Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ayamhyehye ma Amanehunufo

Ayamhyehye ma Amanehunufo

Ti 57

Ayamhyehye ma Amanehunufo

BERE a Yesu kasa tia Farisifo no wɔ wɔn pɛsɛmenkominya atetesɛm ahorow no ho akyi no, ɔne n’asuafo no fi hɔ. Ebia wobɛkae sɛ bere tiaa bi ansa ɛno reba no, nnipadɔm a wohuu wɔn no sɛee ne mmɔden a ɔbɔe sɛ anka ɔne n’asuafo no refi hɔ akɔ na wɔakɔhome kakra no. Afei, ɔne n’asuafo no twa akwansin pii kɔ kusuu fam wɔ Tiro ne Sidon mantam mu. Ɛda adi sɛ eyi ne akwantu a ɛware a Yesu ne n’asuafo no de tra Israel ahye.

Bere a wɔanya ofi bi asoɛ mu akyi no, Yesu ka sɛ ɔmpɛ sɛ obiara te sɛ wɔwɔ hɔ. Nanso, wɔ ɛha yi a enni Israel asasesin mu mpo no, nkurɔfo hu no. Helani bea bi a wɔwoo no wɔ Siro–Foinike mpɔtam ha hu no na ofi ase srɛ no sɛ: “Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi rehaw me babea dodo!” Nanso Yesu mmua no.

Awiei koraa no, Yesu asuafo no ka kyerɛ no sɛ: “Gya no kwan na ɔnkɔ, na ɔteɛteɛm di yɛn akyi.” Yesu kyerɛkyerɛ nea enti a ommua no no mu na ɔka sɛ: “Israelfi nguan a ayera no nko nkyɛn na wɔsomaa me.”

Nanso, ɔbea no nnyae. Ɔba Yesu nkyɛn na ɔbɛkotow n’anim. Ɔsrɛ sɛ: “Awurade boa me!”

Hwɛ sɛnea ɔbea no adesrɛ a ɔkɔ so ka no ka Yesu koma! Nanso, ɔka n’asɛyɛde a edi kan a ɛne Israelfo a wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo a ɛsɛ sɛ ɔsom wɔn no ho asɛm bio. Bere koro no ara mu no, ɔka Yudafo adwene a ɛnteɛ wɔ wɔn a wofi aman afoforo so ho no de sɔ ɔbea no hwɛ, ɔka sɛ: “Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduan tow ma nkraman mma.”

Yesu nam ayamye kasa ne n’anim yɛbea so ma n’ankasa ayamhyehye ma wɔn a wɔnyɛ Yudafo no da adi. Ogow amanaman mufo a wɔde wɔn toto nkraman ho no mu mpo denam “nkraman mma” a ɔfrɛ wɔn no so. Sɛ anka ɔbea no bo befuw mmom no, ogyina Yudafo adwene a ɛnteɛ a Yesu de ka asɛm no so ka no ahobrɛase mu sɛ: “Ɛwom, Awurade, nanso akraman mma no nso di mporoporowa a efi wɔn wuranom pon so gu fam no bi.”

Yesu bua sɛ: “O ɔbea, wo gyidi so; ɛnyɛ mma wo sɛnea wopɛ no.” Na ɛyɛ hɔ! Bere a ɔsan kɔ fie no, ohu sɛ ne babea no da kɛtɛ so a ne ho asan no koraa.

Yesu ne n’asuafo no fi Sidon mpoano, na wɔde wɔn ani kyerɛ ɔman no mu, wɔ Asubɔnten Yordan no ho. Ɛda adi sɛ wotwa Yordan no wɔ Galilea Po no atifi fam baabi na wɔhyɛn Dekapoli mantam mu wɔ po no apuei fam. Ɛhɔ no wɔforo bepɔw bi, nanso nnipadɔm no hu Yesu na wɔde wɔn mpakye, mmubuafo, anifuraefo ne mum ne afoforo pii a wɔyare na wɔadidi dɛm brɛ no. Wɔde wɔn gu Yesu nan ase na ɔsa wɔn yare. Nnipa no ho dwiriw wɔn sɛ wohu sɛ mum kasa, mpakye nantew na anifuraefo hu ade; na woyi Israel Nyankopɔn ayɛ.

Yesu de n’adwene si ɔbarima bi a n’aso asiw na ontumi nkasa yiye so titiriw. Asotifo taa yɛ basaa, titiriw no wɔ nnipadɔm mu. Ebia Yesu huu ɔbarima yi ahopopo soronko no. Enti ɔde ayamhyehye soo no mu fii nnipadɔm no mu gyinaa nkyɛn. Bere a wɔn baanu nkutoo na wɔwɔ hɔ no, Yesu kyerɛ no nea ɔrebɛyɛ ama no. Ɔde ne nsateaa hyehyɛ ɔbarima no aso mu na ɔto ntasu ka ne tɛkrɛma. Afei, Yesu hwɛ soro, na ogu ahome kɛse na ɔka sɛ: “Bue!” Ɛno ma Ɔbarima no te asɛm na otumi kasa yiye.

Bere a Yesu maa ayarefo pii yi ho yɛɛ wɔn den no, nnipadɔm no kyerɛ anisɔ. Wɔka sɛ: “Wayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo te asɛm, na ɔma mum kasa.” Mateo 15:21–31; Marko 7:24–37.

▪ Dɛn nti na Yesu nsa Helani bea no ba no yare amonom hɔ ara?

▪ Akyiri no, ɛhe na Yesu de n’asuafo no kɔ?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu fi ayamye mu sa ɔbarima sotifo a ɔpo dodow no yare?