Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anibere Da Mfiase

Anibere Da Mfiase

Ti 105

Anibere Da Mfiase

BERE a Yesu fi Yerusalem Dwoda anwummere no, ɔsan kɔ Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔw no apuei fam abon mu no. Ne som adwuma a etwa to wɔ Yerusalem no mu nnanu aba awiei. Ɛda adi sɛ Yesu da n’adamfo Lasaro fi anadwo no. Efi bere a ofi Yeriko bae Fida no, eyi ne anadwo a ɛto so anan a wada Betania.

Afei, Benada anɔpa tutuutu, Nisan 11 no, ɔne n’asuafo no si kwan so bio. Eyi yɛ anibere da wɔ Yesu som adwuma no mu, nea dwumadi wom sen biara. Ɛne da a etwa to a ɔkɔ asɔrefi hɔ. Na ɛyɛ ne baguam ɔsom adwuma no da a etwa to ansa na wɔadi n’asɛm na wɔakum no.

Yesu ne n’asuafo no fa ɔkwan a ɛda Ngo Bepɔw no so kɔ Yerusalem no ara so. Wofi Betania ba no, Petro hu dua a Yesu domee no da a atwam no. Ɔka sɛ: “Rabi, hwɛ, borɔdɔma a wodomee no no awu!”

Nanso dɛn nti na Yesu kum dua no? Ɔkyerɛ nea enti a ɔyɛ saa bere a ɔkɔ so ka sɛ: “Nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi na munnye akyinnye a, ɛnyɛ borɔdɔma yi de nko na mobɛyɛ, na anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi [Ngo Bepɔw a wogyina so no] sɛ: Twiw na kɔhwe po mu! na ɛbɛyɛ. Na biribiara a mubebisa mpaebɔ mu na mugye di no, mubenya.”

Enti Yesu nam dua no a ɔdomee no ma ewui no so ma n’asuafo no nya sɛnea wohia Onyankopɔn mu gyidi no ho asuade. Sɛnea ɔka no: “Ade biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mubenya, na ɛbɛyɛ ama mo.” Hwɛ sɛnea eyi yɛ asuade ma wɔn, titiriw no esiane sɔhwɛ a ɛyɛ hu a ɛrenkyɛ ɛbɛba no nti! Nanso, sɛnea borɔdɔma dua a ewui no fa gyidi ho no ho asɛm foforo wɔ hɔ.

Te sɛ borɔdɔma dua yi no, Israel man no hwɛbea yɛ nnaadaa. Ɛwom sɛ ɔman no ne Onyankopɔn ayɛ apam, na ɛte sɛ nea wodi n’ahyɛde ahorow so de, nanso ɛda adi sɛ wonni gyidi, wɔnsow aba pa biara. Esiane sɛ wonni gyidi nti, wɔrepow Onyankopɔn ankasa Ba no mpo! Enti Yesu nam borɔdɔma dua a ɛnsow aba a ɔdomee no no so yɛ nea awiei koraa no ɛbɛba ɔman a ɛnsow aba, enni gyidi yi so no ho ɔyɛkyerɛ.

Bere tiaa bi akyi no, Yesu ne n’asuafo no du Yerusalem na wɔkɔ asɔrefi hɔ sɛnea wɔyɛ daa no, na Yesu fi ase kyerɛkyerɛ. Ɛda adi sɛ esiane nea Yesu yɛɛ sikasesafo no da a atwam no nti, asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no bisa sɛ: “Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi? anaasɛ hena na ɔmaa wo tumi sɛ yɛ eyinom?”

Yesu ma mmuae sɛ: “Mebisa mo asɛm biako, na mummua me, na mɛkyerɛ mo tumi ko a mede meyɛ eyinom: Yohane asubɔ no, efi soro anaasɛ efi nnipa?”

Asɔfo ne mpanyimfo no fi ase tu agyina de hwehwɛ mmuae a wɔbɛma. “Sɛ yɛka sɛ efi soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnde ɛdɛn nti na moannye no anni? Anaa yɛnka sɛ: Efi nnipa? nanso wosuro nkurɔfokuw no; efisɛ nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifo ampa.”

Mpanyimfo no nhu sɛnea wobebua. Enti wobua Yesu sɛ: “Yennim.”

Yesu nso ka sɛ: “Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ eyinom menkyerɛ mo.” Mateo 21:19-27; Marko 11:19-33; Luka 20:1-8.

▪ Dɛn titiriw na ɛfa Benada Nisan 11 ho?

▪ Asuade bɛn na Yesu de ma bere a ɔdome borɔdɔma dua no?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu bua wɔn a wobisa tumi a ɔde yɛ nneɛma no?