Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Hwɛ! Ɔbarima No Ni!’

‘Hwɛ! Ɔbarima No Ni!’

Ti 123

‘Hwɛ! Ɔbarima No Ni!’

ESIANE sɛ Yesu adeyɛ ayɛ Pilato fɛ na ohu sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara nti, ɔhwehwɛ ɔkwan foforo a ɔbɛfa so agyaa no. Ɔka kyerɛ nnipa akuwakuw no sɛ ‘mowɔ amanne sɛ migyaa ɔbarima biako mema mo Twam da mu.’

Baraba a ɔyɛ owudifo bi a wagye dimmɔne nso wɔ afiase, enti Pilato bisa sɛ: “Hena na mopɛ sɛ migyaa no mema mo? Baraba anaa Yesu a wɔfrɛ no Kristo no?”

Esiane sɛ asɔfo mpanyin a wɔkanyan wɔn no adan wɔn adwene nti, nkurɔfo no bisa sɛ wonyaa Baraba na wonkum Yesu mmom. Pilato ampa abaw, na mmom obisa bio sɛ: “Wɔn baanu yi mu hena na mopɛ sɛ migyaa no mema mo?”

Wɔteɛm sɛ: “Baraba.”

Pilato de abasamtu bisa sɛ: “Ɛnde dɛn na menyɛ Yesu a wɔfrɛ no Kristo no?”

Wɔn nyinaa bom teɛm denneennen sɛ: “Ma wɔmmɔ no asɛndua mu!” “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!”

Esiane sɛ Pilato nim sɛ wɔrebisa no sɛ onkum obi a ɔnyɛɛ bɔne biara nti, obisa sɛ: “Na bɔne bɛn na [ɔbarima] yi ayɛ? Manhu akunne biara wɔ no mu, enti mɛhwe no, na magyaa no.”

Ne mmɔdenbɔ yi nyinaa akyi no, nnipakuw a wɔn bo afuw a na wɔn nyamesom akannifo no piapia wɔn no kɔ so teɛteɛm sɛ: “Ma wɔmmɔ no asɛndua mu!” Nnipakuw no a asɔfo no ama wɔn ani so ayɛ hyew no pɛ sɛ wohwie mogya gu. Na sɛ wususuw ho sɛ nnanum pɛ a na atwam no, ebia wɔn mu bi ka wɔn a wokohyiaa Yesu baa Yerusalem sɛ Ɔhene no ho a, na ɛyɛ nwonwa! Saa bere yi nyinaa, sɛ na Yesu asuafo no wɔ hɔ a, wɔyɛ dinn na wɔnna wɔn ho adi.

Pilato hu sɛ nea ɔka no ntumi nyɛ hwee, na mmom ɛrema sakasaka asɔre no, ɔde nsu hohoro ne nsa nnipakuw no anim, na ɔka sɛ: “Onipa yi mogya nni me so; mo ara monhwɛ!” Ɛno na nnipakuw no bua sɛ: “Ne mogya mmra yɛn ne yɛn mma atifi.”

Enti, sɛnea ɛne wɔn abisade no hyia no—na esiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea nnipakuw no hwehwɛ sen sɛ ɔbɛyɛ nea onim sɛ ɛteɛ nti—Pilato gyaa Baraba ma wɔn. Ɔfa Yesu na ɔma wɔworɔw ne ntade na afei wɔka no mpire. Ná eyi nyɛ ɔhwe biara kɛkɛ. The Journal of the American Medical Association kyerɛkyerɛ mpire a na Romafo ka no mu sɛ:

“Ná ade a wɔtaa de di dwuma ne abaa tiatiaa bi (flagrum anaa Flagellum) a ɛyɛ aboa nhoma hama mmiako mmiako anaasɛ wɔanwene, a ɛsono ebiara tenten, na dade anaa oguan nnompe a ano yɛ nnam bobɔ ho. . . . Bere a Roma asraafo no kɔ so de bɔ nea wɔreka no mpire no akyi denneennen no, nnade no paapae n’akyi, na aboa nhoma ne oguan nnompe no twitwa n’akyi nam. Afei bere a ɔhwe no kɔ so no, nam a ɛtetew no bɛkɔ akodu n’akyi dompe ho, na ama nam a ɛrefi mogya no atetew.”

Ɔhwe yayaw yi akyi no, wɔde Yesu kɔ amrado no aban mu, na wɔfrɛ asraafo kuw no nyinaa behyiam. Ɛhɔ na asraafo no kɔ so yɛ Yesu ayayade bere a wɔnwene nsɔe abotiri na wɔde hyɛ ne ti no. Wɔde demmire hyɛ ne nsa nifa mu na wɔhyɛ no nguguso kɔkɔɔ bi, nea adehye taa hyɛ. Afei wɔka kyerɛ no fɛwdi so sɛ: “Yudafo hene, mmo oo!” Afei nso wɔto ntasu gu no so na wɔbɔ no sotɔre. Wogye demmire no fi ne nsam de paa n’atifi, na ɛma nsɔe a ɛwɔ n’animguase “abotiri” no ho no wowɔ ne ti ase kɔ akyiri.

Yesu anuonyam ne ahoɔden a ɛda nsow wɔ ayayade a wɔyɛ no yi nyinaa akyi no yɛ Pilato fɛ araa ma ɔbɔ mmɔden bio sɛ obegye no. Ɔka kyerɛ nnipakuw no sɛ: “Hwɛ, mede no rebrɛ mo, na moahu sɛ minhu no mu afobusɛm biara.” Ebia osusuw sɛ sɛ wohu sɛnea ayayadeyɛ ama Yesu tebea ayɛ a, ebedwudwo wɔn koma. Bere a Yesu gyina nkurɔfokuw a wonni ahummɔbɔ no anim, na ɔhyɛ nsɔe abotiri ne nguguso kɔkɔɔ no, a wohu ɛyaw nka a ɔte wɔ n’anim a ɛretu mogya no mu no, Pilato teɛm sɛ: ‘Hwɛ! ɔbarima no ni!’

Ɛwom sɛ wɔahwe no apirapira no de, nso abakɔsɛm nyinaa mu onipa a ɔda nsow sen biara na ogyina hɔ yi, nokwarem no, onipa kɛse a ɔsen biara a watra ase pɛn! Yiw, Yesu da kommyɛ ne anuonyam a ɛma wohu kɛseyɛ bi a na ɛsɛ sɛ Pilato mpo gye tom no adi, efisɛ ɛda adi sɛ ne nsɛm a ɔkae no fi obu ne mmɔborɔhunu a adi afra mu. Yohane 18:39–19:5; Mateo 27:15–17, 20–30; Marko 15:6–19; Luka 23:18–25.

▪ Ɔkwan bɛn so na Pilato bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔagyaa Yesu?

▪ Ɔkwan bɛn so na Pilato bɔ mmɔden sɛ obeyi asodi afi ne ho so?

▪ Dɛn na ɛwɔ mpire a wɔka obi no mu?

▪ Ɔkwan bɛn so na wodi Yesu ho fɛw bere a wɔaka no mpire akyi no?

▪ Mmɔden bɛn na Pilato bɔ bio na ama wagyaa Yesu?