Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

N’asomafo no Paw

N’asomafo no Paw

Ti 34

N’asomafo no Paw

ƐBƐYƐ sɛ afe ne fã ni a Osuboni Yohane de Yesu kyerɛe sɛ Onyankopɔn Guammaa, na Yesu fii ne baguam ɔsom adwuma no ase. Saa bere no na Andrea, Simon Petro, Yohane ne ebia Yakobo (Yohane nua), ne afei Filipo ne Natanael (wɔsan frɛ no Bartolomeo), abɛyɛ n’asuafo a wodi kan. Bere bi akyi no, nnipa pii bɛka wɔn ho ma wodi Kristo akyi.

Afei Yesu ayɛ krado sɛ ɔbɛpaw n’asomafo. Eyinom bɛyɛ n’ayɔnkofo a ɔbɛma wɔn ntetee titiriw bi. Nanso ansa na Yesu paw wɔn no, ɔkɔ bepɔw so kɔbɔ mpae anadwo mũ nyinaa a akyinnye biara nni ho sɛ obisa nyansa ne nhyira fi Onyankopɔn nkyɛn. Bere a ade kye no, ɔfrɛ n’asuafo no na ɔpaw wɔn mu 12. Nanso, esiane sɛ Yesu kɔ so kyerɛ wɔn ade nti, wɔda so ara frɛ wɔn nso sɛ asuafo.

Asia a Yesu paw wɔn a wɔn din wɔ atifi hɔ no na wɔbɛyɛɛ n’asuafo a wodi kan. Yesu paw Mateo a ɔfrɛɛ no fii atowgyei no nso. Anum afoforo a ɔpaw wɔn no ne Yuda (wɔsan frɛ no Tadeo), Yuda Iskariot, Kanani Simon, Toma ne Alfeo ba Yakobo. Wɔfrɛ Yakobo yi nso sɛ Yakobo Kumaa ebia esiane sɛ na ɔyɛ onipa ketewa anaasɛ na ɔyɛ abofra sen ɔsomafo Yakobo foforo no nti.

Ebedu saa bere yi no na 12 yi ne Yesu anantew kakra ma onim wɔn yiye. Nokwarem no, wɔn mu binom yɛ n’ankasa abusuafo. Ɛda adi sɛ na Yakobo ne ne nua Yohane yɛ ne nã nua mma. Na ebetumi aba sɛ Alfeo yɛ Yesu asase so agya Yosef nua. Enti Alfeo ba, ɔsomafo Yakobo, bɛyɛ Yesu n’agya nua ba.

Nokwarem no ɛnyɛ den mma Yesu sɛ ɔbɛkae n’asomafo no din. Nanso so wubetumi akae? Wiɛ, kae sɛ wɔn mu baanu de Simon, baanu de Yakobo na baanu de Yuda, ne sɛ Simon wɔ nua a ɔde Andrea, ne sɛ Yakobo nua ne Yohane. Ɛno yɛ nea wubetumi de akae asomafo no mu baawɔtwe. Baanan a wɔaka no ne towgyeni (Mateo), nea akyiri yi ogyee akyinnye (Toma), nea na ɔte dua ase a wɔfrɛɛ no (Natanael) ne n’adamfo Filipo.

Asomafo no mu dubiako fi Galilea, Yesu mansin mu. Natanael fi Kana. Filipo, Petro ne Andrea kurom ankasa ne Betsaida, akyiri yi Petro ne Andrea kɔtra Kapernaum a ɛda adi sɛ ɛhɔ na Mateo te no. Na Yakobo ne Yohane yɛ apofofo, na ebia na wɔte Kapernaum anaa beae bi a ɛbɛn hɔ. Ɛte sɛ nea Yuda Iskariot a akyiri yi oyii Yesu mae no nkutoo ne ɔsomafo a ofi Yudea. Marko 3:13-19; Luka 6:12-16.

▪ Asomafo no mu henanom na ɛbɛyɛ sɛ na wɔyɛ Yesu abusuafo?

▪ Henanom ne Yesu asomafo no, na ɔkwan bɛn so na wubetumi akae wɔn din?

▪ Amansin bɛn mu na asomafo no fi?