Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anwonwade Pii Wɔ Kapernaum

Anwonwade Pii Wɔ Kapernaum

Ti 23

Anwonwade Pii Wɔ Kapernaum

HOMEDA a edi bere a Yesu frɛɛ n’asuafo baanan a wodi kan—Petro, Andrea, Yakobo ne Yohane—akyi no, wɔn nyinaa kɔ hyiadan a ɛwɔ Kapernaum no mu. Ɛhɔ no, Yesu fi ase kyerɛkyerɛ na ɛyɛ nnipa no nwonwa efisɛ ɔkyerɛkyerɛ sɛ obi a ɔwɔ tumi na ɛnyɛ sɛ kyerɛwfo no.

Wɔ homeda yi no, ɔbarima bi a ɔwɔ adaemone ba hɔ. Bere tiaa bi akyi no, ɔde nne a emu yɛ den teɛm sɛ: “Dɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn? Minim wo nipa ko, Onyankopɔn hotefo no.”

Adaemone a ɔwɔ ɔbarima no so no yɛ Satan abɔfo no mu biako ankasa. Yesu ka adaemone no anim na ɔka sɛ: “Mua w’ano na fi ne mu kɔ!”

Wiɛ, adaemone no ka ɔbarima no hwe fam na ɔteɛm denneennen. Nanso efi ɔbarima no mu a empira no. Obiara ho dwiriw no! Wobisabisa sɛ: “Dɛn ni? Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi̇̃ po ma wotie no.” Eyi ho asɛm trɛw wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.

Yesu ne n’asuafo no fi hyiadan no mu no, wɔkɔ Simon anaasɛ Petro fi. Ɛhɔ no, Petro asebea yare atiridii. Wɔka sɛ, ‘yɛsrɛ wo boa no.’ Enti Yesu kɔ na oso ne nsam ma ne so. Amonom hɔ ara ne ho yɛ no den na ofi ase siesie aduan ma wɔn!

Akyiri yi, anwummere no, nnipa a wofi mmeae horow de wɔn ayarefo ba Petro fi. Bere tiaa bi no kurow mũ no nyinaa boa wɔn ho ano wɔ abobow no ano! Na Yesu sa ayarefo no nyinaa yare a ɛmfa ho sɛ yare bɛn na wɔyare. Otu adaemone mpo. Bere a adaemone a otu wɔn no fi no, wɔteɛm sɛ: “Wone Nyankopɔn ba.” Nanso Yesu ka wɔn anim na ɔmma wɔnkasa efisɛ wonim sɛ ɔno ne Kristo no. Marko 1:21–34; Luka 4:31–41; Mateo 8:14–17.

▪ Dɛn na esi homeda a edi kan wɔ bere a Yesu frɛ n’asuafo baanan a wodi kan no akyi wɔ hyiadan no mu?

▪ Bere a Yesu fi hyiadan no mu no, ɛhe na ɔkɔ, na anwonwade bɛn na ɔyɛ wɔ hɔ?

▪ Akyiri yi, dɛn na esi anwummere no ara?