Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bobe Turo mu Adwumayɛfo

Bobe Turo mu Adwumayɛfo

Ti 97

Bobe Turo mu Adwumayɛfo

ƐNKYƐE na Yesu aka sɛ: “Adikanfo pii bedi akyiri, na akyikafo abedi kan.” Afei ɔde asɛm bi a ɔka yɛ eyi ho mfatoho. Ofi ase sɛ: “Na ɔsoro ahenni te sɛ onipa bi a ɔyɛ ofiwura a ofii adi anɔpatutu sɛ ɔrekɔbɔ adwumayɛfo paa akɔ ne bobe turom.”

Yesu toa so sɛ: “Na [ofiwura no] ne adwumayɛfo no dii ano sɛ da koro denare biako no, ɔma wɔkɔɔ ne bobe turom. Na ofii adi bɛyɛ dɔn a ɛto so abiɛsa kohuu afoforo sɛ wogyinagyina gua so kwa. Na osee wɔn nso sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom, na nea ɛteɛ no mɛma mo. Na wɔkɔe. Bio ɛbɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so asia ne akron mu no ofii adi kɔyɛɛ saa ara. Na ɛbɛyɛ sɛ dɔn a ɛto so dubiako mu no ofii adi kohuu afoforo sɛ wogyinagyina hɔ kwa, na osee wɔn sɛ: Adɛn na mugyinagyina ha kwa adekyee nyinaa yi? Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Obi mmɔɔ yɛn paa ɛ. Osee wɔn sɛ: Mo nso monkɔ bobe turom hɔ!”

Ofiewura, anaasɛ bobe turo wura no ne Yehowa Nyankopɔn, na bobe turo no ne Israel man no. Adwumayɛfo a wɔde wɔn ba bobe turo no mu no ne nnipa a wɔde wɔn ba Mmara Apam no mu no; titiriw no wɔyɛ Yudafo a wɔtraa ase wɔ asomafo no bere so no. Adwumayɛfo a wɔyɛɛ adwuma da mũ nyinaa no nkutoo na wɔkyerɛɛ akatua a wobenya. Akatua no yɛ denare biako ma da mũ nyinaa adwuma. Esiane sɛ “dɔn a ɛto so 3” yɛ anɔpa 9:00 nti, wɔn a wɔfrɛɛ wɔn dɔn a ɛto so 3, 6, 9 ne 11 no yɛ adwuma nnɔnhwerew 9, 6, 3 ne 1 pɛ.

Nnɔnhwerew 12, anaasɛ da mũ nyinaa adwumayɛfo no gyina hɔ ma Yudafo mpanyimfo a wɔakɔ so de wɔn ho ahyɛ nyamesom mu dwumadi ahorow mu bere nyinaa no. Wɔnte sɛ Yesu asuafo no a wɔde wɔn asetra bere mu fã kɛse ayɛ apofofo anaasɛ honam fãm nnwuma ahorow no. Afe 29 Y.B. twabere mu ansa na “ofiwura” no somaa Yesu sɛ ɔmfrɛ eyinom na wɔnyɛ n’asuafo. Enti wɔbɛyɛɛ “akyikafo” anaasɛ dɔn a ɛto so 11 bobe turom adwumayɛfo no.

Awiei koraa no, sɛnkyerɛnne kwan so adwumayɛ da no ba awiei wɔ Yesu wu mu, na bere du sɛ wotua adwumayɛfo no ka. Adeyɛ a ɛne wɔn a wodi akyiri a wotua wɔn kan a ɛnyɛ saa na wɔyɛ daa no na wɔde di dwuma, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu yi: “Na eduu anwummere no, bobe turo wura no ka kyerɛ n’abofra panyin sɛ: Frɛ adwumayɛfo no, na ma wɔn wɔn apaabɔde fi wɔn a wodi akyiri so kosi wɔn a wodi kan so. Na wɔn a wɔfaa wɔn bɛyɛ dɔn a ɛto so dubiako no bae no, wɔn nyinaa nyaa denare denare. Na adikanfo no bae no, wosusuwii sɛ wobenya nea ɛsen saa; na wɔn nso wonyaa denare denare. Na ɛkaa wɔn nsa no, wonwiinwii ofiwura no ho sɛ: Akyikafo yi de, dɔnhwerew biako pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na woama wɔne yɛn a yefi anɔpa ayɛ adwuma na owia ahye yɛn no pɛ? Na obua see wɔn mu biako sɛ: Awɛ, menyɛɛ wo bɔne bi ɛ; me ne wo anni ano denare anaa? Fa wo de kɔ! Mepɛ sɛ mema akyikafo yi sɛ wo ara; anaasɛ minni ho kwan sɛ mede m’ankasa m’ade meyɛ nea mepɛ? Sɛ me yam ye nti na w’ani abere yi? Yesu tii nea ɔkaa kan no mu de baa awiei sɛ: “Saa na akyikafo bedi kan, na adikanfo adi akyiri.”

Ɛnyɛ Yesu wu mu na wogyee denare no na mmom wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. bere a Kristo a ɔne “abofra panyin” no hwiee honhom kronkron guu n’asuafo so no. Yesu asuafo no te sɛ “akyikafo” anaasɛ dɔn a ɛto so 11 adwumayɛfo no. Denare no nnyina hɔ mma honhom kronkron akyɛde no ankasa. Denare no yɛ ade a asuafo no de bedi dwuma wɔ asase so ha. Ɛyɛ biribi a ɛkyerɛ wɔn asetra, wɔn daa nkwa. Ɛyɛ hokwan a wɔanya sɛ wɔyɛ honhom mu Israelfo a wɔasra wɔn sɛ wɔnka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa.

Ankyɛ wɔn a wodii kan bɔɔ wɔn paa no hu sɛ wɔatua Yesu asuafo no ka, na wohu sɛ wɔde sɛnkyerɛnne kwan so denare no di dwuma. Nanso wɔhwehwɛ nea ɛsen honhom kronkron ne Ahenni hokwan ahorow a ɛka ho no. Wɔn anwiinwii ne kasatia no yɛɛ Kristo asuafo, bobe turo no mu adwumayɛfo “akyikafo” no a wɔtaa wɔn no.

So saa afeha a edi kan no mu mmamu no nko na ɛyɛ Yesu bɛ no mmamu? Dabi, esiane Kristoman asɔfo a wɔwɔ afeha ɛto so 20 yi mu no dibea ne asɛyɛde ahorow nti, wɔayɛ “adikanfo” a wɔadi kan abɔ wɔn paa ama Onyankopɔn sɛnkyerɛnne kwan so bobe turo no mu adwumayɛ. Wobu asɛnkafo a wɔahyira wɔn ho so a wɔde wɔn ho abɔ Ɔwɛn Aban Bible ne Nkratawa Asafo no ho no sɛ “akyikafo” a wonni dwumadi biara wɔ Onyankopɔn som mu. Nanso, nokwarem no eyinom a asɔfo no bu wɔn animtiaa no na wonya denare—nidi a wonya de som sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no ahemmɔfo. Mateo 19:30–20:16.

▪ Bobe turo no gyina hɔ ma dɛn? Bobe turo no wura no ne nnɔnhwerew 12 ne 1 adwumayɛfo no gyina hɔ ma henanom?

▪ Bere bɛn na sɛnkyerɛnne kwan so adwumayɛ da no baa awiei, na bere bɛn na wɔmaa akatua?

▪ Dɛn na egyina hɔ ma denare a wɔde tua ka no?