Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Galilea Asɛnka Ɔsatu Foforo

Galilea Asɛnka Ɔsatu Foforo

Ti 49

Galilea Asɛnka Ɔsatu Foforo

WƆ MFE abien a Yesu de ayɛ asɛnka adwuma pii akyi no, so afei obegyae na wagye n’ahome anaa? Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɔtrɛw n’asɛnka dwumadi no mu denam ɔsatu foforo, nea ɛto so abiɛsa wɔ Galilea a ofi ase no so. Ɔkɔ nkurow ne nkuraa a ɛwɔ asasesin no mu nyinaa, kyerɛkyerɛ wɔ hyia adan mu na ɔka Ahenni no ho asɛmpa. Nea ohu wɔ ɔsatu yi mu no ma ohu hia a ehia sɛ ɔyere n’asɛnka adwuma no mu no.

Baabiara a Yesu kɔ no, ohu sɛ nkurɔfo akuwakuw no hia honhom mu ayaresa ne awerɛkyekye. Wɔte sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo a wɔafɔn na wɔsam hɔ, na ne yam hyehye no ma wɔn. Ɔka kyerɛ n’asuafo no sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!”

Yesu yɛ nhyehyɛe bi. Ɔfrɛ asomafo 12 a wapaw wɔn bɛyɛ afe ni no. Ɔkyekyɛ wɔn mu baanu baanu, enti wɔyɛ asɛnkafo akuw asia na ɔma wɔn ahyɛde ahorow. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mommman nnkɔ amanaman kwan so, na monnhyɛn Samariafo kurow biara mu, na mmom monkɔ Israel fi nguan a ayera no nkyɛn! Na mokɔ a, monkɔka sɛ ɔsoro ahenni no abɛn.”

Ahenni a ɛsɛ sɛ wɔka ho asɛm yi ara ne nea Yesu kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ ho mpae wɔ nhwɛso mpaebɔ no mu no. Ahenni no abɛn a ɛkyerɛ sɛ Ɔhene a Onyankopɔn apaw no a ɔne Yesu Kristo no wɔ hɔ. Yesu ma n’asuafo no tumi a wɔde sa nyarewa ne nea wɔde nyan awufo mpo na adi wɔn ho adanse sɛ wɔyɛ ahenni a ɛkorɔn sen nnipa de yi ananmusifo. Ɔhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ adwuma yi a wonnye biribiara.

Ɛno akyi no ɔka kyerɛ n’asuafo no sɛ wɔnyɛ honam fam ahosiesie biara mma wɔn asɛnka ɔsatu no. “Monhwehwɛ sika anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔso mu, monnhwehwɛ akwantu bɔtɔwa anaa ntade abien anaa mpaboa anaa poma; na odwumayɛfo aduan sɛ no.” Wɔn a wɔbɛkyerɛ asɛm no ho anigye no begye adi na wɔama wɔn aduan ne dabere. Yesu ka sɛ: “Na kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, mummisa nea ɔsɛ wɔ hɔ, na ɛhɔ na montra nkosi sɛ mubefi hɔ akɔ.”

Afei Yesu de sɛnea wɔde Ahenni no ho nkrasɛm no bɛma afiewuranom no ho ahyɛde ma wɔn. Ɔhyɛ sɛ: “Na mo hyɛn ofi bi mu a, munkyia emufo no. Na sɛ ɛsɛ ofi no a, mo asomdwoe mmra so; na sɛ ɛnsɛ no a, mo asomdwoe nsan mmra mo nkyɛn. Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo asɛm no, mufi ofi anaa kurow no mu rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw.”

Yesu da no adi sɛ kurow a ɛbɛpow wɔn asɛm no atemmu bɛyɛ kɛse. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nokwarem mise mo sɛ, atemmu da no, ɛbɛfanim Sodom ne Gomora asase asen saa kurow no.” Mateo 9:35–10:15; Marko 6:6–12; Luka 9:1–5.

▪ Bere bɛn na Yesu fi asɛnka ho ɔsatu a ɛto so abiɛsa wɔ Galilea no ase, na eyi ma ohu dɛn?

▪ Bere a ɔsoma asomafo 12 no sɛ wɔnkɔka asɛm no, ahyɛde ahorow bɛn na ɔde ma wɔn?

▪ Dɛn nti na ɛteɛ sɛ asuafo no bɛkyerɛkyerɛ sɛ Ahenni no abɛn?