Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ayeforohyia ho Bɛ No

Ayeforohyia ho Bɛ No

Ti 107

Ayeforohyia ho Bɛ No

YESU nam mmɛ abien so apa kyerɛwfo ne asɔfo mpanyin no ho ntama, na wɔpɛ sɛ wokum no. Nanso Yesu ne wɔn nwiei koraa ɛ. Ɔkɔ so bu bɛ foforo sɛ:

“Ɔsoro ahenni te sɛ ɔhene bi a ohyiaa ayeforo maa ne ba. Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔahyia wɔn no mmra ayeforo no ase no, wɔampɛ sɛ wɔba.”

Yehowa Nyankopɔn ne Ɔhene a ohyia ayeforo ma ne Ba, Yesu Kristo no. Awiei koraa no, Yesu akyidifo a wɔasra wɔn 144,000 a wɔne ayeforo no bɛkɔ akɔka ne ho wɔ soro. Ɔhene no nkoa no ne Israelfo a wɔde wɔn baa Mmara apam no ase wɔ 1513 A.Y.B. mu ma wɔanya hokwan ayɛ “asɔfo ahemman” no. Enti, wɔn na mfitiase no wɔfrɛɛ wɔn sɛ wɔmmra ayeforohyia no ase.

Nanso, ɔfrɛ a edi kan no amma kosi 29 Y.B. fefɛw bere mu, bere a Yesu ne n’asuafo (ɔhene no nkoa) fii wɔn Ahenni asɛnka adwuma no ase no. Nanso Israelfo a wɔn nsa kaa ɔfrɛ a efi nkoa no hɔ wɔ 29 Y.B. kosi 33 Y.B. mu, no ampɛ sɛ wɔba. Enti Onyankopɔn maa ɔman a wɔafrɛ wɔn no hokwan foforo, sɛnea Yesu ka no:

“Bio ɔsomaa nkoa foforo sɛ: Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ masiesie m’aduan, wɔakum m’anantwi ne m’ayɛmmoa, na wɔawie ade nyinaa; mommra ayeforo no ase!” Ɔfrɛ a ɛto so abien na etwa to yi bae wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu bere a wohwiee honhom kronkron guu Yesu asuafo so no. Ɔfrɛ yi toaa so kosii 36 Y.B. mu.

Nanso Israelfo no mu pii antie ɔfrɛ yi. Yesu ka sɛ: “Na wɔn de, wɔamfa anyɛ hwee, na wɔkokɔe, obi kɔɔ n’afum, na obi nso kodii ne gua. Na wɔn a aka no kyekyeree ne nkoa no bɔɔ wɔn adapaa kunkum wɔn.” Yesu toa so sɛ: “Na ɔhene no tee no, ne bo fuwii, na ɔsomaa ne dɔm kokunkum awudifo no, na ɔhyew wɔn kurow.” Eyi bae wɔ 70 Y.B. mu bere a Romafo bubuu Yerusalem na wokunkum saa awudifo no.

Afei Yesu ka nea ɛkɔɔ so no: “Ɛnna [ɔhene no] see ne nkoa no sɛ: Wɔasiesie ayeforohyia no de, nanso wɔn a wɔahyia wɔn no, ansɛ wɔn. Enti monkɔ atempɔn nkwanta so, na dodow ara a mubehu wɔn no, momfrɛ wɔn mmra ayeforo no ase.” Nkoa no yɛ saa na “didifo bɛhyɛɛ ayeforohyia dan no ma.”

Adwuma yi a ɛne nnipa a wɔfrɛ wɔn kwan ho wɔ kurow no akyi no fii ase wɔ 36 Y.B. mu. Roma sraani panyin Kornelio ne n’abusuafo ne momonotofo a wɔnyɛ Yudafo a wodii kan frɛɛ wɔn. Wɔn a wɔnyɛ Yudafo a wɔfrɛ wɔn a wɔde wɔn si wɔn a wodii kan pow ɔfrɛ no anan mu no akɔ so abesi afeha a ɛto so 20 yi mu.

Afeha a ɛto so aduonu yi mu na ayeforohyia dan no mu yɛɛ ma. Yesu ka nea afei ɛba no sɛ: “Na ɔhene no baa mu bɛhwɛɛ didifo no, obehuu onipa bi a ɔnhyɛ ayeforohyia atade wɔ hɔ. Na osee no sɛ: Awɛ, wobaa mu ha dɛn ni na wonhyɛ ayeforohyia atade yi? Na ɔtɔɔ mum. Ɛnna ɔhene no see asomafo no sɛ: Monkyekye ne nan ne ne nsa mfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.”

Ɔbarima a ɔnhyɛ ayeforohyia atade no yɛ Kristoman mu atoro Kristofo ho mfonini. Onyankopɔn mmuu eyinom da sɛ wɔwɔ honhom mu Israel nokware agyiraehyɛde. Onyankopɔn mfaa honhom nsraa wɔn sɛ Ahenni adedifo da. Enti eyinom na wɔtow wɔn gu sum mu, beae a wɔbɛsɛe wɔn no.

Yesu de ne bɛ no ba awiei sɛ: “Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔapaw wɔn no de wɔyɛ kakraa bi.” Yiw, wɔfrɛɛ nnipa pii fii Israel man no mu sɛ wɔmmɛyɛ Kristo ayeforo no mufo, nanso Israelfo kakraa bi na wɔpaw wɔn. Ɛda adi sɛ 144,000 a wɔn nsa ka ɔsoro akatua no mu pii nyɛ Israelfo. Mateo 22:1-14; Exodus 19:1-6; Adiyisɛm 14:1-3.

▪ Henanom na wodii kan frɛɛ wɔn wɔ ayeforohyia no ase, na bere bɛn na wɔfrɛɛ wɔn?

▪ Wɔn a wɔfrɛɛ wɔn no dii kan nyaa ɔfrɛ no bere bɛn, na henanom ne nkoa a wɔde wɔn dii dwuma yi?

▪ Bere bɛn na wɔde ɔfrɛ a ɛto so abien no mae, na henanom na wɔfrɛ wɔn wɔ ɛno akyi?

▪ Ɔbarima a ɔnhyɛ ayeforohyia atade no yɛ henanom ho mfonini?

▪ Henanom ne pii a wɔafrɛ wɔn no, ne kakraa bi a wɔapaw wɔn no?