Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asuafoyɛ ho Asɛyɛde

Asuafoyɛ ho Asɛyɛde

Ti 84

Asuafoyɛ ho Asɛyɛde

BERE a Yesu fi Farisini a ɔwɔ din a ɛda adi sɛ ɔyɛ Sanhedrin no muni fi akyi no, ɔtoa so kɔ Yerusalem. Nkurɔfo akuwakuw pii di n’akyi. Nanso na adwene bɛn na wokura? Na ne nokware akyidini a obi bɛyɛ no kyerɛ dɛn ankasa?

Bere a wɔrekɔ no, Yesu dan ne ho kyerɛ nnipakuw no na ebia ɔma wɔn ho dwiriw wɔn bere a ɔka eyi no: “Sɛ obi ba me nkyɛn na ɔntan n’agya ne ne nã ne ne yere ne ne mma ne ne nuabarimanom ne ne nuabeanom ne n’ankasa ne kra nso a, ontumi nyɛ me suani.”

Dɛn na Yesu kyerɛ? Ɔnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ n’akyidifo hyɛ da tan wɔn abusuafo ankasa. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔtan wɔn a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔdɔ Yesu kɛse sen wɔn. Wɔkãe sɛ Yesu nana Yakob ‘tãn’ Lea na na ɔdɔ Rahel a na ɛkyerɛ sɛ na ɔnnɔ Lea kɛse te sɛ ne nuabea Rahel.

Susuw ho nso sɛ Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ osuani ‘tãn n’ankasa ne kra’ anaasɛ nkwa. Bio nso nea Yesu kyerɛ ne sɛ ɛsɛ sɛ nokware suani dɔ Ɔno sen sɛnea ɔdɔ n’ankasa nkwa. Enti Yesu resi so dua sɛ ne suani a obi bɛyɛ no yɛ asɛyɛde a anibere wom. Ɛnyɛ biribi a wɔyɛ a wonsusuw ho yiye.

Amanehunu ne ɔtaa ka Yesu suani a obi bɛyɛ no ho sɛnea ɔkɔ so kyerɛ no: “Na obiara a ɔnsoa n’asɛndua na onni m’akyi no, ontumi nyɛ me suani.” Enti ɛsɛ sɛ nokware suani nya ɔpɛ sɛ ɔbɛsoa ahohorabɔ koro no ara a Yesu gyinaa ano no, a nea ɛka ho mpo ne sɛ sɛ ɛho hia a, obewu wɔ Onyankopɔn atamfo nsam, nea na Yesu rebɛyɛ wɔ bere tiaa bi mu.

Enti, Kristo suani a obi bɛyɛ no yɛ asɛm a ɛho hia sɛ nnipakuw a wodi n’akyi no hwehwɛ mu yiye. Yesu nam mfatoho so si saa nokwasɛm yi so dua. Sɛ nhwɛso no ose: “Na mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentrã ase mmu ho akontaa ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie? Ebia wafi ase no, wantumi anwie a, na wɔn a wohu nyinaa fi ase goru ne ho sɛ: Onipa yi fii ase toe, na wantumi anwie.”

Enti Yesu reyɛ mfatoho akyerɛ nnipakuw a wɔredi n’akyi no sɛ ansa na wɔbɛyɛ n’asuafo no, ɛsɛ sɛ wosi gyinae pintinn sɛ wobetumi adi nea ɛkyerɛ no ho dwuma te sɛnea obi pɛ sɛ osi abantenten a ɔhwɛ sɛ ɔwɔ nneɛma a ɔde bewie ansa na wafi ase no. Yesu toa so de mfatoho foforo ma sɛ: “Anaasɛ ɔhene bɛn na ɔne ɔhene bi rekɔko, na ɔntra ase nnwene ho kan sɛ obetumi de ɔpedu akohyia nea ɔde ɔpeduonu reba no so no? Anyɛ saa a, ɔbaako no wɔ akyirikyiri no, otu abɔfo kɔsrɛ sɛ wɔmpata.”

Afei Yesu si nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wɔ ne mfatoho ahorow no mu no so dua bere a ɔka eyi no: “Saa ara nso na mo mu biara a onnyaw nea ɔwɔ nyinaa ntumi nyɛ me suani.” Saa na ɛsɛ sɛ nnipakuw a wodi n’akyi no ne, yiw, obiara a osua Kristo ho ade no nya ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ. Sɛ wɔbɛyɛ n’asuafo a, ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho sɛ wɔde biribiara a wɔwɔ—wɔn ahode nyinaa a wɔn nkwa ankasa ka ho—bɛbɔ afɔre. So wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛyɛ eyi?

Yesu toa so sɛ: “Nkyene ye.” Wɔ ne bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔkae sɛ n’asuafo ne “asase so nkyene,” kyerɛ sɛ wɔwɔ nkɛntɛnso a etumi kora nnipa te sɛ nea nkyene ankasa tumi kora ade no. Yesu de ba awiei sɛ: “Na sɛ nkyene dɛw tu a, wɔde to dɛn mu na ayɛ dɛ bio? Ɛmfata fam anaa sumina so, na wɔtow gu. Nea ɔwɔ aso betie no, ontie!”

Enti Yesu kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔayɛ n’asuafo bere tenten no mpo yɛ mmerɛw wɔ wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛtoa so ayɛ saa no mu. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛyɛ wɔn a mfaso nni wɔn so, asereserede ma wiase yi ne wɔn a wɔmfra wɔ Onyankopɔn anim, nokwarem no ahohorabɔ ma Onyankopɔn. Enti, te sɛ nkyene a ahoɔden nnim a asɛe no, wɔbɛtow wɔn agu, yiw, wɔbɛsɛe wɔn. Luka 14:25–35; Genesis 29:30–33; Mateo 5:13.

▪ Dɛn na obi abusuafo a ‘ɔbɛtan wɔn’ ne ne ho no kyerɛ?

▪ Mfatoho abien bɛn na Yesu de ma, na ɛkyerɛ dɛn?

▪ Ntease bɛn na ɛwɔ Yesu nsɛm a ɔde baa awiei wɔ nkyene ho no mu?