Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abofra a Wɔahyɛ Ne Ho Bɔ No

Abofra a Wɔahyɛ Ne Ho Bɔ No

Ti 6

Abofra a Wɔahyɛ Ne Ho Bɔ No

SƐ ANKA Yosef ne Maria bɛsan akɔ Nasaret no, wɔtra Betlehem mmom. Bere a Yesu nya nnawɔtwe no, wɔma wotwa no twetia sɛnea Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Mose no kyerɛ no. Ɛda adi sɛ ɛyɛ amanne nso sɛ wɔto abarimaa din bere a wanya nnawɔtwe no. Enti wɔto wɔn ba no din Yesu, sɛnea na ɔbɔfo Gabriel ahyɛ dedaw no.

Bɛboro ɔsram biako atwam, Yesu anya nnafua 40. Afei n’awofo de no kɔ he? Wɔde no kɔ asɔrefi wɔ Yerusalem a efi baabi a wɔte no kɔ hɔ yɛ akwansin kakraa bi no. Sɛnea Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Mose no kyerɛ no, sɛ ɔbea bi wo ɔbarima akyi nnafua 40 a, ɛsɛ sɛ okodwira ne ho wɔ asɔrefi hɔ.

Maria yɛ saa. Ɔde nnomaa nketewa abien bɛbɔ n’afɔre. Eyi ma yehu Yosef ne Maria sikasɛm tebea ho biribi. Mose Mmara no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde oguanten ba a ɔsom bo sen nnomaa bɔ afɔre no. Nanso sɛ ɛna no rentumi nnya eyi a, obetumi de nturukuku abien anaasɛ mmorɔnoma abien asi ananmu.

Wɔ asɔrefi hɔ no, akwakora bi fa Yesu to ne nsa so. Ne din de Simeon. Na Onyankopɔn ayi akyerɛ no sɛ ɔrenwu gye sɛ wahu Kristo anaa Mesia a Yehowa ahyɛ ne ho bɔ no ansa. Bere a Simeon ba asɔrefi hɔ saa da yi no, honhom kronkron kyerɛ no kwan kɔ abofra a Yosef ne Maria kura no no nkyɛn.

Bere a Yesu da Simeon nsa so no, ɔda Onyankopɔn ase na ɔka sɛ: “Awurade, afei woregya w’akoa kwan asomdwoe mu sɛnea w’asɛm se; efisɛ m’ani ahu wo nkwagye a woasiesie aman nyinaa anim, ɔkanea a ɛbɛma amanaman so atew na ɛbɛhyɛ wo man Yesreel anuonyam.”

Bere a Yosef ne Maria te eyi no, wɔn ho dwiriw wɔn. Afei Simeon hyira wɔn na ɔka kyerɛ Maria sɛ wɔde ne ba no “asi hɔ ama Israel mu nnipa bebree asehwe ne ɔsɔre” ne sɛ, awerɛhow a ɛte sɛ afoa behwirow ne kra mu.

Saa bere yi no, na odiyifo bea bi a wɔfrɛ no Hana a wadi mfe 84 no wɔ hɔ. Nokwarem no, ɔwɔ asɔrefi hɔ bere biara. Saa dɔn no ara mu no, otwiw bɛn hɔ na ofi ase da Onyankopɔn ase na ɔka Yesu ho asɛm kyerɛ wɔn a wobetie nyinaa.

Hwɛ sɛnea nsɛm a esisi wɔ asɔrefi hɔ yi ma Yosef ne Maria ani gye! Akyinnye biara nni ho sɛ, eyi nyinaa si so dua kyerɛ wɔn sɛ abofra no ne Nea Onyankopɔn Ahyɛ Ne ho Bɔ no. Luka 2:21-38; Leviticus 12:1-8.

▪ Bere bɛn na ɛda adi sɛ ɛyɛ amanne sɛ wɔto Israelni babanin din?

▪ Sɛ Israelni bea babanin di nnafua 40 a, dɛn na ɔyɛ, na ɔkwan bɛn so na eyi ma Maria sikasɛm tebea da adi?

▪ Henanom na wohu onii a Yesu yɛ wɔ saa bere yi mu, na ɔkwan bɛn so na wɔda eyi adi?