Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahobrɛase ho Asuade

Ahobrɛase ho Asuade

Ti 62

Ahobrɛase ho Asuade

BERE a Yesu asa abarimaa a honhom fi wɔ no so yare wɔ ɔmansin a ɛbɛn Kaesarea Filipi akyi no, na ɔpɛ sɛ ɔsan kɔ fie wɔ Kapernaum. Nanso, na ɔpɛ sɛ ɔne n’asuafo no nkutoo kɔ sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ so asiesie wɔn ama ne wu ne wɔn asɛyɛde ahorow wɔ ne wu akyi. Ɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn sɛ: “Wɔrebeyi onipa ba no akɔhyɛ nnipa nsa, na wɔakum no, na da a ɛto so abiɛsa no, obenyan.”

Ɛwom sɛ na Yesu adi kan aka eyi ho asɛm, na asomafo baasa huu n’ahoyi no ankasa a wɔkaa ne “kɔ” ho asɛm wom no de, nanso na n’akyidifo no nte asɛm no ase ara. Ɛwom sɛ wɔn mu biara ammɔ mmɔden sɛ ɔbɛpow sɛ wobekum Yesu sɛnea Petro yɛe no de, nanso na wosuro sɛ wobebisa ho asɛm bio.

Awiei koraa no, wɔba Kapernaum a ayɛ te sɛ fie wɔ Yesu som adwuma no mu no. Ɛyɛ Petro ne asomafo afoforo bi kurom. Mmarima a wogyigye asɔrefi tow no baa Petro nkyɛn wɔ hɔ esiane sɛ ebia wɔpɛ sɛ wɔma Yesu yɛ amanne bi a wogye tom nti, wobisa sɛ: “Mo kyerɛkyerɛfo nyi drakma abien [asɔrefi] tow no anaa?”

Petro bua sɛ: “Yiw.”

Na Yesu a ebia obeduu fie hɔ nkyɛ no nim nea asi. Enti ansa na Petro bɛka asɛm no mpo no, Yesu bisa sɛ: “Simon, wudwen ho dɛn? Hefo nkyɛn na asase so ahene gyigye amanne anaa tow? Wɔn mma anaa ananafo nkyɛn?”

Petro bua sɛ: “Ananafo nkyɛn.”

Yesu ka sɛ: “Ɛnde na mma no de wɔn ho.” Esiane sɛ Yesu Agya ne amansan Hene, Onii a wɔsom no wɔ asɔrefi hɔ nti, ɛho nhia sɛ Onyankopɔn Ba no tua tow. Yesu ka sɛ: “Nanso nea ɛbɛyɛ na yɛanto wɔn hintidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kan no, wubue n’anom a, wubehu dwetɛbona [drakma anan] wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne wo.”

Bere a asuafo no hyiam, ebia wɔ Petro fie wɔ bere a wɔasan akɔ Kapernaum no, wobisa sɛ: “Hena ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu?” Yesu nim nea ɛma wobisa saa asɛm no esiane sɛ na onim nea na ɛrekɔ so wɔ wɔn mu bere a na wɔrefi Kaesarea a ɛwɔ Filipi asan aba a wɔredi n’akyi no nti. Enti obisa sɛ: “Dɛn na modwennwenee ho ɔkwan mu no?” Esiane sɛ asuafo no ani awu nti, wɔyɛ komm efisɛ na wɔregye akyinnye sɛ hena na ɔbɛyɛ ɔkɛse.

Wɔ bɛyɛ mfe abiɛsa a Yesu de akyerɛkyerɛ asuafo no akyi no, so ɛnyɛ nwonwa sɛ wogye akyinnye? Wiɛ, ɛda nkɛntɛnso a emu yɛ den a pɛ a adesamma nyɛ ne wɔn kan anyamesom wɔ wɔ wɔn so no adi. Yudafo nyamesom a wɔtetee asuafo no wom no sii dibea so dua wɔ biribiara mu. Bio nso, ebia Petro tee nka sɛ ɔkorɔn sen wɔn esiane Yesu bɔhyɛ a ɛne sɛ wɔde Ahenni no “nsafe” bɛma no no nti. Ebia na Yakobo ne Yohane nso kura adwene a ɛte saa ara esiane sɛ wohuu Yesu ahosakra no nti.

Sɛnea asɛm no te biara no, Yesu yɛ ɔyɛkyerɛ bi a ɛka koma de bɔ mmɔden sɛ obesiesie wɔn su ahorow no. Ɔfrɛ abofra bi, ɔde no gyina wɔn mfinimfini, ɔso ne mu na ɔka sɛ: “Moannan na moanyɛ sɛ mmofra a, morentumi nhyɛn ɔsoro ahenni no mu. Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abofraa yi no, ɔno ara ne ɔkɛse koraa ɔsoro ahenni no mu. Na obiara a obegye abofraa a ɔte sɛɛ biako me din mu no, wagye me.”

Hwɛ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa a ɔfaa so teɛɛ n’asuafo no so! Yesu bo amfuw wɔn na wɔamfrɛ wɔn ahantanfo, adifudepɛfo, anaasɛ aniberefo. Dabi, mmom no ɔde mmofra a wɔbrɛ wɔn ho ase, a wɔnyɛ aniberefo na mpɛn pii no wonsusuw dibea ho no yɛ mfatoho wɔ ne nkyerɛkyerɛ a ɔde ma nteɛso no mu. Enti Yesu kyerɛ sɛ ɛho hia sɛ n’asuafo no nya su horow koro no ara a mmofra a wɔbrɛ wɔn ho ase da no adi no bi. Yesu de ba awiei sɛ: “Nea ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔkɛse.” Mateo 17:22–27; 18:1–5; Marko 9:30–37; Luka 9:43–48.

▪ Bere a wɔsan baa Kapernaum no, nkyerɛkyerɛ bɛn na Yesu ti̇̃ mu, na wotie wɔ ɔkwan bɛn so.

▪ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Yesu tua asɔrefi tow no, nanso dɛn nti na otuae?

▪ Dɛn na ɛmaa asuafo no gyee akyinnye, na ɔkwan bɛn so na Yesu teɛɛ wɔn so?