Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ampa Ara Onyankopɔn Ba Ni!”

“Ampa Ara Onyankopɔn Ba Ni!”

Ti 126

“Ampa Ara Onyankopɔn Ba Ni!”

YESU fam dua no ho nkyɛe, na owigyinae no, anwonwa kwan so sum bi duru nnɔnhwerew abiɛsa. Ɛnyɛ awia a eduru sum na ɛma ɛba saa, efisɛ eyi si wɔ ɔsram foforo mfiase nkutoo, na na ɔsram no atwa puruw wɔ Twam bere no mu. Afei nso, owia a eduru sum di simma kakraa bi pɛ. Enti Onyankopɔn na ɔma sum no duru! Ɛda adi sɛ ɛma wɔn a wodi Yesu ho fɛw no gyina, na ɛma wogyae wɔn fɛwdi no mpo.

Sɛ anwonwade a ɛkanyan ehu yi si ansa na ɔdebɔnefo biako no ka nea na ɔka ne ho no anim, na ɔka kyerɛ Yesu sɛ ɔnkae no no a, ɛnde ebia na ɛka ho bi na ɛma onya adwensakra. Ebia ɛyɛ bere a sum no durui no mu na mmea baanan a wɔne Yesu ne na, ne ne nuabea Salome, Maria Magdalene, ne Maria, ɔsomafo Yakobo Kumaa ne na kɔ asɛndua no ho pɛɛ. Na Yohane, Yesu ɔsomafo a ɔdɔ no no ka wɔn ho wɔ hɔ.

Hwɛ sɛnea Yesu ne na ‘di yaw wɔ ne komam,’ bere a ɔhwɛ ne ba a ɔhwɛɛ no na ɔyɛn no no sɛ ɔsɛn hɔ rehu amane! Nanso, na Yesu nnwen ne yaw no ho, na mmom ne na yiyedi ho. Ɔde mmɔdenbɔ kɛse bɔ ne ti nko kyerɛ Yohane, na ɔkyerɛ ne na sɛ: “Ɔbea, hwɛ, wo ba ni!” Afei ɔbɔ ne ti nko kyerɛ Maria na ɔka kyerɛ Yohane sɛ: “Hwɛ, wo na ni!”

Yesu nam saayɛ so de ne na a ɛda adi sɛ saa bere no ɔyɛ okunafo no hyɛ ne somafo a ɔdɔ no titiriw, Yohane, nsa sɛ ɔnhwɛ no. Ɔyɛ eyi efisɛ na Maria mmabarima a wɔaka no nnyaa ne mu gyidi ɛ. Enti ɔyɛ nhwɛso pa a ɛne sɛ ɛnyɛ ne na honam fam ahiade ho nhyehyɛe nko na ɔyɛe, na mmom ne honhom fam de nso.

Bɛyɛ awia nnɔnabiɛsa no, Yesu ka sɛ: “Osukɔm de me.” Afei, bere a ɔte nka sɛ ɛte sɛ nea n’Agya mmɔ ne ho ban bio, na ama wɔatumi asɔ ne mudi mu kura ahwɛ akodu ase no, ɔde nne kɛse teɛm sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?” Bere a ebinom a wogyina hɔ te eyi no, wɔteɛm sɛ: “Hwɛ, ɔrefrɛ Elia!” Na ntɛm ara wɔn mu biako tu mmirika, na ɔde sapɔw bɔ nsa nyinyanyinya mu tua demmire ano de ma no sɛ ɔnnom. Nanso afoforo ka sɛ: “Munnyae mma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abeyi no asi fam anaa.”

Bere a Yesu gye nsa nyinyanyinya no, ɔteɛm sɛ: “Wɔawie!” Yiw, wawie biribiara a n’Agya somaa no baa asase so sɛ ɔmmɛyɛ no. Awiei koraa no, ɔka sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ.” Yesu nam saayɛ so de ne nkwa tumi hyɛ Onyankopɔn nsa a ɔwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛsan de ama no bio. Afei osi ne ti ase na owu.

Bere a Yesu gu ahome a etwa to no, asasewosow kɛse bi ba, na ɛma abotan mu paapae. Asasewosow no ano yɛ den araa ma adamoa a ɛwɔ Yerusalem kurow no akyi no buebue na amu no bɔ pete. Wɔn a wɔretwam a wohui sɛ amu no deda abɔnten no kɔ kurow no mu kɔbɔ amanneɛ.

Afei nso, bere a Yesu wu ara pɛ no, ntama kɛse a etwa Onyankopɔn asɔrefi no Kronkronbea ne Kronkron mu Kronkronbea ntam no mu tew abien, fi soro besi fam. Ɛda adi sɛ na nkataanim a wɔadi mu adwini fɛfɛ yi sorokɔ bɛyɛ anammɔn 60, na na emu yɛ duru yiye! Ɛnyɛ sɛ anwonwade yi da Onyankopɔn abufuw a etia wɔn a wokum Ne Ba no adi nko, na mmom ɛkyerɛ sɛ Yesu wu no abue kwan a wɔde bɛkɔ Kronkron mu Kronkronbea wɔ ɔsoro ankasa no mu nso.

Bere a nkurɔfo te asasewosow no nka na wohu nea esisi no, ehu kɛse ka wɔn. Asraafo panyin a otua wɔn a wokum no no ano no hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Ɔpae mu ka sɛ: ‘Ampa ara Onyankopɔn Ba ni.’ Ebia na ɔwɔ hɔ bere a wɔkaa Onyankopɔn ba a Yesu kyerɛe sɛ ɔyɛ no ho asɛm, bere a na wɔredi n’asɛm wɔ Pilato anim no. Na afei ogye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba, yiw, sɛ ɔne ɔbarima a ɔsen biara a watra ase pɛn.

Anwonwasɛm a esisii no nya afoforo so nkɛntɛnso na wɔsan kɔ fie a na wɔbobɔ wɔn koko, de kyerɛ wɔn awerɛhowdi kɛse ne wɔn aniwu. Na Yesu asuafo pii a wɔyɛ mmea a nsɛm atitiriw a esisii no aka wɔn kɛse no gyinagyina akyirikyiri rehwɛ nea ɛrekɔ so no. Ɔsomafo Yohane nso wɔ hɔ. Mateo 27:45-56; Marko 15:33-41; Luka 23:44-49; 2:34, 35; Yohane 19:25-30.

▪ Dɛn nti na ɛnyɛ awia a eduru sum na ɛmaa esum durui nnɔnhwerew abiɛsa no?

▪ Bere tiaa bi ansa na Yesu rewu no, nhwɛso pa bɛn na ɔyɛ maa wɔn a wɔwɔ awofo a wɔn mfe akɔ anim no?

▪ Nsɛm anan a etwa to bɛn na Yesu kae ansa na ɔrewu?

▪ Dɛn na asasewosow no tumi yɛ, na dɛn na ntama a wɔde atwa asɔrefi no mu a ɛtew abien no kyerɛ?

▪ Anwonwade ahorow no kaa asraafo panyin a na otua wɔn a wokum no no ano no dɛn?