Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahummɔbɔ ho Adesua

Ahummɔbɔ ho Adesua

Ti 40

Ahummɔbɔ ho Adesua

EBIA Yesu da so ara wɔ Nain, faako a onyan okunafo bi ba a ɛnkyɛe no, anaasɛ ebia ɔwɔ kurow bi a ɛbɛn hɔ mu. Farisini bi a wɔfrɛ no Simon pɛ sɛ ohu nea ɔyɛ nnwuma akɛse a ɛte saa no yiye. Enti ɔfrɛ Yesu adidi.

Yesu fa adeyɛ no sɛ hokwan a ɔde bɛsom wɔn a wɔbɛba hɔ no nti, ɔpene ɔfrɛ no so te sɛ nea towgyefo ne abɔnefo frɛ no adidi a ɔkɔ no ara. Nanso bere a Yesu kɔ Simon fie no, wɔnsom no te sɛ nea wɔtaa yɛ ahɔho no.

Anan a ɛhyehyɛ mpaboa mu yɛ hyew na akwantu mu tutuw ma ɛho yɛ fi, enti na ɛyɛ amanne ne ayamye sɛ wɔde nsuonwini bɛhohoro ahɔho anan ase. Nanso bere a Yesu du hɔ no wɔanhohoro ne nan ase. Wannya mfewano a wɔde ma akwaaba a wɔtaa yɛ no nso bi. Na wɔamfa amanne kwan so ayamye ngo ansra ne tirim.

Wɔ adidi no mu, bere a ahɔho no tete ɔpon ho no, ɔbea bi a wɔamfrɛ no ba ɔdan no mu dinn. Ɔbɔ ɔbra bɔne wɔ kurow no mu. Ɛda adi sɛ na wate Yesu nkyerɛkyerɛ ahorow a nea ɛka ho ne ɔfrɛ a ɔde ma ‘wɔn a wɔasoa wɔn nnosoa nyinaa sɛ wɔmmra ne nkyɛn mmenya ɔhome’ no. Esiane sɛ nea wahu na wate no aka ne koma nti ɔhwehwɛ Yesu.

Ɔbea no begyina Yesu akyi wɔ ɔpon no ho na ɔkotow ne nan ase. Bere a ne nusu gu Yesu nan ho no ɔde ne ti nhwi popa. Ohwie aduhuam fi ne toaa mu, na ofew ne nan ho na ɔde aduhuam no sra ho. Simon ani nnye ho. Ɔka sɛ, “Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifo a, anka obehu onii ne ɔbea ko a ɔde ne nsa ka no yi; na ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo.”

Yesu hu n’adwene na ɔka sɛ: “Simon, mewɔ asɛm bi meka mekyerɛ wo.”

Obua sɛ, “Kyerɛkyerɛfo, ka!”

Yesu fi ase sɛ, “Ɔkafo bi wɔ adefirifo baanu; obiako de no denare ahannum, na obiako de no aduonum. Na wonnya biribi ntua no, ɔde kyɛɛ wɔn baanu nyinaa kwa. Enti kyerɛ me wɔn mu nea ɔbɛdɔ no bebree.”

Esiane sɛ ɛte sɛ nea asemmisa no mfa nea asi no ho hwee nti ebia Simon de abufuw ka sɛ, “Misusuw sɛ nea ɔde bebree kyɛɛ no no.”

Yesu ka sɛ, “Woabua no yiye.” Afei ɔdan ne ho kyerɛ ɔbea no na ɔka kyerɛ Simon sɛ: “So woahu ɔbea yi? Mebaa wo fi, woamma me nsu mangu me nan so, na ɔbea yi de, ɔde ne nusu afɔw me nan ho, na ɔde ne ti nhwi apopa ho. Woamfew m’ano; na ɔbea yi de, efii sɛ mebaa ha yi, onnyaee me nan ho few ɛ. Woamfa ngo ansra me tirim, na ɔbea yi de, ɔde ngo huamhuam asra me nan ho.”

Enti ɔbea no akyerɛ ahonu a efi komam wɔ ne kan abrabɔ bɔne no ho. Enti Yesu ka sɛ: “Eyi nti mise wo sɛ, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no afiri, efisɛ ɔdɔ pii. Na nea wɔde kakraa firi no no, ɔdɔ kakraa.”

Yesu mpene ɔbra bɔne so ɔkwan biara so. Mmom no, adeyɛ yi da n’ayamye ne ntease a ɔwɔ ma nnipa a wodi mfomso wɔ asetra mu nanso afei wonu wɔn ho na wɔba Yesu nkyɛn sɛ onye wɔn no adi. Yesu ma ɔbea no nya nokware ahotɔ na ɔka sɛ: “Wɔde wo bɔne afiri wo. . . . Wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!” Luka 7:36-50; Mateo 11:28-30.

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu fiewura Simon gye no?

▪ Hena na ɔhwehwɛ Yesu, na dɛn ntia?

▪ Ɛbɛ bɛn na Yesu bu, na ɔde di dwuma ɔkwan bɛn so?