrɛ. Ɔteɛm sɛ: “Bere a ɛte sɛɛ mu na moda na mohome! Ɛdɔɔso! Dɔn no adu; hwɛ, wɔreyi onipa ba no ahyɛ nnebɔneyɛfo nsa. Monsɔre mma yɛnkɔ, hwɛ, nea ɔreyi me ama no abɛn!”

Ogu so rekasa no, Yuda Iskariot ba ne nkyɛn, na dɔm a wokurakura agyatɛn ne akanea ne akode ka ne ho. Mateo 26:30, 36-47; 16:21-23; Marko 14:26, 32-43, New World Translation; Luka 22:39-47; Yohane 18:1-3; Hebrifo 5:7.

▪ Wofi abansoro dan no mu no, ɛhe na Yesu de asomafo no kɔ, na dɛn na ɔyɛ wɔ hɔ?

▪ Bere a Yesu rebɔ mpae no, dɛn na asomafo no yɛ?

▪ Dɛn nti na Yesu di yaw, na dɛn na obisa fi Onyankopɔn nkyɛn?

▪ Dɛn na Yesu fifiri a ɛyɛe sɛ mogya atɔwatɔw no kyerɛ?