Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Mmara Ma Ho Kwan Homeda?

Dɛn Na Mmara Ma Ho Kwan Homeda?

Ti 32

Dɛn Na Mmara Ma Ho Kwan Homeda?

HOMEDA foforo adu na Yesu kɔ hyiadan bi mu wɔ beae a ɛbɛn Galilea Po no. Ɔbarima bi a ne nsa nifa awu wɔ hɔ. Kyerɛwfo ne Farisifo no hwɛ sɛ Yesu bɛsa no yare. Awiei koraa no wobisa sɛ: “Ɛwɔ hokwan sɛ wɔsa yare homeda anaa?”

Yudafo nyamesom akannifo no gye di sɛ, sɛ obi rewu Homeda nkutoo a na mmara ma ho kwan sɛ wɔnsa no yare. Sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛkyerɛ sɛ mmara mma kwan sɛ wɔkyere nan anaa nsa a emu abu Homeda. Enti kyerɛwfo ne Farisifo no bisabisa Yesu nsɛm na wɔanya biribi aka atia no.

Nanso Yesu nim wɔn adwene. Bere koro no ara mu no, ohu sɛ wɔanya adwuma a ɛsɛe Homedadi no ho adwene a ennyina kyerɛwsɛm so. Enti Yesu fi adeyɛ bi a ɛde akasakasa ba ase, ɔka kyerɛ ɔbarima a ne nsa awu no sɛ: “Sɔre gyina mfinimfini.”

Afei, Yesu dan ne ho kyerɛ kyerɛwfo ne Farisifo no na ɔka sɛ: “Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ oguan biako, na ɔkɔhwe amoa mu homeda a, ɔrenso no mu mma no so?” Esiane sɛ wotumi tɔn oguan nya sika nti, wɔremma ade nkye no so wɔ amoa mu na wayare na ama wɔabɔ ka. Afei nso, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ɔtreneeni nim n’afieboa kra.”

Yesu yɛ ntotoho na ɔtoa so sɛ: “Ɔsen bɛn na onipa nsen oguan? Enti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa homeda.” Nyamesom akannifo no ntumi mmɔ ayamhyehye nkyerɛkyerɛmu a nyansa wom yi ngu na wɔyɛ komm.

Yesu de abufuw ne wɔn komaden a ɛmma wonhu nyansa no ho awerɛhow hwɛ hɔ nyinaa hyia. Afei ɔka kyerɛ ɔbarima a ne nsa awu no sɛ: “Teɛ wo nsa!” Na ɔteɛ mu na nsa no yɛ yiye.

Sɛ anka Farisifo no ani begye sɛ ɔbarima no nsa no ayɛ yiye mmom no, wofi adi ntɛm ara na wɔne Herode akyidifo kɔhyehyɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akum Yesu. Ɛda adi sɛ Sadukifo nyamesomfo ka amammui kuw yi ho. Farisifo ne amammui kuw yi mufo nka koraa, nanso wɔyɛ biako wɔ Yesu a wɔsɔre tia no no mu. Mateo 12:9-14; Marko 3:1-6; Luka 6:6-11; Mmebusɛm 12:10; Exodus 20:8-10.

▪ Dɛn na ɛde Yesu ne Yudafo nyamesom akannifo no ntam akasakasa no ba?

▪ Dɛn na Yudafo nyamesom akannifo gye di wɔ yare a wɔsa no Homeda ho?

▪ Mfatoho bɛn na Yesu de di dwuma de bɔ wɔn adwene a ɛnteɛ no gu?