Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asuafo Pii San Fi Yesu Akyi

Asuafo Pii San Fi Yesu Akyi

Ti 55

Asuafo Pii San Fi Yesu Akyi

YESU rekyerɛkyerɛ dibea a ɔwɔ sɛ nokware abodoo a efi soro no mu wɔ hyiadan bi mu wɔ Kapernaum. Ɛda adi sɛ ne kasa no yɛ nkɔmmɔbɔ a ɔne nnipa no fii ase bere a wɔsan fii Galilea Po no apuei fam bae, faako a wodii abodoo ne mpataa a wɔnam anwonwa kwan so de mae na wobehuu no no ntoaso.

Yesu toa n’asɛm no so na ɔka sɛ: “Abodoo a mede mɛma no, ɛne me honam a mede mema wiase nkwa nti.” Wɔ mfe abien pɛ a na atwam wɔ fefɛw bere mu wɔ 30 Y.B. mu no, na Yesu aka akyerɛ Nikodemo sɛ Onyankopɔn dɔ adesamma wiase no araa ma ɔde ne Ba mae sɛ Ogyefo. Enti afei Yesu rekyerɛ sɛ ɔdesani biara a odi ne honam wɔ sɛnkyerɛnne kwan so denam n’afɔre a ɛnkyɛ biara ɔrebɛbɔ no mu gyidi a obenya so no betumi anya daa nkwa.

Nanso nnipa no ma Yesu asɛm no to wɔn hintidua. Wobisa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na oyi betumi de ne honam ama yɛn na yɛadi?” Yesu pɛ sɛ n’atiefo no te ase sɛ ne honam a wobedi no bɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so de. Enti ɔka biribi a sɛ wɔfa no sɛnea ɛte ankasa a, enye de si eyi so dua.

Yesu ka sɛ: “Sɛ moanni onipa ba no honam na moannom ne mogya a, munni nkwa mo mu. Nea odi me honam na ɔnom me mogya no wɔ daa nkwa, na menyan no ɛda a edi akyiri no. Na me honam yɛ aduan ampa. Nea odi me honam na ɔnom me mogya no tra me mu, na me nso metra no mu.”

Nokwarem no, sɛ na Yesu reka onipa nam a wobedi ho asɛm wɔ ha de a, ɛnde na anka ne nkyerɛkyerɛ bɛyɛ nea enye koraa. Nanso na Yesu nkyerɛ sɛ wonni ɔhonam na wɔnnom mogya ankasa. Ɔresi so dua ara kwa sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wobenya daa nkwa nyinaa nya n’afɔre a ɔbɛbɔ bere a ɔde ne nipadua a ɛyɛ pɛ ma na ohwie ne mogya gu no mu gyidi. Nanso, n’asuafo no mu pii mpo ammɔ mmɔden sɛ wɔbɛte ne nkyerɛkyerɛ no ase ma enti wɔka sɛ: “Asɛm yi yɛ den, hena na obetumi atie?”

Esiane sɛ na Yesu nim sɛ n’asuafo no mu pii renwiinwii nti, ɔka sɛ: “Eyi to mo hintidua anaa? Na afei, sɛ muhu onipa ba no sɛ ɔrekɔ ɔsoro, nea ɔwɔ kan no nso ɛ? . . . Nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa. Na mo mu binom wɔ hɔ a wonnye nni.”

Yesu toa so sɛ: “Eyi nti na maka makyerɛ mo sɛ: Obiara ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ m’agya de ama no ansa.” Bere a ɔka saa no n’asuafo no mu pii gyaw ne hɔ kɔ a wɔanni n’akyi bio. Enti Yesu dan n’ani kyerɛ n’asomafo 12 no na obisa sɛ: “Mo nso, mopɛ sɛ mokɔ bi anaa?”

Petro bua sɛ: ‘Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ daa nkwa nsɛm; na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Nyankopɔn Kronkronni no.’ Hwɛ nokwaredi fɛfɛ a wɔda no adi, ɛwom mpo sɛ ebia na Petro ne asomafo afoforo no ante Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛfa asɛm yi ho no ase anwie de!

Ɛwom sɛ Yesu ani gye Petro mmuae no ho de, nanso ɔka sɛ: “Ɛnyɛ me na mapaw mo dumien yi? na mo mu biako yɛ ɔbonsam!” Na ɔreka Yuda Iskariot ho asɛm. Ebetumi aba sɛ na Yesu hu ade bi a enye “mfiase” wɔ Yuda ho wɔ ha.

Na Yesu ama nkurɔfo no adi huammɔ a ɛnkyɛe denam mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛyɛ no ɔhene a ɔko tiae no so na ebia wobesusuw sɛ, ‘Oyi a onnye Mesia dibea no bɛyɛ dɛn atumi ayɛ Mesia no?’ Eyi bɛyɛ asɛm foforo wɔ nnipa no adwenem. Yohane 6:51–71; 3:16.

▪ Henanom na Yesu de ne honam ma wɔn, na ɔkwan bɛn so na eyinom ‘di ne honam?’

▪ Yesu nsɛm foforo bɛn na ɛma nkurɔfo no ho dwiriw wɔn, nanso dɛn na Yesu resi so dua?

▪ Bere a nnipa pii san fi Yesu akyi no, dɛn na Petro ka?