Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Farisini bi Too no Pon

Farisini bi Too no Pon

Ti 83

Farisini bi Too no Pon

YESU da so ara wɔ Farisini a wagye din no fi, bere tiaa bi ni a wasa ɔbarima a ɔyare sesaborɔ no yare. Bere a ohu wɔn a ná wɔato nsa afrɛ wɔn aba adidi no ase bi a wɔpaw mmeae a ɛkorɔn a wɔbɛtra no, ɔkyerɛkyerɛ ahobrɛase ho ade.

Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ obi hyia wo ayeforo ase a, nkɔtra mpanyin trabea! Ebia wɔahyia obi a n’anim yɛ nyam kyɛn wo. Na nea ohyiaa wo ne no no ba a, obese wo sɛ: Ma oyi kwan! Na ɛno na wode aniwu befi ase akɔfa akyiri trabea.”

Enti Yesu de afotu ma sɛ: “Na sɛ wohyia wo a, kɔ na kɔtra akyiri trabea! Na nea ohyiaa wo no ba a, waka akyerɛ wo sɛ: Damfo twiw kɔ soro nohɔ! Ɛno na wubenya nidi wɔn a wɔne wo te adidii no anim.” Yesu de ba awiei sɛ: “Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”

Afei, Yesu kasa kyerɛ Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no na ɔka apontow a ɛsɔ Onyankopɔn ani ho asɛm kyerɛ no. “Sɛ wotow pon awia anaa anwummere a, mfrɛ wo nnamfo anaa wo nuanom anaa w’abusuafo anaa afipamfo adefo! Na wɔn nso ammehyia wo bi, na woannya so akatua. Na wotow pon a, frɛ ahiafo, mmubuafo, mpakye ne anifuraefo! Na woanya nhyira; efisɛ wonni nea wɔde betua wo so ka.”

Ɔpon a wɔtow no saa de ma ahiafo no bɛma nea ɔtow pon no anya anigye efisɛ sɛnea Yesu kyerɛkyerɛ mu kyerɛ ne fiewura no, “Atreneefo sɔre mu na wobetua wo so ka.” Nea Yesu ka wɔ apontow a akatua wɔ ho yi ho no ma wɔn a wɔwɔ adidi no ase no mu biako kae apontow foforo. Ɔhɔho yi ka sɛ, “nhyira ne nea obedidi Onyankopɔn ahenni mu!” Nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔn ani gye anidaso yi ho, sɛnea Yesu da no adi wɔ mfatoho bi mu no.

“Onipa bi tow pon kɛse, na ohyiaa nnipa pii. Na . . . ɔsomaa n’akoa sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Mommra, na wɔasiesie nneɛma awie. Na wɔn nyinaa fii ase kaa asɛnkoro yiyii wɔn ho ano. Nea odi kan no see no sɛ: Matɔ afuw, na ehia me sɛ mekɔhwɛ; mesrɛ wo, yi me fi mu! Ɔfoforo se: Matɔ anantwi mpamho anum, na mekɔsɔ wɔn mahwɛ; mesrɛ wo yi me fi mu! Na ɔfoforo se: Maware yere, enti mintumi memma.”

Atoro anoyi bɛn ara ni! Wodi kan hwɛ afuw ne mmoa ansa na wɔatɔ, enti ná ɛho nhia pii sɛ wɔsan kɔhwɛ bio akyiri yi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obi aware siw no kwan wɔ ɔfrɛ a ɛho hia ho. Enti bere a owura no te anoyi ahorow yi no, ne bo fuw na ɔhyɛ n’akoa sɛ:

“Fi adi ntɛm kɔ kurow no mmɔnten ne mprama so, na kɔfa ahiafo ne mmubuafo ne anifuraefo ne mpakye bra. Na akoa no se: Owura, wɔayɛ sɛnea wohyɛe no, nanso afa da so wɔ hɔ. Na owura no ka kyerɛɛ akoa no sɛ: Fi adi kɔ akwan so ne ban ho, na kɔhyɛ wɔn na wɔmmra, na me fi ha nyɛ ma. . . . Nnipa a wɔahyia wɔn no mu biara renka m’aduan no nhwɛ.”

Mfatoho no fa tebea bɛn ho? Wiɛ, “owura no” a ɔtow pon no gyina hɔ ma Yehowa Nyankopɔn; “akoa” no a ɔto nsa frɛ nkurɔfo no ne Yesu Kristo; na ‘apontow kɛse’ no ne hokwan ahorow a ɛbɛma wɔafata ama ɔsoro Ahenni no.

Wɔn a wodii kan too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra Ahenni no mu no ne Yesu bere so Yudafo nyamesom akannifo no. Nanso, wɔpow ɔfrɛ no. Enti, ne titiriw no efi Pentekoste 33 Y.B. mu no, wɔde ɔfrɛ a ɛto so abien no maa Yuda man no mufo mpapahwekwa. Nanso wɔn a wotiee no sua sen Onyankopɔn Ahenni no mu trabea ahorow 144,000 no. Enti wɔ 36 Y.B. mu, wɔ eyi akyi mfe abiɛsa ne fã no, wɔde ɔfrɛ a ɛto so abiɛsa maa wɔn a wɔnyɛ Yudafo momonotofo, na eyinom anoboaboa akɔ so abedu yɛn bere yi mu. Luka 14:1–24.

▪ Ahobrɛase ho asuade bɛn na Yesu kyerɛkyerɛ?

▪ Ɔkwan bɛn so na ofiewura bɛtow pon a ɛsɔ Onyankopɔn ani, na dɛn nti na ɛbɛma wanya anigye?

▪ Dɛn nti na anoyi ahorow a wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no de mae no yɛ atoro?

▪ Dɛn na Yesu mfatoho a ɛne ‘apontow kɛse’ no gyina hɔ ma?