Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristo Hyɛn Yerusalem Nkonimdi So

Kristo Hyɛn Yerusalem Nkonimdi So

Ti 102

Kristo Hyɛn Yerusalem Nkonimdi So

ADE kyee Kwasida anɔpa, Nisan 9 no, Yesu ne n’asuafo no fi Betania na wɔkɔforo Ngo Bepɔw no kɔ Yerusalem. Ankyɛ biara, wɔbɛn Betfage a ɛda Ngo Bepɔw no so no. Yesu ka kyerɛ n’asuafo no mu baanu sɛ:

“Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na ntɛm ara mubehu afurum a wɔasa no ne ne ba; monsan wɔn mfa wɔn mmrɛ me! Na sɛ obi ka asɛm bi kyerɛ mo a, monka sɛ: Wɔn ho hia Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode wɔn aba.”

Ɛwom sɛ mfiase no asuafo no nhu sɛ ahyɛde ahorow yi fa Bible nkɔmhyɛ mmamu ho de, nanso akyiri yi wohu sɛ ɛfa ho. Odiyifo Sakaria hyɛɛ nkɔm sɛ Onyankopɔn Hene a wɔahyɛ ne ho bɔ no bɛtra afurum so, yiw, “afurum a ɔsoa nnosoa ba so” ahyɛn Yerusalem. Ɔhene Salomo traa afurum ba so saa ara bere a wɔsraa no no.

Bere a asuafo no du Betfage na wɔfa afurum ba no ne ne nã no, wɔn a wogyina hɔ no mu bi ka sɛ: “Mosan afurum ba no ayɛ dɛn?” Nanso bere a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔde mmoa no rekɔma Awurade no, mmarima no ma asuafo no de wɔn kɔma Yesu. Asuafo no de wɔn ntama gu afurum no ne ne ba no so, nanso Yesu tra afurum ba no so.

Bere a Yesu rebɛn Yerusalem no, nkurɔfokuw no yɛ pii. Nnipa no mu bebree de wɔn ntama sesɛw kwan no mu na ebinom bubu nnubaa na wɔde sɛw fam. Wɔteɛm sɛ: “Nhyira ne ɔhene a ɔnam [Yehowa] din mu reba no! Asomdwoe wɔ ɔsoro, na anuonyam wɔ ɔsorosoro nohɔ.”

Nea wɔka no ma Farisifo bi a wɔka nkurɔfokuw no ho bo fuw na wɔka kyerɛ Yesu sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, ka w’asuafo no anim!” Nanso Yesu bua wɔn sɛ: “Mise mo sɛ: Eyinom mua wɔn ano a, anka abo mpo bɛteɛm.”

Bere a Yesu rebɛn Yerusalem no, ɔhwɛ kurow no na ofi ase su sɛ: “Sɛ wo nso anka ɛnnɛ wunim nea ɛfa asomdwoe ho ɛ!—Nanso afei, wɔde ahintaw wo.” Esiane sɛ Yerusalem fi ne pɛ mu yɛ asoɔden nti, ɛsɛ sɛ ohu so amane sɛnea Yesu ka sie yi:

“W’atamfo [Romafo a Ɔsahene Tito di wɔn anim] betwa wo ho ka, na wɔatwa wo ho kɔntɔnkrɔn, na wɔaka wo ahyem baabiara, na wɔadwiriw wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennyaw wo mu bo ɔbo so.” Yerusalem sɛe a Yesu hyɛɛ ho nkɔm yi baa mu ankasa wɔ mfe 37 akyi wɔ afe 70 Y.B. mu.

Ná nkurɔfokuw no mu pii ahu sɛ Yesu anyan Lasaro adapɛn kakraa bi a atwam no mu. Afei eyinom ka anwonwade no kyerɛ afoforo. Enti bere a Yesu hyɛn Yerusalem no, kurow no nyinaa yɛ bagyabagya. Nnipa no bisa sɛ: “Ɛhena ni?” Na nkurɔfokuw no kɔ so ka sɛ: “Oyi ne Yesu, odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galilea no.” Farisifo no hu nea asi no na wohu sɛ wontumi nyɛ ho hwee efisɛ wɔka sɛ: “Hwɛ, wiase atu adi n’akyi.”

Yesu kɔ asɔrefi hɔ kɔkyerɛkyerɛ sɛnea ɔkɔ Yerusalem a ɔtaa yɛ no. Ɛhɔ na anifuraefo ne mpakye ba ne nkyɛn na ɔsa wɔn yare! Bere a asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo no hu anwonwade ahorow a Yesu yɛ no na wɔte sɛ mmarimaa a ɛwɔ asɔrefi hɔ teɛm sɛ: “Hosiana Dawid ba!” no, wɔn bo fuw. Wɔka sɛ: “Wote nea eyinom se yi?”

Yesu bua sɛ: “Yiw. Monkanee pɛn sɛ: Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu anom na woasiesie ayeyi, anaa?”

Yesu toa so kyerɛkyerɛ, na ɔhwɛ nneɛma a ɛwɔ asɔrefi hɔ no nyinaa. Ankyɛ ade sã. Enti ɔne 12 no fi hɔ kɔ Betania a ɛbɛyɛ sɛ akwansin 2 no. Ɔda hɔ Kwasida, ɛda adi sɛ n’adamfo Lasaro fi. Mateo 21:1–11, 14–17; Marko 11:1–11; Luka 19:29–44; Yohane 12:12–19; Sakaria 9:9.

▪ Bere bɛn na ɔkwan bɛn so na Yesu hyɛn Yerusalem te sɛ Ɔhene?

▪ Ɔkwan bɛn so na ɛho hia sɛ nkurɔfokuw no kamfo Yesu?

▪ Bere a Yesu du Yerusalem no ɔte nka dɛn, na nkɔm bɛn na ɔhyɛ?

▪ Bere a Yesu kɔ asɔrefi hɔ no, dɛn na esi?