Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anwonwade a Ɛto So Abien Wɔ Kana

Anwonwade a Ɛto So Abien Wɔ Kana

Ti 20

Anwonwade a Ɛto So Abien Wɔ Kana

BERE a Yesu san kɔ ne kurom wɔ Yudea asɛnka ɔsatu kɛse no akyi no, na ɛnyɛ sɛ ɔkɔhome. Mmom no, ofi ɔsom adwuma kɛse a ɛsen saa mpo ase wɔ Galilea, beae a onyinii no. Nanso, sɛ anka n’asuafo no bɛtra ne nkyɛn no, wɔsan kɔ fie kɔhwɛ wɔn mmusua na wɔkɔyɛ wɔn nnwuma.

Nkrasɛm bɛn na Yesu fi ase ka? Eyi: “Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene, na munnye asɛmpa no nni!” Wotiei anaa? Galileafo no gye Yesu. Obiara de nidi ma no. Nanso, ɛnyɛ ne nkrasɛm no titiriw nti, na mmom wɔn mu pii kɔɔ Twam no bi wɔ Yerusalem wɔ asram bi a atwam no mu na wohuu nsɛnkyerɛnne akɛse a ɔyɛe no.

Ɛda adi sɛ Yesu fi ne Galilea som adwuma kɛse no ase wɔ Kana. Ebia wobɛkae sɛ, bere bi a atwam a ofi Yudea bae no, ɔmaa nsu dan nsa wɔ ayeforohyia bi ase wɔ hɔ. Adeyɛ a ɛto so abien yi mu no, Ɔhene Herode Antipa nniso no mu panyin bi ba yare denneennen. Ɔpanyin yi tee sɛ Yesu fi Yudea aba Kana no, ofi Kapernaum tɔnn bɛhwehwɛ Yesu. Ɔbarima no de awerɛhow ka sɛ: ‘Mesrɛ wo, bra ntɛm na me ba no anwu.’

Yesu bua sɛ: ‘San kɔ fie. Wo ba no ho ayɛ no den!’ Herode panyin yi gye di na ɔsan n’akyi twa ɔkwan tenten kɔ fie. Ohyia ne nkoa wɔ kwan so a wɔde mmirika rebɛka akyerɛ no sɛ biribiara ayɛ yiye—ne ba no ho ayɛ no den! Obisa sɛ, ‘bere bɛn na ne ho tɔɔ no?’

Wobua sɛ, ‘nnɛra awia 1:00.’

Ɔpanyin no hu sɛ ɛyɛ dɔn yi mu ara na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ ‘wo ba no ho ayɛ no den!’ no. Ɛno akyi no, ɔbarima no ne ne fifo nyinaa bɛyɛ Kristo asuafo.

Enti Kana bɛyɛ beae a Yesu de anwonwade a ɔyɛ mpɛn abien wɔ hɔ no yɛ Yudea a wafi aba no ho sɛnkyerɛnne. Nokwarem no, ebedu saa bere yi na ɛnyɛ eyi nko ne anwonwade ahorow a wayɛ, na mmom ɛyɛ titiriw efisɛ ɛkyerɛe sɛ wasan aba Galilea.

Afei Yesu san kɔ fie wɔ Nasaret. Dɛn na obehyia wɔ hɔ? Yohane 4:43–54; Marko 1:14, 15; Luka 4:14, 15.

▪ Bere a Yesu san kɔ Galilea no, dɛn na ɛto n’asuafo no, na ɔkwan bɛn so na nkurɔfo no gye no?

▪ Anwonwade bɛn na Yesu yɛ, na ɔkwan bɛn so na ɛka wɔn a ɔyɛ ma wɔn no?

▪ Enti, ɔkwan bɛn so na Yesu dom Kana?