Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fafiri ho Adesua Bi

Fafiri ho Adesua Bi

Ti 64

Fafiri ho Adesua Bi

AKYINNYE nni ho sɛ na Yesu ne n’asuafo no da so wɔ fie wɔ Kapernaum. Na ɔne wɔn bɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wodi anuanom ntam nsɛnnennen ho dwuma ho nkɔmmɔ, enti Petro bisa sɛ: “Awurade, mpɛn ahe na me nua fom me a, memfa mimfiri no?” Esiane sɛ Yudafo nyamesom mu akyerɛkyerɛfo ka sɛ wɔmfa mfiri mpɛn abiɛsa nti, Petro bu sɛ ebia ɛyɛ ayamye mmom sɛ ɔbɛka sɛ “mpɛn ason anaa?”

Nanso adwene a ɛne sɛ wɔbɛyɛ mfomso ho kyerɛwtohɔ no nnye. Yesu teɛ Petro so: “Minse wo sɛ enkosi mpɛn ason, na mmom aduosɔn ahorow ason!” Ɔkyerɛ sɛ anohyeto biara nni hɔ mma mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ Petro de ne nua mfomso firi no.

Yesu bu bɛ bi kyerɛ asuafo no de si wɔn asɛyɛde a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn nuanom mfomso firi wɔn no so dua wɔ wɔn adwenem. Ɛfa ɔhene bi a ɔpɛ sɛ ne nkoa bu akontaa kyerɛ no ho. Wɔde akoa biako a ɔde no ka kɛse, denari 60,000,000 brɛ no. Ɔkwan biara nni hɔ a obetumi afa so atua. Enti, sɛnea Yesu kyerɛkyerɛ mu no, ɔhene no hyɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma na wɔmfa ntua ka no.

Enti akoa no butuw ne wura nan ase pa kyɛw sɛ: “Tɔ wo bo ase ma me, na metua wo ne nyinaa.”

Owura no hu no mmɔbɔ na ofi ayamye mu twa akoa no ka kɛse no mu. Yesu toa so sɛ, nanso bere a ɔyɛɛ saa akyi bere tiaa no akoa yi kɔ kohu ne yɔnko akoa a ɔde ka denari 100 pɛ. Ɔbarima no so ne yɔnko akoa no mene na ofi ase tim no amenewa, na ɔka sɛ: “Tua me ka!”

Nanso ne yɔnko akoa no nni sika no bi. Enti obutuw akoa a ɔde no ka no nan ase pa kyɛw sɛ: “Tɔ wo bo ase ma me, na metua.” Akoa yi nni ayamhyehye te sɛ ne wura, na ɔma wɔde ne yɔnko akoa no to afiase.

Yesu de ba awiei sɛ, wiɛ mfɛfo nkoa a wohuu nea aba no kɔka kyerɛ owura no. Ɔde abufuw hyɛ sɛ wɔmfa akoa no mmra. Ɔka sɛ: “Akoa bɔne, wosrɛɛ me nti, mede ka no nyinaa mekyɛɛ wo; ɛnsɛ wo nso sɛ wuhu w’awurakwaa mmɔbɔ sɛnea mihuu wo mmɔbɔ no anaa?” Owura no fi abufuw mu de akoa a wanhu mmɔbɔ no hyɛ ahawfo nsa kosi sɛ obetua ka a ɔde no no nyinaa.

Afei Yesu de asɛm no ba awiei sɛ: “Saa ara na mo mu biara amfi ne komam amfa ne nua mfomso amfiri no a, me soro agya nso bɛyɛ no.”

Fafiri ho adesua fɛfɛ bɛn ara ni! Sɛ yɛhwɛ ka kɛse a Onyankopɔn de akyɛ yɛn no a, na mfomso biara a yɛn Kristofo anuanom adi atia yɛn no sua koraa. Bio nso, Yehowa Nyankopɔn de yɛn bɔne akyɛ yɛn mpɛn mpempem pii. Ɛtaa ba sɛ, yenhu bɔne ahorow a yɛyɛ tia no no mpo. Enti, sɛ yɛwɔ nokware nnyinaso a yɛde bɛbɔ yɛn nuanom sobo mpo a, so yɛrentumi mfa wɔn mfomso mfiri wɔn mpɛn kakraa bi? Kae, sɛnea Yesu kyerɛkyerɛe wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no, Onyankopɔn de “yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka.” Mateo 18:21–35; 6:12; Kolosefo 3:13.

▪ Dɛn na ɛmaa Petro bisaa ne nuanom mfomso a ɔde befiri wɔn no ho asɛm no, na ebia dɛn nti na obesusuw sɛ ne nyansahyɛ a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wɔde obi mfomso firi no mpɛn ason no kyerɛ ayamye?

▪ Ɔkwan bɛn so na ɛsono ɔhene no mmuae a ɔde maa n’akoa no adesrɛ no wɔ akoa no mmuae a ɔde maa ne yɔnko akoa adesrɛ no ho?

▪ Dɛn na yesua fi Yesu bɛ yi mu?