Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afotu ma Marta, ne Mpaebɔ ho Ahyɛde

Afotu ma Marta, ne Mpaebɔ ho Ahyɛde

Ti 74

Afotu ma Marta, ne Mpaebɔ ho Ahyɛde

BERE a Yesu reyɛ ne som adwuma no wɔ Yudea no, ɔkɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Betani ase. Ɛha na Marta ne Maria ne wɔn nuabarima Lasaro te. Ebia Yesu huu nnipa baasa yi wɔ ne som adwuma a edi kan no mu nti ná ɔyɛ wɔn adamfo dedaw. Ɔkwan biara so no, Yesu kɔ Marta fi na ogye no.

Marta pɛ sɛ ɔma Yesu aduan a ɛyɛ dɛ sen biara a ɔwɔ. Nokwarem no, ɛyɛ nidi kɛse ma obi sɛ Mesia a wɔahyɛ no ho bɔ no bɛkɔ ne fi! Enti Marta yɛ aduan a wɔahyɛ da asiesie na ɔhyehyɛ nneɛma ahorow a ɛbɛma nsrahwɛ no ayɛ Yesu anigye ne akomatɔyam.

Nanso, Marta nuabea Maria te Yesu nan ase retie no. Bere tiaa bi akyi no, Marta ba Yesu nkyɛn na ɔka kyerɛ no sɛ: “Awurade, wonhwɛ sɛ me nua agyaw me nko na mesom? Enti ka kyerɛ no, na ommeso me mu.”

Nanso Yesu nka hwee nkyerɛ Maria. Mmom no, otu Marta fo sɛ onnwinnwen honam fam nneɛma ho pii. Ofi ayamye mu ka sɛ, “Marta, wudwinnwen na wohaw wo ho nneɛma pii ho; na ade biako na ehia.” Yesu reka sɛ ɛho nhia sɛ wɔsɛe bere pii de siesie nnuan bebree de ma apontow. Nnuan kakraa bi anaasɛ biako pɛ kɛkɛ dɔɔso.

Marta wɔ adwempa; ɔpɛ sɛ ɔyɛ ofiewura pa. Nanso, esiane honam fam nnuan a osusuw ho pii no nti, ɔsɛe hokwan a wanya sɛ n’ankasa tie nkyerɛkyerɛ fi Onyankopɔn ankasa Ba no hɔ no! Enti Yesu ka sɛ: “Maria de, wayi nea eye no, ɛno na wɔrennye ne nsam.”

Akyiri yi, wɔ bere foforo no, asuafo no mu biako ka kyerɛ Yesu sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛnea Yohane nso kyerɛɛ n’asuafo no.” Ɛda adi sɛ na osuani no nni hɔ bere a Yesu kyerɛɛ n’asuafo no nhwɛso mpaebɔ no wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu wɔ afe biako ne fã a atwam no. Enti Yesu ti̇̃ ne nkyerɛkyerɛ no mu bio nanso ɔkɔ so de nhwɛso bi ma de si sɛnea ɛho hia sɛ wɔkɔ so kura mpaebɔ mu no so dua.

Yesu fi ase sɛ: “Mo mu hena na ɔwɔ adamfo, na ɔbɛkɔ ne nkyɛn ɔdasum akɔka akyerɛ no sɛ: Damfo fɛm me abodoo abiɛsa, na m’adamfo bi afi kwan so aba me nkyɛn, na minnya biribi memma no. Na obefi mu nohɔ bebua no sɛ: Nhaw me, na wɔato pon mu, na me mma wɔ me nkyɛn wɔ mpa so, na mintumi mensɔre mmɛma wo. Mise mo sɛ: Adamfo so de a, anka ɔrensɔre mmɛma no; na n’anuɔden nti ɔbɛsɔre abɛma no dodow a ehia no.”

Wɔ mfatoho yi mu no, Yesu nkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn mfi ne pɛ mu ntie adesrɛ, te sɛ damfo no a ɔwɔ n’asɛm no mu no. Dabi, na mmom ɔyɛ mfatoho sɛ sɛ adamfo de amemenemfe betie adesrɛ a wɔkɔ so yɛ a, yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no bɛyɛ nea ɛsen saa! Enti Yesu toa so sɛ: “Mise mo sɛ: Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobehiɛ mo. Na obiara a obisa no, onya; na nea ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wobehiɛ no.”

Afei Yesu ka adesamma agyanom abɔnefo a wɔtɔ sin ho asɛm sɛ: “Na mo mu hena na ɔyɛ agya, na ne ba bisa no (abodoo a, ɔbɛma no ɔbo? Anaasɛ nso obisa no) apataa a, ɔde ɔwɔ bɛyɛ apataa ama no? Anaasɛ nso obisa kesua a, ɔbɛma no akekantwɛre? Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ soro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wobisa no?” Nokwarem no, nkuranhyɛ bɛn ara na Yesu de ma wɔ mpae a ɛsɛ sɛ wɔkɔ so bɔ ho sɛɛ yi. Luka 10:38–11:13.

▪ Dɛn nti na Marta yɛ nsiesiei a ɛdɔɔso saa ma Yesu?

▪ Dɛn na Maria yɛ na dɛn nti na Yesu kamfo no mmom sen Marta?

▪ Dɛn na ɛma Yesu ti̇̃ ne mpaebɔ ho ahyɛde no mu?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ sɛnea ehia sɛ wɔkɔ so bɔ mpae no ho mfatoho?