Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awunnyade ho Asɛm No

Awunnyade ho Asɛm No

Chapter 77

Awunnyade ho Asɛm No

AKYINNYE biara nni ho sɛ nnipa no nim sɛ Yesu redidi wɔ Farisini no fi. Enti mpempem pii boa wɔn ho ano wɔ afikyiri twɛn bere a Yesu bepue. Nea ɛnte sɛ Farisifo no a wɔkasa tia Yesu na wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya mfomso bi wɔ ne kasa mu no, nnipa no de anisɔ tie no.

Yesu kasa kyerɛ n’asuafo no kan, ɔka sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye Farisifo mmɔkaw a ɛne nyaatwom no ho!” Sɛnea ɛdaa adi wɔ adidi no ase no, Farisifo nyamesom ahyehyɛde mũ nyinaa no yɛ nyaatwom nkutoo. Ɛwom mpo sɛ Farisifo no de wɔn ho a wɔyɛ sɛ nnipa pa no kata wɔn amumɔyɛ so de, nanso awiei koraa no ɛbɛda adi. Yesu ka sɛ, “Biribiara so nkatae a wɔrenyi so, na ahintaw a wɔrenhu.”

Yesu toa so ti̇̃ nkuranhyɛ a ɔde maa 12 no bere a ɔma wɔyɛɛ asɛnka ɔsatu wɔ Galilea no mu. Ɔka sɛ: “Munnsuro wɔn a wokum ɔhonam, na eyi akyi no wonni biribi a wobetumi ayɛ bio.” Esiane sɛ Onyankopɔn werɛ mfi akasanoma biako pɛ mpo nti, Yesu ma n’asuafo no awerɛhyem sɛ Onyankopɔn werɛ remfi wɔn. Ɔka sɛ: “Na sɛ wɔde mo kɔ hyia adan mu ne mpanyimfo ne atemmufo anim a, . . . honhom kronkron bɛkyerɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ moka.”

Ɔbarima bi kasa fi nkurɔfokuw no mu. Ɔka sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, kasa kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ awunnyade.” Mose mmara no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔbabarima panyin no nya awunnyade no mu nkyem abien, enti manso biara ho nhia. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ ɔbarima no hwehwɛ nea ɛboro awunnyade no mu nea ɛyɛ ne de wɔ mmara kwan so no so.

Ɛfata sɛ Yesu pow sɛ ɔde ne ho bɛfra mu. Obisa sɛ: “Onipa, hena na ɔde me sii mo so sennifo anaa ɔdekyɛfo?” Afei ɔde afotu a ɛho hia yi ma nkurɔfokuw no: “Monhwɛ na monhwɛ mo ho yiye pɛpɛe ho! Na ɛnyɛ onipa ade a wanya na aboro so no mu na ne nkwa wɔ.” Yiw, nneɛma dodow a onipa benya nyinaa akyi no, obewu agyaw ne nyinaa hɔ. Yesu de mfatoho bi di dwuma de si nokwasɛm yi so dua na ɔde kyerɛ nyansa a enni mu sɛ obi bɛpow sɛ obenya din pa wɔ Onyankopɔn anim no nso. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ:

“Onipa bi a ɔyɛ ɔdefo asase sow aba pii. Na osusuw ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? efisɛ minni nea mede me nnɔbae mesie. Na ose: Nea mɛyɛ ni, meburuw m’asan, na masi akɛse; na ɛhɔ na mede me nnɔbae nyinaa ne me nneɛma nyinaa mesie, na maka akyerɛ me kra sɛ: Ɔkra, wowɔ nneɛma pa pii a wɔde asie ama mfirihyia pii. Home, didi, nom, na wo bo ntɔ wo yam!” Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkwasea, anadwo yi wobegye wo kra afi wo nsam; na nneɛma a woasiesie yi bɛyɛ hena dea?”

Yesu ka de twa to sɛ: “Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te.” Bere a ebia asuafo no rentɔ nyansa a enni mu sɛ wɔboaboa ahonyade ano mu no, da biara da asetram ahiade hwehwɛ betumi atwetwe wɔn adwene afi koma nyinaa mu ɔsom a wɔde bɛma Yehowa no so. Enti Yesu de hokwan no di dwuma de ti̇̃ afotu fɛfɛ a ná ɔde ama dedaw bɛyɛ afe ne fã a atwam wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no mu.

Ɔdan ne ho ka kyerɛ n’asuafo no sɛ:

“Eyi nti mise mo sɛ: Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. . . . Monhwɛ nkwaakwaadabi sɛ wongu na wontwa, na wonni afiase anaa asan; nanso Onyankopɔn yɛn wɔn. . . . Monhwɛ sukooko sɛnea enyin, ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa; nanso mise mo sɛ, Salomo anuonyam nyinaa mu po wankeka ne ho sɛ eyinom mu biako. . . . 

“Na mo de, monnhwehwɛ nea mubedi anaasɛ nea mobɛnom, na mommma mo ani nnyɛ mo totɔtotɔ! Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di; na mo agya nim sɛ nneɛma yi hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni, na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”

Sika fam ahokyere bere mu titiriw na ɛsɛ sɛ yesusuw Yesu nsɛm yi ho yiye. Nokwarem no, onipa a odwinnwen ne honam fam nneɛma ho na ofi ase brɛ ne honhom fam nneɛma hwehwɛ ase no ma ɛda adi sɛ onni gyidi sɛ Onyankopɔn tumi ma Ne nkoa nya nea ehia wɔn. Luka 12:1–31; Deuteronomium 21:17.

▪ Dɛn nti na ebia ɔbarima no bisa awunnyade ho asɛm no, na afotu bɛn na Yesu de ma?

▪ Mfatoho bɛn na Yesu de ma, na ɛkyerɛ dɛn?

▪ Afotu bɛn na Yesu ti̇̃ mu, na dɛn nti na ɛfata?