Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ne Ho Asɛm Titiriw na Wɔka

Nea Ne Ho Asɛm Titiriw na Wɔka

Ti 41

Nea Ne Ho Asɛm Titiriw na Wɔka

WƆTOW pon maa Yesu wɔ Simon fi akyi bere tiaa no, ofi Galilea asɛnka ɔsatu a ɛto so abien ase. Wɔ n’asasesin no mu ɔsatu a edi kan no mu no, na n’asuafo a wodi kan Petro, Andrea, Yakobo ne Yohane ka ne ho. Nanso afei de, asomafo 12 no ne mmea binom ne no kɔ. Eyinom ne Maria Magdalene, Susana ne Yohana a ne kunu yɛ Ɔhene Herode fiepanyin no.

Bere a Yesu som adwuma no mu kɔ so yɛ den no, na ne dwumadi ho nsɛm a wɔkeka no dɔɔso. Wɔde ɔbarima bi a ɔwɔ adaemone na ɔyɛ onifuraefo ne mum brɛ Yesu. Bere a Yesu sa no yare, na adaemone no fi ne so na otumi kasa na ohu ade no, nkurɔfokuw no ho dwiriw wɔn pii. Wofi ase ka sɛ: “Ɛnyɛ Dawid ba no ni?”

Nnipadɔm twa ofi a Yesu ne n’asuafo wom no ho hyia araa ma wontumi nnidi mpo. Wɔn a wɔka sɛ ebia ɔne “Dawid ba” a wɔahyɛ ne ho bɔ no mu binom yɛ kyerɛwfo ne Farisifo a wɔafi Yerusalem aba sɛ wɔbɛkasa atia no. Bere a Yesu abusuafo te ne ho nsɛm pii no, wɔba sɛ wɔbɛfa no akɔ. Dɛn ntia?

Wiɛ, Yesu nuanom no mpo nnya nnye nnii sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ba. Afei, hooyɛ ne basabasayɛ a wama aba ɔman no mu no nyɛ Yesu a wonim no bere a ɔrenyin wɔ Nasaret no suban. Enti wosusuw sɛ Yesu adwene asɛe. Wɔka sɛ, “Ne tirim ka no,” enti wɔpɛ sɛ wɔkyere no na wɔde no kɔ.

Nanso na ɛyɛ nokware sɛ Yesu saa ɔbarima a ɔwɔ adaemone no yare. Kyerɛwfo ne Farisifo no nim sɛ wontumi nnye eyi ho akyinnye. Enti nea ɛbɛyɛ na wɔagu Yesu anim ase no, wɔka kyerɛ nnipa no sɛ: “Ahonhommɔne panyin Beelsebul nko so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.”

Yesu nim kyerɛwfo ne Farisifo no adwene nti, ɔfrɛ wɔn na ɔka sɛ: “Ahenni biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no dan amamfo; na kurow anaa ofi biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no rennyina. Na sɛ Satan tu Satan a, na ɔne ne ho di mpaapaemu; na ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina?”

Hwɛ sɛnea ntease wɔ eyi mu! Esiane sɛ Farisifo no ka sɛ wɔn mu binom tumi tu ahonhommɔne nti, Yesu bisa sɛ: “Sɛ mede Beelsebul na etu ahonhommɔne a, na mo mma de hena na etu wɔn?” Wɔ ɔkwan foforo so no sobo a wɔde bɔ Yesu no fa wɔn ho nso. Afei Yesu bɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ mede Onyankopɔn honhom na etu ahonhommɔne a, ɛnde na mo ne Onyankopɔn ahenni no abɔ nsianeho.”

Yesu yɛ ahonhommɔne a otu wɔn a ɛyɛ tumi a ɔwɔ wɔ Satan so ho adanse no ho mfatoho sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na obi betumi akɔ ɔhoɔdenfo fi akɔfow n’afide, gye sɛ odi kan kyekyere ɔhoɔdenfo no ansa na wafow ne fi. Nea ɔnka me ho no, na ɔne me anya; na nea ɔne me mmoaboa ano no, na ɔhwete mu.” Ɛda adi sɛ Farisifo no sɔre tia Yesu de kyerɛ sɛ wɔyɛ Satan adwumayɛfo. Wɔhwete Israelfo no fi ne ho.

Enti, Yesu bɔ Satan adwumayɛfo asɔretiafo yi kɔkɔ sɛ “honhom ho abususɛm de, wɔremfa mfiri.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea ɔbɛkasa atia onipa ba no, wɔde befiri no; na nea ɔbɛkasa atia honhom kronkron de, wɔremfa mfiri no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.” Kyerɛwfo ne Farisifo yi ayɛ bɔne a wɔmfa mfiri denam atoro a wodi ka sɛ anwonwade a efi Onyankopɔn honhom kronkron dwumadi no fi Satan no so. Mateo 12:22-32, New World Translation; Marko 3:19-30; Yohane 7:5.

▪ Ɔkwan bɛn so na ɛsono Yesu ɔsatu a ɛto so abien wɔ Galilea no wɔ nea edi kan no ho?

▪ Dɛn nti na Yesu abusuafo pɛ sɛ wɔkyere no kɔ?

▪ Ɔkwan bɛn so na Farisifo bɔ mmɔden sɛ wobebu Yesu animtiaa wɔ n’awonwade ahorow no ho na ɔkwan bɛn so na Yesu ma wɔn nsɛm no yɛ atoro?

▪ Dɛn na saa Farisifo no di ho fɔ, na dɛn ntia?