Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahobrɛase wɔ Twam a Etwa To no Ase

Ahobrɛase wɔ Twam a Etwa To no Ase

Ti 113

Ahobrɛase wɔ Twam a Etwa To no Ase

PETRO ne Yohane a Yesu somaa wɔn no adu Yerusalem akɔyɛ nsiesiei ama Twam no dedaw. Ɛda adi sɛ Yesu ne asomafo afoforo du no bedu hɔ akyiri yi awia no. Bere a Yesu ne n’ahokafo no resian Ngo Bepɔw no aba no ná awia no rekɔtɔ. Eyi ne Yesu adekyee bere a etwa to a ɔde hwɛ kurow no fi Bepɔw yi so kosi ne wusɔre akyi.

Ankyɛ Yesu ne n’ahokafo no du kurow no mu na wɔkɔ ofi a wobedi Twam no wɔ mu no mu. Wɔforo atrapoe no kɔ abansoro ɔdan kɛse no mu kohu nsiesiei a wɔayɛ ama wɔn kokoam Twam afahyɛ no di no nyinaa. Ná Yesu hwɛ adeyɛ yi kwan, enti ɔka sɛ: “Ɔpɛ na mepɛe sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahu amane.”

Atetesɛm mu no, wɔn a wodi Twam no nom nsa nkuruwa anan. Bere a Yesu agye nea ɛda adi sɛ ɛne nea ɛto so abiɛsa akyi no, ɔda ase na ɔka sɛ: “Munnye eyi, na monkyɛ mu! Na mise mo sɛ, merennom bobe aba no bi bio, gye da a Onyankopɔn ahenni aba.”

Yesu sɔre bere a adidi no kɔ so no, oyi n’atade nguguso gu hɔ, ɔfa mpopaho, na ɔsaw nsu gu guasɛn mu. Ɛtaa ba sɛ ofiewura na ɔhohoro ɔhɔho nan ase. Nanso, esiane sɛ saa bere yi ofiewura biara nni hɔ nti, Yesu yɛ adwuma yi. Ná anka asomafo no mu biara betumi ayɛ, nanso ɛda adi sɛ esiane akansi a ɛwɔ wɔn mu no nti, wɔn mu biara anyɛ. Afei bere a Yesu fi ase hohoro wɔn nan ase no, wɔn ani wu.

Bere a Yesu du Petro so no, ɔka sɛ: “Meremma wonhohoro me nan ho da!”

Yesu ka sɛ: “Sɛ manhohoro wo ho a wunni m’afa.”

Petro bua sɛ: “Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na me nsa ho ne me tirim nso bi.”

Yesu bua sɛ: “Nea waguare no, enhia no aguare, gye ne nan ho hohoro, na ne ho nyinaa afi; na mo ho afi, na ɛnyɛ mo nyinaa.” Ɔka eyi efisɛ onim sɛ Yuda Iskariot rehwehwɛ sɛnea obeyi no ama.

Bere a Yesu ahohoro 12 no nyinaa nan ho a nea obeyi no ama a ɔne Yuda nso ka ho awie no, ɔhyɛ n’atade nguguso no na ɔtra ase wɔ ɔpon no ho bio. Afei obisa sɛ: “Moahu nea mayɛ mo yi? Mo de, mofrɛ me kyerɛkyerɛfo ne Awurade, na moka nokware; na meyɛ. Afei sɛ me, Awurade ne kyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ sɛ mohohoro mo ho mo ho anan ho. Na mama mo sɛnnahɔ sɛ, sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara. Nokware, nokware, mise mo sɛ: Akoa nsen ne wura, na ɔsomafo nsen nea ɔsomaa no.”

Ahobrɛase mu a wofi som ho asuade fɛfɛ bɛn ara ni! Ɛnsɛ sɛ asomafo no hwehwɛ sɛ wobedi kan, a wosusuw sɛ wɔn ho hia araa ma ɛsɛ sɛ afoforo som wɔn bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ wodi nhwɛso a Yesu yɛe no akyi. Eyi nnyɛ amanne kwan so nan ho hohoro no bi. Dabi, na mmom ɛyɛ obi pɛ mu a ofi som a ɔnyɛ nyiyim a sɛnea adwuma no ba fam anaa ɛyɛ den no mfa ho. Mateo 26:20, 21; Marko 14:17, 18; Luka 22:14–18; 7:44; Yohane 13:1–17.

▪ Dɛn na ɛyɛ soronko wɔ Yerusalem a Yesu hu bere a ɔrehyɛn kurow no mu akodi Twam afahyɛ no ho?

▪ Wɔ Twam no ase no, ɛda adi sɛ kuruwa bɛn na Yesu de ma asomafo 12 no bere a wahyira so no akyi no?

▪ Bere a Yesu wɔ asase so no, ná ɔsom bɛn na wɔde ma ɔhɔho, na dɛn nti na wɔanyɛ bere a Yesu ne asomafo no dii Twam no?

▪ Ná dɛn ne Yesu atirimpɔw wɔ ɔsom a ɛba fam a ɛne n’asomafo no anan ho a ɔhohoroe no ho?