Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Egu Onipa ho Fĩ?

Dɛn Na Egu Onipa ho Fĩ?

Ti 56

Dɛn Na Egu Onipa ho Fĩ?

ƆSƆRETIA a wɔde ba Yesu so no mu yɛ den. Ɛnyɛ sɛ n’asuafo no mu pii agyaw ne hɔ kɔ nko na mmom Yudafo a wɔwɔ Yudea no rehwehwɛ sɛ wokum no te sɛ nea wɔyɛe bere a na ɔwɔ Yerusalem wɔ 31 Y.B. Twam bere no mu no.

Afei ɛyɛ Twam wɔ 32 Y.B. mu. Nea ɛne Onyankopɔn ahwehwɛde a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ afahyɛ no hyia no, Yesu kodi Twam no wɔ Yerusalem. Nanso ɔhwɛ yiye efisɛ ne nkwa da asiane mu. Wɔ ɛno akyi no, ɔsan kɔ Galilea.

Ebia Yesu wɔ Kapernaum na Farisifo ne kyerɛwfo fi Yerusalem aba ne nkyɛn. Wɔhwehwɛ biribi a wobegyina so atoto n’ano sɛ wabu nyamesom mu mmara bi so. Wobisa sɛ: “Adɛn nti na w’asuafo no nni mpanyimfo atetesɛm no so? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi.” Onyankopɔn nhwehwɛ eyi nanso Farisifo no bu no sɛ, eyi a wɔrenyɛ a wɔn nsa ho a wɔbɛhohoro akosi wɔn batwɛw ka ho no yɛ bɔne a anibere wom.

Sɛ anka Yesu bɛma wɔn ɔkasatia no ho mmuae no, ɔtwe adwene si wɔn nsɛmmɔnedi ne Onyankopɔn Mmara a wɔahyɛ da bu so no so. Obisa sɛ: “Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti munni Onyankopɔn ahyɛde so? Na Onyankopɔn kae sɛ: Di w’agya ne wo na ni! ne: Nea ɔka agya anaa ɛna ho asɛmmɔne no, owu na ma onwu. Na mo de, muse: Obi a obese n’agya anaa ne na sɛ: Nea anka wubenya me ho no yɛ ayɛyɛde no, na enni sɛ odi n’agya anaa ne na ni.”

Nokwarem no, Farisifo no kyerɛkyerɛ sɛ sika, agyapade, anaasɛ biribi a wɔahyira so sɛ akyɛde ama Onyankopɔn no yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde kɔ asɔrefi hɔ na wontumi mfa nyɛ ade foforo biara. Nanso, onipa a wahyira akyɛde no so no fa. Wɔ saa kwan yi so no, ɔbabarima bi nam ne sika anaa n’agyapade bi a ɔka sɛ ɛyɛ ‘korban’—akyɛde a wɔahyira so ama Onyankopɔn anaa asɔrefi—no so ara kwa—no kwati n’asɛyɛde a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ ɔboa n’awofo a wɔn mfe akɔ anim a ebia wɔn ho akyere wɔn kɛse no.

Esiane sɛ Yesu bo afuw Farisifo no wɔ ɔkwan a ɛteɛ so wɔ Onyankopɔn Mmara a wokyinkyim no ho nti, ɔka sɛ: “Mo atetesɛm nti moasɛe Onyankopɔn asɛm. Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ: Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri. Na wɔsɔre me kwa, wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.”

Ebia na nnipadɔm no atwe wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma Farisifo no kwan ma wɔabisabisa Yesu nsɛm. Afei bere a Farisifo no antumi amma kasa a Yesu kasa tia wɔn denneennen no ho mmuae no, Yesu frɛ nnipadɔm no sɛ wontwiw mmɛn no. Ɔka sɛ: “Muntie, na monte ase. Ɛnyɛ nea ɛkɔ anom na egu onipa ho fi, na mmom nea efi anom ba na egu onipa ho fi.”

Akyiri yi bere a wɔhyɛn ofi bi mu no, n’asuafo no bisa sɛ: “Wunim sɛ Farisifo no tee asɛm yi no ato wɔn hintidua?”

Yesu bua sɛ: “Dua biara a ɛnyɛ me soro agya na oduae no, wobetu. Munnyaa wɔn, wɔyɛ anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan; na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.”

Ɛte sɛ nea Yesu ho adwiriw no bere a Petro gyina n’asuafo no ananmu ka sɛ Yesu nkyerɛkyerɛ nea egu onipa ho fi̇̃ no mu no. Yesu bua sɛ: “Mo nso moda so nte ase ara? Munhu sɛ ade biara a ɛkɔ anom no kɔ ɔyafunu mu na eyi gu duasee mu? Na nea efi anom fi adi de, efi onipa komam, na ɛno na egu onipa ho fi. Na koma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayerefasɛm, aguamansɛm, awifosɛm, adansekurum ne abususɛm fi. Eyinom ne nneɛma a egu onipa ho fi; na wɔde nsa a wɔanhohoro didi a, engu onipa ho fi.”

Ɛnyɛ sɛ Yesu rekasa atia ahotew wɔ ha. Ɛnyɛ sɛ ɔregye akyinnye sɛ ɛnsɛ sɛ obi hohoro ne nsa ansa na wasiesie aduan anaasɛ wadidi. Mmom no, Yesu rekasa atia nyamesom akannifo no a wɔbɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛsɛe Onyankopɔn trenee mmara ahorow a wɔka sɛ wonni atetesɛm ahorow a ennyina Kyerɛwnsɛm so no so nyaatwomyɛ no. Yiw, nneɛma bɔne na egu onipa ho fi na Yesu kyerɛ sɛ eyinom fi onipa no koma mu. Yohane 7:1; Deuteronomium 16:16; Mateo 15:1–20; Marko 7:1–23; Exodus 20:12; 21:17; Yesaia 29:13.

▪ Ɔsɔretia bɛn na afei Yesu hyia?

▪ Dɛn na Farisifo no kasa tia, nanso sɛnea Yesu kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Farisifo no hyɛ da bu Onyankopɔn Mmara so?

▪ Dɛn na Yesu da no adi sɛ ɛne nneɛma a egu onipa ho fi?