Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmɛnnaa ho Bɛ No

Mmɛnnaa ho Bɛ No

Ti 100

Mmɛnnaa ho Bɛ No

EBIA Yesu da so ara wɔ Sakeo fi a ɔrehome wɔ hɔ wɔ Yerusalem kwan so. N’asuafo no susuw sɛ wodu Yerusalem a, ɔbɛka sɛ ɔne Mesia no na ɔde n’ahenni asi hɔ. Yesu bu bɛ bi de teɛ nsusuwii yi, na ɔde kyerɛ sɛ ahenni no da so ara wɔ akyiri.

Ɔka sɛ: “Ɔdehye bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekogye n’ahenni na wasan aba.” Yesu ne “ɔdehye” no na ɔsoro ne “asase bi so akyirikyiri” no. Sɛ Yesu du hɔ a, n’Agya de ahenni tumi bɛma no.

Nanso, ansa na ɔdehye no rekɔ no, ɔfrɛ ne nkoa du na ɔma wɔn mu biara dwetɛ mmɛnnaa na ɔka sɛ: “Monyɛ ho adwuma nkosi sɛ mɛba.” Nkoa du no ankasa ne Yesu tete asuafo no. Sɛ wɔtrɛw mu a, egyina hɔ ma wɔn a wɔne no bedi ade wɔ ɔsoro Ahenni mu no nyinaa.

Dwetɛ mmɛnnaa yɛ sika a ɛsom bo a emu biara bɛyɛ ɔpaani asram abiɛsa akatua. Nanso mmɛnnaa no gyina hɔ ma dɛn? Adwuma bɛn na nkoa no de bɛyɛ?

Mmɛnnaa no yɛ nneɛma a asuafo a wɔde honhom asra wɔn no betumi de adi dwuma na wɔanya ɔsoro Ahenni no adedifo pii kosi bere a Yesu bɛba sɛ Ɔhene wɔ Ahenni a wɔahyɛ ho bɔ no mu. Ne wusɔre ne ne ho adi a oyi kyerɛɛ n’asuafo akyi no, ɔmaa wɔn sɛnkyerɛnne kwan so mmɛnnaa a wɔde bɛyɛ asuafo pii na wɔnam saayɛ so ama ɔsoro Ahenni mufo no adɔɔso.

Nanso Yesu toa so sɛ: “Na [ɔdehye no] ne manfo tan no, na wɔsomaa abɔfo dii n’akyi sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene.” Ɔmanfo no yɛ Israelfo anaasɛ Yudafo no a asuafo no nka ho. Yesu sorokɔ akyi no, Yudafo yi nam n’asuafo no a wɔtaa wɔn no so kyerɛe sɛ wɔmpɛ sɛ odi wɔn so hene. Saa kwan yi so no, wɔyɛɛ te sɛ ɔmanfo a wɔsomaa abɔfo no.

Nkoa no de mmɛnnaa no di dwuma dɛn? Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɛbae sɛ onyaa ahenni no na ɔsan bae no, ɔhyɛe sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na onhu nea obiara adi gua anya. Na nea odi kan no bae bɛkae sɛ: Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa du aka ho. Na osee no sɛ: Wiɛ, akoa pa, sɛ woadi ketewaa mu nokware nti, di kurow du so tumi! Na nea otia abien no bae bɛkae sɛ: Owura wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa anum. Na osee oyi nso sɛ: Wo nso di nkurow anum so!”

Akoa a ɔwɔ mmɛnnaa du no yɛ asuafo kuw bi a efi Pentekoste afe 33 Y.B. mu besi nnɛ a asomafo no ka ho no ho mfonini. Wɔn a wonyaa mmɛnnaa anum no nso gyina hɔ ma kuw bi a wɔ saa bere no ara mu no, hokwan ahorow a wonyae ne sɛnea wɔn ahoɔden betumi no, wɔmaa wɔn hene no nneɛma dɔɔso wɔ asase so no. Akuw abien yi nyinaa de nsi ka ahenni no ho asɛmpa, na nnipa komapafo pii bɛyɛ Kristofo. Nkoa no mu baakron yɛɛ adwuma pa na wɔmaa nea wɔwɔ dɔɔso.

Yesu kɔ so ka sɛ: “Na ɔfoforo ba bɛkae sɛ: Owura, hwɛ, wo bɛnnaa a mede mehyɛɛ dukuu mu no ni. Na misuroo wo, efisɛ woyɛ onipa a woyɛ den, wofa nea womfa ntoo hɔ ɛ, na wutwa nea wungui ɛ. Na osee no sɛ: Akoa bɔne, wo ankasa anom asɛm so na menam mebu wo atɛn. Wunim sɛ me yɛ onipa a meyɛ den na mefa nea memfa mentoo hɔ, na mitwa nea mingui ɛ, na adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea, na meba a, mabegye m’ade ne ɛho mfɛntom? Na osee wɔn a wogyina ho no sɛ: Munnye ne nsam bɛnnaa no, na momfa nkɔma nea ɔwɔ mmɛnnaa du no.”

Wɔ akoa bɔne no fam no, sɛnkyerɛnne kwan so bɛnnaa a ɔhweree no kyerɛ sɛ onnya kwan wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Yiw, sɛnea yɛbɛka no no, ɔhwere hokwan a obenya de adi nkurow du anaa anum so no. Hyɛ no nsow nso sɛ, wɔka sɛ ɔyɛ akoa bɔne a ɛnyɛ bɔne bi na wayɛ na mmom sɛ ɔpowee sɛ ɔbɛyɛ adwuma na ne wura no ahenni mu nneɛma adɔɔso no nti.

Bere a wɔde akoa bɔne no bɛnnaa maa akoa a odi kan no, wɔkasa tia sɛ: “Owura, ɔwɔ mmɛnnaa du!” Nanso Yesu bua sɛ: “Obiara a ɔwɔ no na wɔbɛma no; na nea onni no, nea ɔwɔ po, wobegye ne nsam. Na m’atamfo a wɔmpɛ sɛ midi wɔn so hene no, momfa wɔn mmra ha, na mummekum wɔn m’anim!” Luka 19:11–27; Mateo 28:19, 20.

▪ Dɛn na ɛma Yesu bu mmɛnnaa ho bɛ no?

▪ Hena ne ɔdehye no, na akyirikyiri asase bɛn so na ɔkɔ no?

▪ Henanom ne nkoa no, na mmɛnnaa no gyina hɔ ma dɛn?

▪ Henanom ne ɔmanfo no, na wɔda wɔn tan no adi dɛn?

▪ Dɛn nti na wɔfrɛ akoa biako sɛ akoa bɔne, na ne mmɛnnaa a ɔhweree no kyerɛ dɛn?