Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mpaakyiri wɔ Adiwo Hɔ

Mpaakyiri wɔ Adiwo Hɔ

Ti 120

Mpaakyiri wɔ Adiwo Hɔ

BERE a Yohane ne Petro guan gyaw Yesu wɔ Getsemane turo no mu na wɔne asomafo nkae no de ehu guanee akyi no, wokogyina. Ebia wɔkɔto Yesu sɛ wɔde no rekɔ Hana fie. Bere a Hana ma wɔde no kɔma Ɔsɔfo Panyin Kaiafa no, Petro ne Yohane di wɔn akyi wɔ akyirikyiri, a ebia na wosuro de nanso na nea ɛbɛto wɔn Wura no nso haw wɔn yiye.

Wodu Kaiafa fie a ɛhɔ so no, Yohane tumi kɔ adiwo hɔ, efisɛ ɔsɔfo panyin no nim no. Nanso, ogyaw Petro gyina mfikyiri wɔ ɔpon no ano. Nanso ankyɛ Yohane san ba bɛkasa kyerɛ ɔpon no ano hwɛfo no, afenaa bi, na ɔma Petro kwan ma ɔhyɛn hɔ.

Saa bere yi na awɔw aba na fie hɔ asomfo ne ɔsɔfo panyin no asafohene de gyabiriw asɔ gya. Petro kɔka wɔn ho kɔto bi na ne ho ayɛ no hyew bere a ɔretwɛn nea ebefi Yesu asenni no mu aba no. Wɔ ogya a ɛrehyerɛn no hann mu no, ɔpon ano hwɛfo a wama Petro aba mu no hu no yiye. Ɔteɛm sɛ: “Wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam.”

Esiane sɛ Petro ayɛ basaa esiane sɛ wɔahu no nti, ɔsan wɔ wɔn nyinaa anim sɛ onnim Yesu koraa. Ose: “Minnim na mente nea woka yi ase po.”

Afei Petro fi hɔ kɔ baabi a ɛbɛn ɔpon no. Ɛhɔ no, abeawa foforo hu no, na ɔno nso ka kyerɛ wɔn a wogyinagyina hɔ no sɛ: “Oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam!” Petro de ntam san bio sɛ: “Minnim onipa no.”

Petro tra adiwo hɔ, na ɔbɔ mmɔden biara sɛnea obetumi na wɔanhu no. Ebia saa bere yi akokɔ a ɔbɔn wɔ ahemadakye sum no mu no ma ɔbɔ birim. Saa bere no na wɔredi Yesu asɛm, na na ɛda adi sɛ wɔredi asɛm no wɔ beae bi a ɛkɔ soro wɔ adiwo hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ Petro ne afoforo a wɔretwɛn wɔ ase hɔ no hu akɔneaba a adansefo ahorow a wɔde wɔn ba sɛ wommedi adanse no di no.

Bɛyɛ dɔnhwerew biako atwam bere a wohuu Petro nea etwa to sɛ Yesu yɔnko no. Afei wɔn a wogyinagyina hɔ no mu dodow bi ba ne nkyɛn bɛka sɛ: “Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; na wo kasa nso yi wo adi!” Na kuw no muni biako yɛ Malko a Petro twaa n’aso no busuani. Ose: “Manhu wo ne no turom hɔ?” Petro ka no denneennen sɛ: “Minnim onipa no!” Nokwarem no, ɔka ntam didi nsew de bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔagye adi sɛ wɔn nyinaa adi mfomso, na nokwarem no, na ɔfrɛ bɔne aba ne ho so, sɛ nea na ɔreka no nyɛ nokware a.

Bere a Petro san nea ɛto so abiɛsa yi ara pɛ, akokɔ bɔn. Na saa bere no Yesu a ɛda adi sɛ wabegyina abranaa bi a ɛwɔ adiwo no atifi so no dan ne ho hwɛ no. Ntɛm ara Petro kae nea Yesu kae wɔ nnɔnhwerew kakraa bi a atwam no mu wɔ abansoro dan no mu no: “Akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa.” Esiane sɛ na Petro bɔne no mu duru abubu no nti, ofi adi kosu pii.

Ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi aba? Ɔkwan bɛn so na bere a Petro gye di sɛ ɔwɔ honhom mu ahoɔden akyi no, otumi pa ne Wura no toatoa so ntɛmntɛm mprɛnsa saa? Akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm tebea no maa Petro werɛ fii ne ho. Wokyinkyim nokware no, na wɔde Yesu rekyerɛ sɛ nsɛmmɔnedifo kɛse. Wɔrema nea ɛteɛ ayɛ te sɛ ɛnteɛ, na nea odi bem no adi fɔ. Enti esiane bere no mu nhyɛso horow nti, Petro watiriw. Adwempa a ɔwɔ wɔ nokwaredi ho no sɛe mpofirim; onipa ho suro ma ɔyɛ mmerɛw na ɛma ne werɛ how. Mommma ebi nto yɛn da! Mateo 26:57, 58, 69-75; Marko 14:30, 53, 54, 66-72; Luka 22:54-62; Yohane 18:15-18, 25-27.

▪ Ɔkwan bɛn so na Petro ne Yohane nya kwan kɔ ɔsɔfo panyin no adiwo hɔ?

▪ Bere a Petro ne Yohane wɔ adiwo hɔ no, dɛn na ɛrekɔ so wɔ ofi no mu?

▪ Akokɔ bɔn mpɛn ahe, na mpɛn ahe na Petro san sɛ onnim Yesu?

Dɛn na Petro ntamka ne nsewdi no kyerɛ?

▪ Dɛn na ɛma Petro san sɛ onnim Yesu no?