Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asuafo No Gye Akyinnye Bere a Yesu Wu Rebɛn No

Asuafo No Gye Akyinnye Bere a Yesu Wu Rebɛn No

Ti 98

Asuafo No Gye Akyinnye Bere a Yesu Wu Rebɛn No

YESU ne n’asuafo no abɛn Yordan Asubɔnten no wɔ beae a sɛ wofi Perea mantam no mu a, wotwa nsu no kɔ Yudea no. Nnipa afoforo pii ka wɔn ho ná wɔretu kwan akodi afe 33 Y.B. mu Twam afahyɛ no a aka bɛyɛ dapɛn biako pɛ na adu so no.

Yesu di n’asuafo no anim, na n’akokoduru no ma wɔn ho dwiriw wɔn. Kae sɛ adapɛn kakraa a atwam, bere a Lasaro wui a Yesu refi Perea akɔ Yudea akonyan no no, Toma hyɛɛ afoforo no nkuran sɛ: “Momma yɛnkɔ na yɛne no nkowu!” Kae nso sɛ Yesu nyan Lasaro akyi no, Sanhedrin no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Yesu. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ehu ka asuafo no bere a afei wɔba Yudea bio no.

Sɛnea ɛbɛyɛ a Yesu besiesie asomafo no ama nea ɛda wɔn anim no, ɔfrɛ 12 no wɔ nkyɛn na ɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wobeyi onipa ba no ahyɛ asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nsa, na wɔabu no kumfɔ, na wɔayi no ama wiase amanaman mufo, na wɔagoru ne ho, na wɔafefe ntasu agu no so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa so wasɔre bio.”

Eyi ne nea ɛto so abiɛsa wɔ asram kakraa yi mu a Yesu aka ne wu ne ne wusɔre ho asɛm akyerɛ n’asuafo no. Na ɛwom sɛ wotie no de, nanso wɔnte ase. Ebia esiane sɛ wogye di sɛ wɔbɛsan de Israel ahenni no asi asase so bio na wɔhwɛ kwan sɛ wɔne Kristo benya asase so Ahenni bi mu anuonyam ne nidi mu kyɛfa nti.

Salome a ɔyɛ asomafo Yakobo ne Yohane nã no ka akwantufo a wɔrekodi Twam no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ esiane mmarima yi anisohyew pii nti na Yesu frɛɛ wɔn “ɔprannaa mma” no. Ná nnipa baanu yi afi bere tenten de ayɛ wɔn botae sɛ wobenya beae a ɛkorɔn wɔ Kristo Ahenni no mu, na ná wɔaka wɔn nsusuwii yi akyerɛ wɔn nã. Afei ɔba Yesu nkyɛn behu no ma wɔn, ɔkotow n’anim na ɔsrɛ biribi.

Yesu bisa sɛ: “Dɛn na wopɛ?”

Obua sɛ: “Ka ma me mma baanu yi mu biako ntra wo nifa, na obiako nso ntra wo benkum w’ahenni no mu.”

Yesu hu adesrɛ no fibea na ɔka kyerɛ Yakobo ne Yohane sɛ: “Munnim nea mubisa. Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom no anaa?”

Wobua sɛ: “Yebetumi.” Ɛwom sɛ ná Yesu aka akyerɛ wɔn sɛ ɔtaa a ɛyɛ hu a awiei no wobekum no bi da hɔ ma no de, nanso ɛda adi sɛ wɔnte ase sɛ eyi ne “kuruwa” a ɔrebɛnom no.

Nanso, Yesu ka kyerɛ wɔn sɛ: “Me kuruwa de, mobɛnom; na me nifa ne me benkum tra de, ɛnyɛ me dea sɛ mede mɛma, na wɔde bɛma wɔn a m’agya asiesie ama wɔn.”

Akyiri yi asomafo du a aka no te nea Yakobo ne Yohane akobisa no, na wɔn bo fuw. Ebia ná Yakobo ne Yohane na wɔde asomafo no akyinnyegye a edi kan a ɛfa nea ɔyɛ wɔn mu panyin ho no bae. Wɔn adesrɛ yi ma ɛda adi sɛ wɔamfa afotu a Yesu de ama wɔ asɛm no ho no anni dwuma. Ɛyɛ awerɛhow sɛ dibea a ɛkorɔn ho akɔnnɔ a wɔwɔ no mu da so yɛ den.

Enti sɛnea ɛbɛyɛ na Yesu asiesie akasakasa a ɛde ɔtan aba yi no, ɔfrɛ 12 no. Ofi ɔdɔ mu tu wɔn fo sɛ: “Munim sɛ wiase amanaman ahene di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse di wɔn so tumi. Na ɛnte saa mo mu, na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa.”

Yesu ayɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ wodi akyi no sɛnea ɔkyerɛkyerɛ mu yi: “Sɛnea onipa ba no amma sɛ wɔmmɛsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii nen.” Ná ɛnyɛ sɛ Yesu asom nnipa pii nko, na mmom na ɔbɛyɛ saa akosi sɛ obewu ama adesamma! Asuafo no hia Kristo suban a ɛne ɔpɛ a wobenya sɛ wɔbɛsom na wɔabrɛ wɔn ho ase sen sɛ wobedi tumi no. Mateo 20:17–28; Marko 3:17; 9:33–37; 10:32–45; Luka 18:31–34; Yohane 11:16.

▪ Dɛn nti na asuafo no suro afei?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu siesie n’asuafo no ma nea ɛda wɔn anim no?

▪ Abisade bɛn na wɔde kɔto Yesu anim, na ɛka asomafo afoforo no dɛn?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu di asɛnnennen a ɛwɔ n’asomafo no mu no ho dwuma?