Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahantanfo ne Ahobrɛasefo

Ahantanfo ne Ahobrɛasefo

Ti 39

Ahantanfo ne Ahobrɛasefo

BERE a Yesu aka Osuboni Yohane ho asɛmpa awie no, ɔde adwene si ahantanfo, atorofo a wɔatwa ne ho ahyia no so. Ɔka sɛ, “Ɛnnɛ mma te sɛ mmofra a wɔtete gua so refrɛfrɛ wɔn mfɛfo sɛ: Yɛahyɛn atɛntɛbɛn ama mo, na moansaw; yɛatwa agyaadwo ama mo, na mo werɛ anhow.”

Yesu kyerɛ dɛn? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na Yohane bae onnidi na ɔnnom, na wose: Ɔwɔ honhommɔne. Onipa ba no bae, odidi na ɔnom, na wose: Hwɛ, odidifo ne ɔsanomfo, towgyefo ne nnebɔneyɛfo adamfo.”

Ɛyɛ den sɛ wɔbɛyɛ nnipa no apɛde. Biribiara nsɔ wɔn ani. Yohane traa ase sɛ Nasirini ɔhotuafo de maa ɔbɔfo no asɛm a ɛne sɛ “na ɔrennom bobesa anaa nsa biara” no baa mu. Nanso nnipa no ka sɛ na ɔwɔ honhommɔne. Nanso, Yesu tra ase sɛ onipa biara, ontua ne ho hwee nanso wɔka sɛ ɔyɛ nneɛma tra so.

Hwɛ sɛnea ɛyɛ den sɛ wɔbɛsɔ nnipa no ani! Wɔte sɛ mmofra a wodi agoru a sɛ mmofra no bi bɔ atɛntɛbɛn a wɔn mu binom mpɛ sɛ wɔsaw anaa sɛ wotwa adwo a wɔn werɛ nhow. Nanso Yesu ka sɛ: “Nyansa nam ne nnwuma so di bem.” Yiw, adanse no—nnwuma no—ma ɛda adi sɛ sobo a wɔbɔ Yohane ne Yesu nyinaa no yɛ atoro.

Yesu toa so bɔ nkurow abiɛsa a wayɛ n’ahoɔdenne no mu pii wɔ hɔ a ɛne Korasin, Betsaida ne Kapernaum no ahohora. Yesu ka sɛ, sɛ ɔyɛɛ saa nnwuma no wɔ Fonikefo nkurow Tiro ne Sidon a, anka saa nkurow no bɛsakra wɔn adwene atweaatam ne nsõ mu. Yesu rekasa atia Kapernaum a ayɛ te sɛ ne fie wɔ ɔsom adwuma no mu no, ɔka sɛ: “Mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom asase asen wo.”

Ɛno akyi no Yesu kamfo ne soro Agya no wɔ baguam. Nea enti a ɔyɛ saa ne sɛ Onyankopɔn de honhom mu nokware a ɛsom bo hintaw anyansafo, na ɔda nneɛma a ɛyɛ nwonwa yi adi kyerɛ ahobrɛasefo, sɛnea yɛbɛka no, nkokoaa.

Awiei koraa no, Yesu de ɔfrɛ a ɛyɛ anigye ma sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.”

Ɔkwan bɛn so na Yesu de ahotɔ ma? Ɔyɛ saa denam atetesɛm a nyamesom akannifo de ato nnipa no so a sɛ nhwɛso no, Homedadi ho mmara katee ka ho a oyi nkurɔfo fi mu no so. Ɔkyerɛ wɔn a amammuifo hyɛ wɔn so ne wɔn a wɔn bɔne ma wɔn ahonim haw wɔn no nso ahotɔ kwan. Ɔma saa abrɛfo no hu sɛ wobetumi de wɔn bɔne afiri wɔn ne sɛnea wobetumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa.

Kɔndua a ɛyɛ mmerɛw a Yesu de ma no ne Onyankopɔn a obi behyira ne ho so koraa ama no, na watumi asom yɛn soro agya a ɔwɔ ayamye ne mmɔborohunu no. Na adesoa a ɛyɛ hare a Yesu de ma wɔn a wɔba ne nkyɛn no ne sɛ wobedi asetra mu ahwehwɛde a Onyankopɔn de ama a ɛyɛ N’ahyɛde a ɛwɔ Bible mu so no. Na eyinom a yebedi so no nyɛ den koraa. Mateo 11:16-30; Luka 1:15; 7:31-35; 1 Yohane 5:3.

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu bere so ahantanfo atorofo no te sɛ mmofra?

▪ Dɛn nti na Yesu kamfo ne soro Agya no?

▪ Akwan bɛn so na wɔasoa nkurɔfo no nnosoa, na ahotɔ bɛn na Yesu de ma?