Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kokoam Akwantu a Wɔde Kɔ Yerusalem

Kokoam Akwantu a Wɔde Kɔ Yerusalem

Ti 65

Kokoam Akwantu a Wɔde Kɔ Yerusalem

ƐYƐ 32 Y.B. ofupɛ bere, na Asesebɔ Afahyɛ no abɛn. Na Yesu yɛ ne som adwuma no wɔ Galilea titiriw fi 31 Y.B. Twam afahyɛ bere a Yudafo no bɔɔ mmɔden sɛ wobekum no no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ, efi saa bere no Yudafo afe biara afahyɛ abiɛsa no nkutoo ase na Yesu kɔ wɔ Yerusalem.

Afei Yesu nuanom ka kyerɛ no sɛ: “Fi ha kɔ Yudea.” Yerusalem ne Yudea kuropɔn ne ɔman mũ no nyinaa beae a wɔsom titiriw. Ne nuanom no ka sɛ: “Obi nyɛ biribi kokoam nhwehwɛ sɛ wobehu no pefee.”

Ɛwom sɛ Yakobo, Simon, Yosef ne Yuda nnye nni sɛ wɔn nua panyin, Yesu, ne Mesia no ankasa de, nanso wɔpɛ sɛ ɔyɛ n’anwonwade no kyerɛ wɔn a wɔahyia wɔ afahyɛ no ase nyinaa. Nanso, na Yesu nim asiane a ɛwɔ hɔ no. Ɔka sɛ: “Wiase ntumi ntan mo; na me na ɛtan me, efisɛ midi adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.” Enti Yesu ka kyerɛ ne nuanom no sɛ: “Mo de, monkɔ afahyɛ yi ase. Me de, minnya menkɔɔ afahyɛ yi ase.”

Wodi Asese Afahyɛ no nnanson. Da a ɛto so awotwe no wɔyɛ ɔsom mu nneyɛe de wie. Afahyɛ no yɛ kuayɛ afe no awiei na ɛyɛ anigye kɛse ne aseda bere. Wɔ Yesu nuanom ne akwantufo kuw no kɔ akyi nna pii no, ɔne n’asuafo no kɔ hɔ kokoam, wɔmma obiara nhu wɔn. Wɔfaa ɔkwan a ɛnam Samaria no mmom, ɛnyɛ nea nnipa pii fa so a ɛbɛn Yordan Asubɔnten no.

Esiane sɛ na Yesu ne n’ahokafo no behia dabere wɔ Samariafo akuraa bi ase nti, ɔma asomafo di wɔn anim kɔyɛ ho nhyehyɛe. Nanso nnipa no mpɛ sɛ wɔyɛ biribiara ma Yesu bere a wohui sɛ ɔrekɔ Yerusalem no. Yakobo ne Yohane de abufuw bisa sɛ: “Awurade, wopɛ sɛ yɛka na ogya fi soro bɛhyew wɔn?” Yesu ka wɔn anim wɔ ade a ɛte saa ho nyansahyɛ no nti, na wɔtoa so kɔ akuraa foforo ase.

Bere a wɔnam ɔkwan so rekɔ no, ɔkyerɛwfo bi ka kyerɛ Yesu sɛ: “Awurade, baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi.” Yesu bua sɛ: “Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw; na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.” Yesu kyerɛ sɛ ɔkyerɛwfo no bɛyɛ N’akyidini a, obehu amane. Ebia na nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔkyerɛwfo no rentumi mmrɛ ne ho ase mma asetra a ɛte saa.

Yesu ka kyerɛ ɔbarima foforo sɛ: “Di m’akyi!” Ɔbarima no bua sɛ: “Ma me kwan na minkosie m’agya ansa.” Yesu bua sɛ: “Ma awufo nsie wɔn awufo, na wo de, kɔ na kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm!” Ɛda adi sɛ na ɔbarima no agya nwui ɛ, efisɛ sɛ wawu a, anka entumi nyɛ yiye sɛ ne ba no wɔ ɛhɔ retie Yesu. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔbabarima no resrɛ kwan a ɔde bɛtwɛn n’agya wu. Onsiesiee ne ho sɛ ɔde Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ nea edi kan wɔ n’asetra mu.

Bere a wɔrebɛn Yerusalem no, ɔbarima foforo ka kyerɛ Yesu sɛ: “Awurade, medi w’akyi, na ma me kwan na menkɔkra me fifo ansa.”

Yesu bua no sɛ: “Obi a ɔde ne nsa koso fɛtɛw ade mu na ɔhwɛ n’akyi no mfata Onyankopɔn ahenni mu.” Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛyɛ Yesu asuafo no de wɔn ani si Ahenni no ho adwumayɛ so. Te sɛ nea sɛ obi a ofuntum no anhwɛ n’anim tee a fɛtɛw ade no bɛkyea no, saa ara na obi a ɔsan hwɛ nneɛma nhyehyɛe dedaw yi wɔ n’akyi no bɛwatiri afi ɔkwan a ɛde kɔ daa nkwa mu no so. Yohane 7:2–10; Luka 9:51–62; Mateo 8:19–22.

▪ Henanom ne Yesu nuanom, na wɔte nka dɛn wɔ ne ho?

▪ Dɛn nti na Samariafo no bɔ ayammɔnwene, na dɛn na Yakobo ne Yohane pɛ sɛ wɔyɛ?

▪ Nkɔmmɔ abiɛsa bɛn na Yesu bɔ wɔ ɔkwan no so, na ɔkwan bɛn so na osi ahofama mu a wobefi asom so dua?