Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Wobeyi Onipa Ba no Adi

Bere a Wobeyi Onipa Ba no Adi

Ti 93

Bere a Wobeyi Onipa Ba no Adi

BERE a Yesu da so ara wɔ kusuu fam (ɛbɛyɛ sɛ Samaria anaa wɔ Galilea) no, Farisifo bisa no bere a Ahenni no bɛba ho asɛm. Wogye di sɛ guasodeyɛ kɛse ne afahyɛ na ɛde bɛba, nanso Yesu ka sɛ: “Onyankopɔn ahenni mma sɛ ani tuae, nanso wɔrenka sɛ: Hwɛ ha anaa ɛhɔ! Na hwɛ Onyankopɔn ahenni no, mo mu na ɛwɔ.”

Ɛtɔ mmere bi a wɔkyerɛ Yesu nsɛm “mo mu na ɛwɔ” no ase sɛ “ɛhyɛ mo mu.” Enti ebinom susuw sɛ Yesu kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni di so wɔ Onyankopɔn nkoa komam. Nanso, ɛda adi sɛ, Onyankopɔn Ahenni no nni Farisifo a Yesu ne wɔn rekasa a wonnye nni yi komam. Nanso, ɛwɔ wɔn mfinimfini, efisɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene a wɔapaw no, Yesu Kristo no wɔ wɔn nkyɛn.

Ebia Farisifo no kɔe akyi ansa na Yesu toa so ka Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no ho asɛm kyerɛ n’asuafo no. Ná Ahenni tumi mu a ɔbɛba daakye ho asɛm titiriw na ɛwɔ n’adwenem bere a ɔde kɔkɔbɔ yi ma no: “Na wobese mo sɛ: Hwɛ ha! anaa: Hwɛ hɔ! a, monnkɔ, nso munnni wɔn [atoro Mesiafo yi] akyi! Na sɛnea anyinam a ɛpa tew ɔsoro ase fa hyerɛn kɔ ɔsoro ase fa baabi no, saa ara nso na onipa ba no bɛyɛ ne da no mu.” Enti Yesu kyerɛ sɛ sɛnea anyinam hyerɛn kɔ akyiri no, saa ara na n’Ahenni tumi mu ba ho sɛnkyerɛnne no bɛda adi akyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu nyinaa.

Afei Yesu de nea esii tete no toto su a nnipa bɛda no adi bere a waba no ho. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea ɛyɛe Noa nna no mu no, saa ara nso na ɛbɛyɛ onipa ba no nna mu . . . Sɛ nso ɛyɛe Lot nna mu no, wodidii, wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, woduae, na wɔtotoo adan. Na da a Lot fii Sodom kɔe no, na ogya ne sufre fi soro tɔe, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa. Saa ara na ɛbɛyɛ ɛda a onipa ba no beyi ne ho adi no.”

Yesu nka sɛ wɔsɛee Noa ne Lot bere so nnipa no esiane sɛ wɔyɛɛ asetra mu nneɛma a ɛyɛ ne kwan so a ɛne adidi, ɔnom, adetɔ, adetɔn, adedua ne adansi no ara kwa nti. Noa ne Lot ne wɔn mmusua no mpo yɛɛ nneɛma yi bi. Nanso afoforo no de wɔn ho hyɛɛ da biara da asetra mu nneyɛe yi mu a ná wɔabu wɔn ani agu Onyankopɔn apɛde so, na eyi nti na wɔsɛee wɔn no. Ade koro no ara nti na wɔbɛsɛe nnipa binom bere a Kristo yi ne ho adi wɔ ahohiahia kɛse a ɛba nneɛma nhyehyɛe yi so mu no.

Yesu si sɛnea ehia sɛ wɔyɛ ne ba wɔ Ahenni tumi mu no ho adanse ho ade ntɛm so dua na ɔde ka ho sɛ: “Da no ara, nea ɔwɔ ɔdan atifi na ne biribi wɔ ɔdan no mu no, mma onnsian mmmɛfa; na nea ɔwɔ afuw mu no nso, mma ɔnnsan n’akyi. Monkae Lot yere no!”

Sɛ Kristo ba no ho adanse da adi a, ɛnsɛ sɛ nnipa ma wɔn honam fam nneɛma akyidi siw wɔn kwan wɔ ade a wɔbɛyɛ no ntɛm wɔ ho no ho. Ɛda adi sɛ bere a Lot yere refi Sodom no, nneɛma a wɔagyaw no ho anigyina ma ɔhwɛɛ n’akyi, na ɔdan nkyene siw.

Yesu toa ne daakye ba no mu tebea ho asɛm a ɔka no so na ɔka kyerɛ n’asuafo no sɛ: “Anadwo no, nnipa baanu bɛda mpa koro so; wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako. Mmea baanu bɛbom ayam awi; wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako.”

Fa a wɔfa obi no te sɛ Noa ne n’abusua a wɔkɔ adaka no mu ne Lot ne n’abusua a ɔbɔfo no fa wɔn fi Sodom no. Ɛkyerɛ nkwagye. Nea ɛne no bɔ abira no, gyaw a wogyaw obi no kyerɛ ɔsɛe.

Ɛha no, asuafo no bisa sɛ: “Ɛhe, Awurade?”

Yesu bua sɛ, “Nea afunu wɔ no, ɛhɔ na apete bɛboaboa wɔn ho ano.” Wɔn a “wɔfa wɔn” ma nkwagye no te sɛ apete a wɔn aniwa kɔ akyiri ne sɛ wɔboaboa wɔn ho ano wɔ “afunu” no ho. Afunu no fa nokware Kristo a waba n’Ahenni tumi mu a aniwa nhu no ne honhom mu pon a Yehowa tow no ho. Luka 17:20–37; Genesis 19:26.

▪ Ɔkwan bɛn so na na Ahenni no wɔ Farisifo no mu?

▪ Ɔkwan bɛn so na Kristo ba no te sɛ anyinam?

▪ Dɛn nti na nnipa nneyɛe bɛma wɔasɛe wɔn wɔ Kristo ba no mu?

▪ Sɛ wɔbɛfa, ne sɛ wobegyaw obi no kyerɛ dɛn?