Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anigye Fibea

Anigye Fibea

Ti 75

Anigye Fibea

WƆ YESU som adwuma wɔ Galilea no mu no, ɔyɛɛ anwonwade ahorow pii, na afei ɔyɛ eyi bio wɔ Yudea. Sɛ nhwɛso no, otu honhommɔne fi ɔbarima bi a honhommɔne ama wadan mum no mu. Nnipadɔm no ho dwiriw wɔn nanso akasatiafo ka asɛm koro no ara a wɔkae wɔ Galilea no. Wɔka sɛ: “Ɔnam ahonhommɔne panyin Beelsebul so na etu ahonhommɔne.” Afoforo nso pɛ adanse pii afi Yesu hɔ wɔ onii ko a ɔyɛ no ho na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ no ahwɛ denam ɔsoro sɛnkyerɛnne a wobisa fi ne hɔ no so.

Esiane sɛ Yesu nim nea wosusuw nti, ɔde mmuae koro no ara a ɔde maa wɔn a wɔkasa tiaa no wɔ Galilea no ma wɔn a wɔwɔ Yudea no. Ɔka sɛ ahenni biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no bɛhwe ase. Obisa sɛ: “Na sɛ Satan nso ne ne ho di mpaapaemu a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina?” Ɔda wɔn a wɔkasa tia no no gyinabea a asiane wom no adi denam eyi a ɔka no so, sɛ: “Na sɛ mede Nyankopɔn nsateaa mitu ahonhommɔne a, ɛnde na Onyankopɔn ahenni aba mo so.”

Ɛsɛ sɛ wɔn a wohu Yesu anwonwade ahorow no di ho dwuma te sɛ nea wɔn a wohui sɛ Mose yɛɛ anwonwade wɔ mfehaha pii a atwam no mu no yɛe no. Wɔteɛɛm sɛ: “Onyankopɔn nsateaa ni.” Ɛyɛ “Onyankopɔn nsateaa” na ekurukyerɛw Mmara Nsɛm Du no guu abo apon so no. Na “Onyankopɔn nsateaa”—ne honhom kronkron, anaasɛ n’adeyɛ tumi na ɛma Yesu tu ahonhommɔne na ɔsa ayarefo yare. Enti Onyankopɔn ahenni aba wɔn a wɔkasa tia no no so efisɛ Yesu, Ahenni no Hene a wɔapaw no no wɔ wɔn ntam. Yesu kyerɛkyerɛ sɛ ahonhommɔne a otumi tu wɔn no yɛ Satan so tumi a ɔwɔ no ho adanse, te sɛ nea ɔbarima bi a ɔwɔ ahoɔden kɛse bedi ɔbarima a ɔwɔ akode a ɔwɛn n’ahemfi so no. Ɔsan ti̇̃ mfatoho a ɔde mae wɔ Galilea a ɛfa honhom fĩ bi a efi onipa mu nanso bere a onipa no mfa nneɛma pa nsi ananmu no, honhom no san ne ason foforo ba, na onipa no tebea bɛyɛ bɔne sen kan no no mu.

Bere a ɔbea bi retie saa nkyerɛkyerɛ ahorow yi no, ɛkanyan no wɔ nnipadɔm no mu ma ɔteɛm denneennen sɛ: “Nhyira ne yafunu a ɛwoo wo ne nufu a wunumii!” Esiane sɛ na ɛyɛ Yudani bea biara pɛ sɛ ɔbɛyɛ odiyifo, titiriw Mesia no maame nti, ntease wom sɛ ɔbea yi ka eyi. Ɛda adi sɛ osusuwii sɛ Maria ani betumi agye titiriw esiane sɛ ɔyɛ Yesu maame nti.

Nanso Yesu kyerɛ ɔbea no nea ɛyɛ nokware anigye fibea ntɛm ara. Obua sɛ: “Ampa ara nhyira ne wɔn a wɔte Onyankopɔn asɛm na wodi so!” Yesu ankyerɛ da sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nidi soronko bi ma ne maame Maria. Mmom no, ɔkyerɛe sɛ obi nya nokware anigye denam Onyankopɔn akoa nokwafo a ɔyɛ so na ɛnyɛ honam fam abusuabɔ biara anaasɛ nea watumi ayɛ so.

Sɛnea Yesu yɛe wɔ Galilea no, ɔkɔ so ka nnipa no anim sɛ wobisa ɔsoro sɛnkyerɛnne. Ɔka kyerɛ wɔn sɛ ɔmma sɛnkyerɛnne biara gye Yona sɛnkyerɛnne no. Yona nam nnansa a odii wɔ apataa yam ne asɛm a ɔde akokoduru kae a ɛmaa Niniwefo sakrae no so bɛyɛɛ sɛnkyerɛnne. Yesu ka sɛ: “Na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha.” Saa ara na Seba hemmea no ho dwiriw no wɔ Salomo nyansa ho. Yesu ka sɛ: “Na hwɛ, nea ɔsen Salomo wɔ ha.”

Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ sɛ obi sɔ kanea a, ɔmmfa nnhyɛ kokoam anaasɛ kɛntɛn ase na mmom ɔde si kaneadua so sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa betumi ahu ne hann. Ebia na ɔkyerɛ sɛ nkyerɛkyerɛ ne awonwade a ɔyɛ wɔ saa nnipa a wɔn koma apirim a wɔwɔ n’atiefo mu anim yi te sɛ nea wɔde kanea hann sie. Saa bɛhwɛadefo no aniwa nye anaasɛ wɔmfa nsi biribi so ma enti n’awonwade ahorow no atirimpɔw nyɛ hɔ.

Yesu atu ahonhommɔne na wama mum akasa wɔ bere tiaa a atwam no mu. Ɛsɛ sɛ eyi kanyan nnipa a wɔn aniwa ye na wɔde asi biribi so no ma wɔkamfo anuonyam adeyɛ yi na wɔka asɛmpa no! Nanso eyi amma saa wɔ saa akasatiafo yi fam. Enti Yesu de ba awiei sɛ: “Enti hwɛ yiye, na hann a ɛwɔ wo mu no annan sum. Enti sɛ wo nipadua nyinaa yɛ hann na baabiara nni sum a, ne nyinaa bɛyɛ hann, sɛnea kanea de ne hyerɛn ma wo hann no.” Luka 11:14–36; Exodus 8:18, 19; 31:18; Mateo 12:22, 28.

▪ Dɛn na wɔyɛe wɔ sa a Yesu sa ɔbarima no yare no ho?

▪ Dɛn ne “Onyankopɔn nsateaa,” na ɔkwan bɛn so na na Onyankopɔn ahenni aba Yesu atiefo no so?

▪ Dɛn ne nokware anigye fibea?

▪ Ɔkwan bɛn so na onipa betumi anya aniwa a eye?