Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Agya ho Asɛm No

Agya ho Asɛm No

Ti 69

Agya ho Asɛm No

YESU ne Yudafo akannifo no nkɔmmɔ no mu yɛ den bere a afahyɛ no rekɔ so no. Yesu gye tom sɛ: “Minim sɛ moyɛ Abraham asefo; nanso mohwehwɛ me akum me, efisɛ m’asɛm nsen mo mu. Nea mahu m’agya no nkyɛn na meka; na mo nso moyɛ nea moahu mo agya nkyɛn.”

Ɛwom sɛ Yesu ankyerɛ onii a wɔn agya no yɛ de nanso ɔma emu da hɔ sɛ ɛsono wɔn agya no na ɛsono ne de. Esiane sɛ Yudafo akannifo no nnim nea ne ho asɛm wɔ Yesu adwenem nti wobua sɛ: “Yɛn agya ne Abraham.” Wɔte nka sɛ wɔwɔ gyidi te sɛ Abraham a na ɔyɛ Onyankopɔn adamfo no.

Nanso, Yesu mmuae a ɛne sɛ: “Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma” no ma wɔn ho dwiriw wɔn. Nokwarem no ɔba ankasa suasua n’agya. Yesu ka sɛ: “Na afei morehwehwɛ me akum me, me a maka mo nokware a mate Onyankopɔn nkyɛn no. Eyi de, Abraham anyɛ.” Enti Yesu ka bio sɛ: “Moyɛ mo agya nnwuma.”

Na wonhu nea Yesu reka ne ho asɛm no ara. Wɔkɔ so ka sɛ wɔyɛ Abraham mma ankasa sɛ: “Wɔanwo yɛn aguamammɔ mu.” Enti, wɔka sɛ wɔyɛ nokware asomfo te sɛ Abraham sɛ: “Agya biako na yɛwɔ, ɔne Nyankopɔn.”

Nanso so Onyankopɔn na ɔyɛ wɔn agya ampa? Yesu bua sɛ: “Sɛ mo agya ne Nyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me de, mifii Nyankopɔn mu na mebae. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebae, na ɔno na ɔsomaa me. Adɛn nti na monte me kasa ase?”

Na Yesu abɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ nyamesom akannifo yi ma wɔahu ɔhaw ahorow a ebefi pow a wɔapow no no mu aba no. Nanso afei ɔka no pen sɛ: “Mo de, mo agya a mufi ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ.” Agya bɛn na Ɔbonsam yɛ? Yesu kae sɛ ɔyɛ owudifo na ɔkae nso sɛ: “Ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.” Enti Yesu de asɛm no ba awiei sɛ: “Nea ofi Nyankopɔn mu no tie Nyankopɔn asɛm; eyi nti muntie, efisɛ mumfi Nyankopɔn mu.”

Yudafo a na Yesu fɔ a obuu wɔn no ahyɛ wɔn abufuw no bua sɛ: “Yɛanka ampa sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne?” Esiane sɛ Yudafo no tan Samariafo nti, wɔde asɛmfua “Samariani” no kyerɛ animtiabu ne ɔyaw.

Yesu bu n’ani gu animtiaa a wobuu no sɛ ɔyɛ Samariani no so na obua sɛ: “Me de, minni honhommɔne; na midi m’agya no ni, na mo de, mobɔ me ahohora.” Yesu toa so na ɔde bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa yi ma sɛ: “Nokware, nokware, mise mo sɛ, obi di m’asɛm so a, ɔrenhu wu ara da.” Nokwarem no, na Yesu nkyerɛ ankasa sɛ wɔn a na wodi n’akyi nyinaa no renhu owu da. Mmom no, ɔkyerɛ sɛ wɔrenhu daa ɔsɛe, anaasɛ “owuprenu” a owusɔre nni mu no.

Nanso, Yudafo no fa Yesu asɛm no sɛ ɛyɛ paa ara. Enti, wɔka sɛ: “Afei na yɛahu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifo no wuwui, na wo de, wuse: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owu nhwɛ ara da. So woyɛ kɛse sen yɛn agya Abraham a owui no? Na adiyifo no nso wui; woyɛ wo ho dɛn ni?”

Wɔ nkɔmmɔbɔ yi nyinaa mu no, ɛda adi sɛ na Yesu rekyerɛ mmarima yi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔno ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. Nanso sɛ anka Yesu de nea ɔyɛ no ho mmuae bɛma tee no, ɔka sɛ: “Sɛ mehyɛ me ho anuonyam a, m’anuonyam no nyɛ hwee; ɛyɛ m’agya a moka sɛ ɔne mo Nyankopɔn no na ɔhyɛ me anuonyam. Nso moanhu no, na me de, minim no; na sɛ meka sɛ minnim no a, mɛyɛ ɔtorofo sɛ mo.”

Yesu toa so na ɔka ɔnokwafo Abraham ho asɛm sɛ: “Mo agya Abraham ho san no sɛ obehu me da; na ohui, na n’ani gyei.” Yiw, ɛdenam gyidi aniwa so no, Abraham hwɛɛ Mesia a wɔhyɛɛ no ho bɔ no ba kwan. Yudafo no fi gyidi a wonni no mu bua sɛ: “Wunnya nnii mfirihyia aduonum, na wuhuu Abraham?”

Yesu bua sɛ: “Nokware, nokware, mise mo sɛ, Abraham nnya mmae no, na mewɔ hɔ.” Nokwarem no na Yesu reka n’asetra ansa na ɔbɛyɛɛ ɔdesani sɛ honhom abɔde tumfoɔ wɔ soro no ho asɛm.

Yudafo a wɔn bo afuw Yesu asɛm a ɔkae sɛ ɔwɔ hɔ ansa na Abraham reba no tase abo sɛ wɔbɛtotow abɔ no. Nanso ɔde ne ho sie na ofi asɔrefi hɔ kɔ a hwee anyɛ no. Yohane 8:37–59; Adiyisɛm 3:14; 21:8.

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ ɔne n’atamfo no agya nyɛ biako?

▪ Dɛn na Samariani a Yudafo no frɛ Yesu no kyerɛ?

▪ Yesu akyidifo a ɔka sɛ wɔrenhu owu da no kyerɛ dɛn?