Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munsiesie Mo Ho Nsie!

Munsiesie Mo Ho Nsie!

Ti 78

Munsiesie Mo Ho Nsie!

BERE a Yesu abɔ nkurɔfokuw no kɔkɔ wɔ anibere ho, na watu n’asuafo no fo wɔ honam fam adedodowpɛ ho akyi no, ɔhyɛ nkuran sɛ: “Kuw ketewa, munnsuro! Efisɛ ɛyɛ mo agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.” Ɔnam saayɛ so da no adi sɛ nnipa kakraa bi (akyiri yi wohu wɔn sɛ wɔyɛ 144,000) pɛ na wɔbɛkɔ Ahenni no mu. Wɔn a wobenya daa nkwa no mu fã kɛse no bɛyɛ Ahenni no asase so nkoa.

Akyɛde a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni, “ahenni no”! Yesu reka ɔkwan a ɛfata a sɛ asuafo no nsa ka a ɛsɛ sɛ wogye tom ho asɛm no, ɔhyɛ wɔn sɛ: “Montɔn nea mowɔ mfa nyɛ adɔe.” Yiw, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ahode ma afoforo nya honhom fam mfaso na ama wɔahyehyɛ “ademude a ɛrensa da ɔsoro.”

Ɛno akyi no Yesu tu n’asuafo no fo sɛ wonsiesie wɔn ho nsie mma ne sanba. Ɔka sɛ: “Mommɔ abɔso na momma mo akanea nnɛw; na monyɛ sɛ nnipa a wɔretwɛn da ko a wɔn wura befi ayeforo ase aba, na sɛ ɔba na ɔbɛpem a, wɔahiɛ no ntɛmntɛm. Nhyira ne nkoa no a owura no ba a, ɔbɛto wɔn sɛ wɔrewɛn. Nokware mise mo sɛ, ɔbɛbɔ ne ho so, na wama wɔatra adidii, na waba abɛsom wɔn.”

Wɔ mfatoho yi mu no, nkoa no ntade a wɔde asi wɔn asen na wɔde hama abɔ mu na wɔkɔ so de akanea a ngo wom pii yɛ wɔn adwuma kosi anadwo bere a wɔn wura asan aba no da wɔn ahosiesie adi. Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: ‘Sɛ owura no ba ɔdasu a ɛto so abien [efi bɛyɛ anadwofã nnɔnkron kosi anadwo dumien] anaasɛ abiɛsa [fi anadwo dumien kosi ahemenakye nnɔnabiɛsa] mu na ɔbɛto wɔn saa a, nhyira ne wɔn!’

Owura no ma ne nkoa no akatua wɔ ɔkwan titiriw bi so. Ɔma wɔtra ɔpon ho na ofi ase som wɔn. Ɔyɛ wɔn te sɛ, wɔnyɛ nkoa na mmom nnamfo anokwafo. Akatua a ɛfata ma wɔn sɛ wɔkɔɔ so yɛɛ adwuma maa wɔn wura anadwo mu nyinaa bere a wɔretwɛn ne ba no bɛn ara ni! Yesu de asɛm no ba awiei sɛ: “Enti mo nso, munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw mu na onipa ba no bɛba.”

Afei Petro bisa sɛ: “Awurade, yɛn nko na wubu yɛn bɛ yi anaasɛ wubu kyerɛ wɔn nyinaa nso?”

Sɛ anka Yesu bebua tee no, ɔyɛ mfatoho foforo. Obisa sɛ: “Hena ne ofiepanyin nokwafo no ne ɔbadwemma a ne wura de no bedi ne fifo so sɛ ɔmma wɔn aduan a ɛyɛ wɔn de bere a ɛsɛ mu? Nhyira ne akoa no a ne wura ba a, obehu no sɛ ɔreyɛ saa. Nokware mise mo sɛ, ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.”

Ɛda adi sɛ “owura no” ne Yesu Kristo. “Ofiepanyin” no yɛ asuafo no nyinaa a wɔka bom sɛ “kuw ketewa” no ho mfonini, na ne “fifo” no nso 144,000 kuw koro no ara a wonya ɔsoro Ahenni no, nanso asɛm yi ma wohu wɔn mu biara adwuma. “Nea ɔwɔ nyinaa” a ofiepanyin nokwafo ne ɔbadwemma no hwɛ so no yɛ owura no asase so nneɛma a Ahenni no nkoa a wɔbɛtra asase so no ka ho.

Yesu toa mfatoho no so na ɔka sɛnea ebia ɛnyɛ ofiepanyin anaasɛ akoa kuw no mufo nyinaa na wobedi nokware no na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na sɛ akoa no se ne koma mu sɛ: Me wura akyɛ ne ba, na ofi ase boro mmofra ne mmaawa no, na odidi na ɔnom bow a, akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwan . . . , wɔbɛhwe no mmaa pii.”

Yesu hu sɛ ne ba no ayɛ bere a ɛyɛ den ama Yudafo no, efisɛ ebinom atie ne nkyerɛkyerɛ ahorow na afoforo apow. Bɛyɛ sɛ nea ɛboro mfe abiɛsa no, ná wɔabɔ no asu wɔ nsu mu, nanso afei de n’asubɔ a ɛde kɔ owu mu no reba awiei, na sɛnea ɔka no: “Me ho hiahia me kosi sɛ wobewie bɔ!”

Bere a Yesu aka eyi akyerɛ n’asuafo no awie no, ɔkasa kyerɛ nkurɔfokuw no bio. Odi sɛnea wɔpow sɛ wobehu onii a ɔyɛ a ɛda adi pefee ne nea ɛkyerɛ no ho yaw. Ɔka sɛ: “Sɛ muhu sɛ osu amuna atɔe fam a, ntɛm ara muse: Osu reba; na ɛba sa. Na muhu sɛ nifa mframa bɔ a, muse: Ahohuru reba; na ɛba mu. Nyaatwomfo! Munim asase ne ɔsoro ani nneɛma asekyerɛ, na adɛn na munhu bere yi nso asekyerɛ?” Luka 12:32–59.

▪ “Kuw ketewa” no mufo no yɛ nnipa ahe, na dɛn na wɔn nsa ka?

▪ Ɔkwan bɛn so na Yesu si sɛnea ɛho hia sɛ ne nkoa siesie wɔn ho sie no so dua?

▪ Wɔ Yesu mfatoho no mu no, henanom ne “owura no,” “ofie panyin” no, “ne fifo,” ne nea “ɔwɔ nyinaa” no?