Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahosiesie Ma Ɔtaa a Wobehyia

Ahosiesie Ma Ɔtaa a Wobehyia

Ti 50

Ahosiesie Ma Ɔtaa a Wobehyia

BERE a Yesu akyerɛ n’asomafo no sɛnea wɔbɛyɛ wɔn asɛnka adwuma no akyi no, ɔbɔ wɔn kɔkɔ wɔ asɔretiafo ho. Ɔka sɛ: “Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini . . . Monhwɛ mo ho yiye nnipa ho; na wobeyi mo ama mpanyimfo gua, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu. Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahene anim.”

Wɔ ɔtaa a emu yɛ den a Yesu asuafo no behyia nyinaa akyi no, ofi nkuranhyɛ mu hyɛ bɔ sɛ: “Na sɛ woyi mo ma a, munnnwinnwen sɛnea mobɛkasa anaa nea mobɛka, na wɔde nea mobɛka bɛma mo ɛdɔn no ara mu. Na ɛnyɛ mo na mobɛkasa, na mo agya honhom no na ɔkasa mo mu.”

Yesu toa so sɛ: “Na onua beyi onua ama owu, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofo, na wɔama wɔakum wɔn.” Ɔde ka ho sɛ: “Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo; na nea obegyina ano akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.”

Asɛnka no na ɛho hia titiriw. Enti Yesu si sɛnea nhumu ho hia na ama wɔade wɔn ho wɔ adwuma no yɛ mu no so dua. Ɔka sɛ: “Na sɛ wɔtaa mo wɔ kurow yi mu a, munguan nkɔ foforo mu; na nokware mise mo sɛ, morenwie Israel nkurow nyinaa ansa na onipa ba no aba.”

Ɛwom sɛ Yesu de ahyɛde, kɔkɔbɔ ne nkuranhyɛ yi maa n’asomafo 12 no de, nanso na ɛfa wɔn a wobenya asɛnka a wɔbɛyɛ no wiase nyinaa mu kyɛfa wɔ ne wu ne ne wusɔre akyi no nso ho. Eyi da adi wɔ ka a ɔka sɛ ‘nnipa nyinaa bɛtan’ n’asuafo no, ɛnyɛ Israelfo a asomafo no kaa asɛm kyerɛɛ wɔn no nkutoo no mu. Bio nso, ɛda adi sɛ wɔamfa asomafo no ankɔ amradofo ne ahene anim bere a Yesu somaa wɔn wɔ wɔn bere tiaa mu asɛnka ɔsatu no mu no. Afei, wɔn a wɔagye adi abusuafo anyi wɔn amma owu.

Enti bere a Yesu kae sɛ n’asuafo no renka asɛm no nwie wɔ wɔn mansin no mu “ansa na onipa ba no aba” no, na ɔrehyɛ yɛn nkɔm sɛ n’asuafo no renwie wiase mũ no nyinaa mu Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛnka na Ɔhene Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no aba sɛ Yehowa brafo panyin wɔ Harmagedon.

Yesu retoa n’asɛnka ho ahyɛde ahorow a ɔde ma no so no, ɔka sɛ: “Osuani nsen ne kyerɛkyerɛfo, na akoa nsen ne wura.” Enti ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo hwɛ kwan sɛ wobehyia amanehunu ne ɔtaa a ohyiae no esiane Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm a wɔka no nti. Nanso ɔde afotu ma sɛ: “Munnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.”

Na ɛsɛ sɛ Yesu yɛ nhwɛso wɔ asɛm yi mu. Ná obewu wɔ akokoduru mu mmom asen sɛ obegyaa ne nokwaredi ma Nea Ne nkutoo wɔ tumi, Yehowa Nyankopɔn no mu asiesie. Yiw, Yehowa nkutoo na obetumi asɛe obi “kra” (ɛha no ɛkyerɛ hokwan a obi de bɛtra ase daakye sɛ ɔkra teasefo) anaasɛ obetumi anyan no mmom na wanya daa nkwa. Ɔsoro Agya a ɔwɔ ayamhyehye bɛn ara na Yehowa yɛ sɛɛ yi!

Afei Yesu de ɛbɛ bi a esi ɔdɔ mu a Yehowa fi hwɛ wɔn no so dua hyɛ n’asuafo no nkuran. Obisa sɛ: “So wɔntɔn nkasanoma abien nnye ɔban? Nanso wɔn mu biako mpo nkwati mo agya nhwe fam. Na mo ti nhwi mpo, wɔakan. Enti munnsuro! Mosen nkasanoma bebree.”

Ahenni ho asɛm a Yesu hyɛ n’asuafo sɛ wɔnka no bɛpaapae afi mu, efisɛ abusua bi mufo binom begye atom na ebinom apow. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Munnsusuw sɛ mede asomdwoe baa asase so; ɛnyɛ asomdwoe na mede bae, na mmom nkrante.” Enti, ehia akokoduru na abusua bi muni atumi agye Bible mu nokware no. Yesu ka sɛ: “Nea ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛn me no, ɔnsɛ me; na nea ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabea kyɛn me no, ɔnsɛ me.”

Yesu de n’ahyɛde ahorow a ɔde ma no ba awiei na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ wɔn a wogye n’asuafo no gye ɔno nso. “Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu biako nsuonwini kuruwa ma osuani din mu no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.” Mateo 10:16–42.

▪ Kɔkɔbɔ ahorow bɛn na Yesu de ma n’asuafo no?

▪ Nkuranhyɛ ne awerɛkyekye bɛn na ɔde ma wɔn?

▪ Dɛn nti na Yesu ahyɛde ahorow no fa nnɛ bere yi mu Kristofo nso ho?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu suani nsen ne kyerɛkyerɛfo?