Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akyinnyegye Sɔre

Akyinnyegye Sɔre

Ti 115

Akyinnyegye Sɔre

ANWUMMERE no, na Yesu adi kan akyerɛ ahobrɛase a wɔde som ho asuade pa bi denam n’asuafo no anan ase a ɔhohoroe so. Ɛno akyi no, ɔde ne wu a na ɛrebɛn no ho Nkaedi sii hɔ. Afei, esiane nea aba a ɛnkyɛe no titiriw nti, asɛm bi a ɛyɛ ahodwiriw si. Asomafo no de wɔn ho hyɛ akyinnyegye a emu yɛ den a ɛfa wɔn mu nea ɔyɛ kɛse ho mu! Ɛda adi sɛ ná eyi yɛ akasakasa bi a na ɛrekɔ so fã.

Kae sɛ Yesu sakrae wɔ bepɔw no so akyi no, asomafo no gyee akyinnye wɔ wɔn mu nea ɔyɛ ɔkɛse ho. Bio nso, Yakobo ne Yohane kobisae sɛ wɔmma wɔn dibea a ɛkorɔn wɔ Ahenni no mu, na ɛde akasakasa foforo baa asomafo no mu. Afei, anadwo a etwa to a Yesu ne wɔn wɔ hɔ no, hwɛ sɛnea ne werɛ bɛhow sɛ ohu sɛ wodi anobaebae bio! Dɛn na ɔyɛ?

Sɛ́ anka Yesu bɛka asomafo no anim wɔ wɔn suban no ho mmom no, ɔde ntoboase ne wɔn susuw nsɛm ho bio: “Wiase amanaman di wɔn so ahensɛm, na wɔn a wodi wɔn so tumi no, wɔfrɛ wɔn adɛɛfo. Na mo de, monnyɛ saa. . . . Na hena na ɔso, nea ɔte aduan ho anaasɛ nea ɔsom? Ɛnyɛ nea ɔte aduan ho?” Afei, ɔrekae wɔn ne nhwɛso no, ose: “Na me de, mewɔ mo mu sɛ nea ɔsom.”

Asomafo no sintɔ akyi no, wɔaka Yesu ho wɔ ne sɔhwɛ mu. Enti ose: ‘Sɛnea m’Agya ne me ayɛ apam ahenni ho no, saa ara na me nso me ne mo yɛ.’ Saa apam a Yesu ankasa ne n’akyidifo anokwafo no yɛ no ma wɔka ne ho wɔ n’ahenni no mu. Awiei koraa no, nnipa kakraa bi pɛ a wɔyɛ 144,000 na wɔde wɔn ba Ahenni apam yi mu.

Ɛwom sɛ wɔde anidaso a ɛyɛ nwonwa a ɛne sɛ wɔne Kristo benya Ahenni nniso mu kyɛfa no ama asomafo no de, nanso mprempren de wɔyɛ mmerɛw honhom mu. Yesu se: “Me ho bɛyɛ mo nyinaa hintidua.” Bere a Yesu ka kyerɛ Petro sɛ wabɔ mpae ama no no, ɔhyɛ no sɛ: “Wo de, sɛ daakye wodan a, hyɛ wo nuanom den.”

Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mma nkumaa, bere tiaa bi na aka a me ne mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛnea meka mekyerɛɛ Yudafo no sɛ: Nea merekɔ no, mo de, muntumi mma hɔ no, saa ara na mise mo nso afei. Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”

Petro bisa sɛ: “Awurade, ɛhe na worekɔ?”

Yesu bua sɛ: “Nea merekɔ no, wuntumi nni m’akyi mprempren; na akyiri no na wubedi m’akyi.”

Petro bisa sɛ: “Awurade, ɛdɛn nti na mintumi minni w’akyi mprempren? Mede me kra mɛto hɔ mama wo!”

Yesu bisa sɛ: “Wode wo kra bɛto hɔ ama me? Nokware mise wo sɛ, ɛnnɛ anadwo yi, akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa.”

Petro kasa anibere so sɛ: “Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wu po a, merempa wo da!” Na bere a asomafo afoforo no nso ka saa ara no, Petro hoahoa ne ho sɛ: “Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa hintidua mpo a, me de, ɛrenyɛ me hintidua da.”

Yesu retwe adwene asi bere a ɔsomaa asomafo no ma wɔkɔkaa asɛm wɔ Galilea a na wonkura sika kotoku ne akwantu bɔtɔwa no so no, obisa sɛ: “Biribi hiaa mo anaa?”

Wobua sɛ: “Anhia yɛn hwee.”

Ose: “Afei de, nea ɔwɔ sika kotoku no, ɔmfa, ne akwantu bɔtɔwa saa ara; na nea onni bi no, ɔntɔn ne ntama mfa ntɔ nkrante. Na mise mo sɛ, eyi na wɔakyerɛw nso, etwa sɛ ɛba mu wɔ me ho sɛ: Wɔakan no afra mmaratofo mu. Na nea ɛfa me ho no wɔ awiei.”

Yesu reka bere a wɔbɛbɔ no duam aka abɔnefo, anaasɛ mmaratofo ho no ho asɛm. Afei nso ɔrekyerɛ sɛ ɛno akyi no, n’akyidifo behyia ɔtaa a emu yɛ den. Wose: “Awurade, hwɛ, nkrante abien ni.”

Obua sɛ: “Ɛdɔɔso.” Sɛnea yebehu no, ɛrenkyɛ na nkrante a wɔwɔ wɔ wɔn ho no ama Yesu akyerɛ wɔn asuade foforo a ɛho hia. Mateo 26:31–35; Marko 14:27–31; Luka 22:24–38; Yohane 13:31–38; Adiyisɛm 14:1–3.

▪ Dɛn nti na asomafo no akyinnyegye no yɛ ahodwiriw kɛse?

▪ Yesu di akyinnyegye no ho dwuma dɛn?

▪ Dɛn na apam a Yesu ne n’asuafo no yɛe no yɛ?

▪ Ahyɛde foforo bɛn na Yesu de ma, na ɛho hia dɛn?

▪ Ahotoso ntraso bɛn na Petro da no adi, na dɛn na Yesu ka?

▪ Dɛn nti na Yesu nkyerɛkyerɛ a ɔde ma wɔ sika kotoku ne akwantu bɔtɔwa ho no yɛ soronko wɔ nea na wadi kan de ama no ho?