Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awudi Wɔ Awodadi bi Ase

Awudi Wɔ Awodadi bi Ase

Ti 51

Awudi Wɔ Awodadi bi Ase

BERE a Yesu de ahyɛde ahorow no ma n’asomafo no wie no, ɔsoma wɔn baanu baanu kɔ asasesin no mu. Ebia Petro ne Andrea a wɔyɛ anuanom no bɔ mu kɔ, te sɛnea Yakobo ne Yohane, Filipo ne Batolomeo, Toma ne Mateo, Yakobo ne Tadeo ne Simon ne Yuda Iskariot bɔ mu kɔ no. Asɛmpakafo akuw asia yi ka Ahenni ho asɛmpa no na wɔsa nyarewa wɔ anwonwa kwan so baabiara a wɔkɔe.

Bere yi mu no, na Yohane Osuboni no da afiase. Ná wada hɔ bɛyɛ mfe abien ni. Ebia wobɛkae sɛ na Yohane aka no baguam sɛ ɛyɛ mfomso sɛ Herode Antipa bɛware Herodia a ɔyɛ ne nua Filipo yere no. Esiane sɛ na Herode ka sɛ odi Mose Mmara no so nti, ebia Yohane kasa tiaa awaresɛe yi. Enti Herode ma wɔde Yohane too afiase, ebia na Herodia na ɔhyɛɛ no saa.

Herode Antipa hu sɛ Yohane yɛ onipa trenee na ɔde anigye tie no mpo. Enti, na onhu nea ɔmfa nyɛ no. Nanso, Herodia tan Yohane na ɔpɛ sɛ wokum no. Akyiri yi hokwan a ɔhwehwɛ no ba.

Aka bere tiaa na Twam Afahyɛ no adu so wɔ 32 Y.B. mu no, Herode yɛ n’awodadi a ɔbɛyɛ no kɛse ho nhyehyɛe. Herode mpanyimfo ne asraafo mpanyimfo ne afei Galileafo mpanyimfo hyia wɔ afahyɛ no ase. Bere a ade resa no, wɔfrɛ Salome, Herodia ba a ɔne ne kunu dedaw Filipo woo no no sɛ ɔnsaw nkyerɛ ahɔho no. Mmarima a wɔwɔ bagua no ase no ani gye n’adeyɛ no ho.

Herode ani sɔ Salome pii. Ɔka sɛ: “Bisa me biribiara a wopɛ, na mɛma wo.” Ɔkaa ntam mpo sɛ: “Ade biara a wubebisa me no, mɛma wo, de akosi m’ahenni fã so.”

Ansa na Salome ma mmuae no, ɔkobisa ne maame. Obisa sɛ: “Dɛn na minkobisa?”

Afei hokwan no abue! Herodia ma mmuae ntɛm ara sɛ: “Yohane a ɔbɔ asu no ti.”

Salome san ba Herode nkyɛn ahoɔhare so bɛka n’abisade no: “Mepɛ sɛ wode Yohane suboni ti to taforobɔtɔ mu ma me mprempren.”

Ɛyɛ Herode yaw pii. Nanso esiane sɛ n’ahɔho no ate ne ntam no nti, ɛhaw no sɛ ɔbɛtõ, ɛwom mpo sɛ eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ okum obi a odi bem. Ɔde n’ahyɛde huhu no soma ɔbrafo amonom hɔ ara ma ɔkɔ afiase hɔ. Bere tiaa mu no, ɔde Yohane ti a ɛda taforobɔtɔ mu ba, na ɔde ma Salome. Ɔno nso de kɔma ne maame. Bere a Yohane asuafo te nea asi no, wɔba beyi n’amu no kosie, na afei wɔkɔka asɛm no kyerɛ Yesu.

Akyiri yi, bere a Herode te sɛ Yesu sa nkurɔfo yare na otu ahonhommɔne no, ehu ka no, efisɛ osusuw sɛ Yesu yɛ Yohane a wanyan afi awufo mu. Eyi akyi no, ɔhwehwɛ sɛ ohu Yesu, ɛnyɛ sɛ ɔpɛ sɛ otie n’asɛm no, na mmom ɔpɛ sɛ ohu sɛ ne nsusuwii no yɛ nokware anaa sɛ ɛnyɛ nokware. Mateo 10:1–5; 11:1; 14:1–12; Marko 6:14–29; Luka 9:7–9.

▪ Dɛn nti na Yohane da afiase, na dɛn nti na Herode mpɛ sɛ okum no?

▪ Ɔkwan bɛn so na awiei koraa no Herodia tumi ma wokum Yohane?

▪ Wɔ Yohane wu akyi no, dɛn nti na Herode pɛ sɛ ohu Yesu?