Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛyawdi wɔ Asɛndua no So

Ɛyawdi wɔ Asɛndua no So

Ti 125

Ɛyawdi wɔ Asɛndua no So

WƆDE Yesu ne adwowtwafo baanu refi adi akokum wɔn. Nnipa a wɔato santen no gyina wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota, anaa Nitiriso, a ɛbɛn kurow no.

Woyi nneduafo no ntade fi wɔn ho. Afei wɔma wɔn nsa a wɔde aduhuam afra mu. Ɛda adi sɛ Yerusalem mmea na wɔyɛ, na Romafo no mfa aduru a edwudwo ɛyaw ano yi nkame wɔn a wɔrebɔ wɔn asɛndua mu no. Nanso, bere a Yesu de ka n’ano no, ɔpow sɛ ɔbɛnom. Dɛn ntia? Ɛda adi sɛ ɔpɛ sɛ n’ani so da hɔ yiye wɔ ne gyidi ho sɔhwɛ bere kɛse yi mu.

Afei wɔde Yesu to asɛndua no so a ne nsa wɔ n’atifi. Afei asraafo no de nnadewa akɛse bobɔ ne nsa ne n’anan mu. Bere a nnadewa no wowɔ ne nam ne ne ntini mu no, ɛyaw no ma okyinkyim ne ho. Bere a wɔma asɛndua no so si hɔ no, ɛyaw no mu yɛ den, efisɛ ne mu duru ma faako a wɔde dadewa no bɔe no tew. Nanso sɛ anka Yesu bɛteɛteɛm no, ɔbɔ mpae ma Romafo asraafo no mmom: “Agya, fa firi wɔn, na wonnim nea wɔyɛ.”

Pilato akyerɛw abɔ asɛndua no ho sɛ: “Yesu, Nasareni, Yudafo hene.” Ɛda adi sɛ ɛnyɛ obu a ɔwɔ ma Yesu nkutoo nti na ɔkyerɛw eyi, na mmom Yudafo asɔfo no ho yɛ no ahi sɛ wɔama wabu Yesu kumfɔ nso nti. Sɛnea ɛbɛyɛ na obiara atumi akenkan nkyerɛwee no nti, Pilato ma wɔkyerɛw no kasa horow abiɛsa mu—Hebri, Latin a ɛyɛ wɔn kasa titiriw, ne Hela a nnipa pii ka no mu.

Eyi haw asɔfo mpanyin no, a Kaiafa ne Hana ka ho. Nokwasɛm a wɔpae mu ka yi sɛe wɔn nkonimdi bere yi. Enti, wɔkasa tia sɛ: “Nkyerɛw sɛ: Yudafo hene, na kyerɛw sɛ: Ɔno na ɔkae sɛ: Mene Yudafo hene.” Esiane sɛ dwuma a asɔfo no de no dii no yɛ no abufuw nti, Pilato de animtiaabu kɛse bua sɛ: “Nea makyerɛw no, makyerɛw.”

Afei asɔfo no ne nnipakuw bebree kɔboa wɔn ho ano wɔ baabi a wɔrekokum wɔn no, na wɔbɔ mmɔden kyerɛ sɛ nea nkyerɛwee no ka no nyɛ nokware. Woti adansekurum a wodii wɔ Sanhedrin asenni ase no mu. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a wɔretwam no fi ase ka abususɛm tia no, wosow wɔn ti de di ne ho fɛw sɛ: “Wo a wudwiriw asɔredan na woto no nnansa mu, gye wo ho ɛ! Sɛ Onyankopɔn ba ne wo a, fi asɛndua no ho si fam!”

Asɔfo mpanyin ne wɔn nyamesom mfɛfo no nso ka bi sɛ: “Ogyee binom, na ontumi nnye ne ho. Ɔne Israel hene, afei ma omfi asɛndua no ho nsi fam, na yebegye no adi. Ɔde ne ho too Nyankopɔn so; afei sɛ ɔpɛ no a, ma onyi no; na ɔkae sɛ: Onyankopɔn ba ne me.”

Fɛwdi honhom yi ka asraafo no ma wɔn nso wodi Yesu ho fɛw bi. Wɔma no nsa nyinyanyinya de di ne ho fɛw, a ɛda adi sɛ wɔma ɛka n’ano a awo no kɛkɛ. Wogoru ne ho ka sɛ: “Sɛ woyɛ Yudafo hene a, gye wo ho.” Adwowtwafo no mpo—wɔbɔɔ obiako asɛndua mu wɔ ne nifa, ne ɔfoforo wɔ ne benkum so—di ne ho fɛw. Susuw ho hwɛ! Onipa a ɔyɛ kɛse sen biara a watra ase pɛn, yiw, nea ɔne Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nneɛma nyinaa no, de nokwaredi hu ayayade yi nyinaa mu amane!

Asraafo no fa Yesu atade nguguso kyekyem anan. Wɔbɔ ntonto de hwɛ nea ɛbɛyɛ ne dea. Nanso, n’atade no nni mpamee, efisɛ ɛsom bo yiye. Enti asraafo no sise wɔn ho sɛ: “Mommma yennsunsuane mu, na momma yɛmmɔ so ntonto nhu nea ɛbɛyɛ ne dea.” Enti, wɔma kyerɛwsɛm a edi hɔ yi bam a na wonnim: “Wɔkyɛɛ me ntama mu fae, na m’atade so na wɔbɔɔ ntonto.”

Bere kɔ so no, adwowtwafo no biako behu sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yesu yɛ ɔhene ampa. Enti ɔka ne hokafo no anim sɛ: “Wo nso wunsuro Onyankopɔn sɛ wowɔ afobu koro yi ara mu yi? Na yɛn de de, ɛteɛ pɛ, na yɛanya nea ɛsɛ yɛn nneyɛe no; na oyi de, ɔnyɛɛ mfomso ade biara.” Afei ɔkasa kyerɛ Yesu na ɔsrɛ sɛ: “Woba w’ahenni mu a, kae me!”

Yesu bua sɛ: ‘Nokware mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho Paradise hɔ.’ Saa bɔhyɛ yi bɛbam bere a Yesu redi tumi sɛ Ɔhene wɔ soro na onyan ɔdebɔneyɛfo a onuu ne ho yi ba nkwa mu wɔ asase so wɔ Paradise a wɔn a wobetwa Harmagedon no ne wɔn ahokafo benya hokwan sɛ wɔbɛyɛ ho adwuma no mu. Mateo 27:33–44; Marko 15:22–32; Luka 23:27, 32–43; Yohane 19:17–24.

▪ Dɛn nti na Yesu pow sɛ ɔbɛnom nsa a wɔde aduhuam afra mu no?

▪ Ɛda adi sɛ dɛn nti na wɔde nkyerɛwee bɔ Yesu asɛndua ho, na ɛma Pilato ne asɔfo no yiyi nsɛm bɛn bio?

▪ Ayayade bɛn bio na wɔde yɛ Yesu wɔ asɛndua no so, na ɛda adi sɛ dɛn na ɛma wɔyɛ saa?

▪ Ɔkwan bɛn so na nea wɔyɛɛ Yesu atade no ma nkɔmhyɛ bi bam?

▪ Nsakrae bɛn na adwowtwafo no biako yɛ, na ɔkwan bɛn so na Yesu bɛyɛ n’abisade no ama no?