Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abodoo ne Mmɔkaw No

Abodoo ne Mmɔkaw No

Ti 58

Abodoo ne Mmɔkaw No

NA NKURƆFOKUW aba Yesu nkyɛn wɔ Dekapolis. Ná wɔn mu pii fi akyirikyiri na wɔbaa ɔmansin a Amanaman mufo na wɔdɔɔso wom no mu sɛ wɔrebetie no na wasa wɔn yare. Wɔde nkɛntɛn akɛse a wɔtaa de soa nneɛma bere a wɔretu kwan akɔfa mmeae a Amanaman mufo te hɔ no bae.

Nanso, awiei koraa no Yesu frɛ n’asuafo no na ɔka sɛ: “Nkurɔfokuw yi yɛ me mmɔbɔ, efisɛ wɔatra me nkyɛn atoa so nnansa ni, na wonni biribi a wodi. Na sɛ migya wɔn kwan na wɔde kɔm kɔ fie a, wɔbɛtotɔ baha ɔkwan mu; efisɛ wɔn mu binom fi akyirikyiri na ɛbae.”

Asuafo no bisa sɛ: “Ɛhefa na obi betumi anya abodoo a eyinom bedi amee wɔ sare so ha?”

Yesu bisa sɛ: “Abodoo ahe na mowɔ?”

Wobua sɛ: “Ason ne mpataa kakraa bi.”

Bere a Yesu ahyɛ nnipa no sɛ wɔntratra ase no, ɔfa abodoo ne mpataa no, ɔbɔ Onyankopɔn mpae, obubu mu, na ofi ase de ma n’asuafo no. Wɔn nso wɔde ma nnipa no na wɔn nyinaa di mee. Wɔ ɛno akyi bere a wɔtasee nnikae no, wonya nkɛntɛn ason, ɛwom mpo sɛ mmarima bɛyɛ 4,000 ne afei mmea ne mmofra na wodii abodoo no!

Yesu ma nkurɔfokuw no kɔ, ɔne n’asuafo no tra ɔkorow mu na wotwa kɔ Galilea Po no atɔe fam mpoano. Wɔ ha no, Farisifo a saa bere yi de nyamesom kuw a ɛne Sadukifo mufo ka wɔn ho no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ Yesu ahwɛ denam sɛnkyerɛnne a efi soro a wobisa sɛ ɔmma wɔn no so.

Esiane sɛ Yesu nim mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsɔ no ahwɛ nti, obua sɛ: “Edu anwummere a, moka sɛ: Wim bɛtew, efisɛ ɔsoro abere. Na anɔpa de, moka sɛ: Ahum betu nnɛ, efisɛ ɔsoro abere, na ayɛ kusuu. Munim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmere no ho sɛnkyerɛnne de, muntumi nkyerɛ mu.”

Afei Yesu frɛ wɔn abɔnefo ne awaresɛefo na ɔka sɛ ɔmma wɔn sɛnkyerɛnne biara gye Yona de no, te sɛ nea ná wadi kan aka akyerɛ Farisifo no. Ɔne n’asuafo no fi hɔ, na wɔtra ɔkorow mu de wɔn ani kyerɛ Betsaida a ɛwɔ Galilea Po no kusuu fam atɔe mpoano. Bere a wɔrekɔ no, asuafo no hu sɛ wɔn werɛ afi sɛ wɔfa abodoo, na ná biako pɛ na wɔwɔ.

Esiane sɛ Yesu ne Farisifo ne Sadukifo a wɔyɛ Herode akyigyinafo no nhyiam no ho asɛm wɔ n’adwenem nti, ɔde afotu ma sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Herode mmɔkaw ho!” Ɛda adi sɛ mmɔkaw din a Yesu bɔ no ma asuafo no susuw sɛ ɔka abodoo a wɔn werɛ afi sɛ wɔde bi ba no ho asɛm nti, wofi ase gye akyinnye wɔ asɛm no ho. Yesu hu sɛ wɔante asɛm no ase nti, ɔka sɛ: “Adɛn na modwennwene abodoo a munni ho?”

Ɛnkyɛe biara na ná Yesu nam anwonwa kwan so ama nnipa mpempem pii abodoo a ná ebia anwonwade a edi akyiri yi asi bɛyɛ da koro anaa nnanu pɛ. Enti ɛnyɛ abodoo ankasa a wonni bi no ho asɛm na ɔka. Ɔkae wɔn sɛ, “Na monkae? Mibubuu abodoo anum maa mpemnum no, mporoporowa nkyerɛnkyɛ ma ahe na motasee?”

Wobua sɛ: “Dumien.”

“Mibubuu ason no memaa mpemnan no, mporoporowa ntekyirekyi ahe na motasee?”

Wobua sɛ: “Ason.”

Yesu bisa sɛ: “Ɛnna afei monte ase ara yi? Ɛdɛn na munhu sɛ ɛnyɛ abodoo ho asɛm na meka mekyerɛ mo? Monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho!”

Awiei koraa no, asuafo no te ase. Na mmɔkaw, ade a ɛma aduan kaw na ɛma abodoo tu no yɛ asɛmfua a wɔtaa de kyerɛ ɔporɔw. Enti afei asuafo no te ase sɛ Yesu de sɛnkyerɛnnede redi dwuma, kyerɛ sɛ ɔrebɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ wɔn ho yiye wɔ “Farisifo ne Sadukifo kyerɛ ho,” nkyerɛkyerɛ a etumi ma obi sɛe. Marko 8:1–21 Mateo 15:32–16:12.

▪ Dɛn nti na nkurɔfo kura nkɛntɛn akɛse?

▪ Bere a Yesu fi Dekapolis akyi no, mmeae bɛn na ɔde ɔkorow tu kwan kɔ?

▪ Ntease a ɛnteɛ bɛn na asuafo no nya wɔ Yesu asɛm a ɔka wɔ mmɔkaw ho no ho?

▪ Asɛm “Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw” a Yesu ka no kyerɛ dɛn?