Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mateo Frɛ

Mateo Frɛ

Ti 27

Mateo Frɛ

BERE a Yesu sa obubuafo no yare akyi bere tiaa bi no, ofi Kapernaum kɔ Galilea Po no ano. Nkurɔfokuw ba ne nkyɛn bio, na ofi ase kyerɛkyerɛ wɔn. Bere a ɔtoa ne nantew no so no, ohu Mateo a wɔsan frɛ no Lewi no sɛ ɔte atowgyei. Yesu to nsa frɛ no sɛ: “Di m’akyi.”

Ɛbɛyɛ sɛ Mateo nim Yesu nkyerɛkyerɛ dedaw te sɛ Petro, Andrea, Yakobo ne Yohane bere a wɔfrɛɛ wɔn no. Na te sɛ wɔn no, Mateo pene ɔfrɛ no so ntɛm ara. Ɔsɔre gyaw n’asɛyɛde ahorow sɛ towgyeni no hɔ na odi Yesu akyi.

Akyiri yi, Mateo tow pon kɛse bi wɔ ne fi, ebia ɔde dii ɔfrɛ no a ɔpenee so no so. Mateo kan nnamfo ka Yesu ne n’asuafo no ho wɔ hɔ. Mmarima yi mfɛfo Yudafo taa bu wɔn animtiaa esiane sɛ wogyigye tow ma Roma aban mpanyimfo a wɔtan wɔn no nti. Afei, wɔtaa gyigye sika a ɛboro tow no so fi nnipa no nkyɛn.

Farisifo no hu Yesu ne nnipa a wɔte saa wɔ apontow no ase, na wobisa n’asuafo no sɛ: “Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo ne towgyefo ne nnebɔneyɛfo didi yi?” Yesu tee asɛm no na obuaa Farisifo no sɛ: “Wɔn a wɔn ho yɛ den no, enhia wɔn ɔyaresafo na wɔn a wɔyare no. Na monkɔ nkosua eyi ase sɛ: Mepɛ mmɔborohunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ treneefo, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo.”

Ɛda adi sɛ, Mateo frɛɛ towgyefo yi baa ne fi na wɔabetie Yesu na wɔanya honhom mu ayaresa. Enti Yesu ne wɔn bɔ na aboa ma wɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa. Yesu mmu nnipa a wɔte saa no animtiaa te sɛ nea Farisifo a wɔyɛ wɔn ho atreneefo no yɛ no. Mmom no, ofi ayamhyehye mu yɛ te sɛ honhom mu ɔyaresafo ma wɔn.

Ayamye a Yesu da no adi wɔ nnebɔneyɛfo ho no nkyerɛ sɛ ɔpene wɔn bɔne ahorow no so na mmom ɛyɛ ayamye koro no ara a ɔda no adi wɔ wɔn a wɔyare honam fam no ho no. Sɛ nhwɛso no, kae bere a ofi ayamhyehye mu teɛɛ ne nsa kaa ɔkwatani no na ɔkae sɛ: “Mepɛ, wo ho mfi!” no. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ ayamye denam nnipa a ahia wɔn a yɛbɛboa wɔn no so, titiriw no sɛ yɛbɛboa wɔn wɔ honhom fam. Mateo 8:3; 9:9–13; Marko 2:13–17; Luka 5:27–32.

▪ Yesu hu Mateo wɔ he?

▪ Adwuma bɛn na Mateo yɛ, na dɛn nti na Yudafo afoforo bu saa nnipa no animtiaa?

▪ Sobo bɛn na wɔbɔ Yesu, na ɔkwan bɛn so na obua?

▪ Dɛn nti na Yesu ne nnebɔneyɛfo bɔ?